MASS READINGS (TWI)AWURADE MMAE BERE KWASIDA A ETO SO MMIENU AFE A(SECOND SUNDAY OF ADVENT YEAR A). By: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku.

MASS READINGS (TWI)AWURADE MMAE BERE KWASIDA A ETO SO MMIENU AFE A(SECOND SUNDAY OF ADVENT YEAR A). By: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku.

AKENKAN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Odiyifoɔ Yesaia Nhoma no mu 11:1-10

Duforɔ bi bɛfifi afiri Yisai dunsini no mu, na duban afiri ne nhini mu aso aba. Na Awurade honhom bɛsi ne so, nyansa ne nhunumu honhom, afotuo ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne Awurade suro honhom. Na Awurade suro bɛyɛ no hwam.

Na ɛnyɛ nea n’ani hunu so na ɔbɛbu atɛn, na ɛnyɛ deɛ n’aso teɛ so na ɔbɛdi asɛm, na trenee na ɔde bɛbu atɛn ama mmɔborɔni, na ɔde asɛntenenee adi ama asase so amanehunufoɔ; na ɔde n’anomu abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anomu honhom akum ɔbɔnefoɔ; na tenenee bɛyɛ n’asene mu abɔsoɔ, na nokorɛdie ayɛ n’akwaa mu aboomu. Ɛnna ɛserɛ so kraman ne odwanten ba bɛtena, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwie ba ne gyata ba ne nantwie a wadorɔ bɛtena faako, na abɔfra ketewa aka wɔn. Nantwibereɛ ne sisire bɛbom adidi na wɔn mma ada faako, na gyata awe wira sɛ nantwie.

Akɔkoaa bɛgoro ahuritia amena ano, na deɛ watwa nufoɔ atene ne nsa aka ɔkyerebene bɔn. Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe adeɛ bio, me bepɔ kronkron no nyinaa so, na Awurade ho nimdeɛ bɛyɛ asase ma, sɛ nsuo kata po soɔ no.

Na da no, Yisai nhini mu duforɔ a ɛsi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyiri kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne homebea bɛyɛ animuonyam.

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 71(72):1-2, 7-8, 12-13, 17. G. 7
G/: Ɔteneneeni bɛsi frɔmm ne berɛ so ne asomdwoeɛ nbroso daa.

  1. Onyankopɔn, fa w’atemmuo ma ɔhene,
    ne wo trenee ma ɔhene ba.
    Ma no mfa tenenee nni wo man so,
    na ɔmfa atemmuo nhwɛ w’amanehunufoɔ. G/.
  2. Ɔteneneeni bɛsi frɔmm ne berɛ so,
    na asomdwoeɛ pii bɛba akɔduru sɛ ɔsrane nni hɔ bio.
    Ɔbɛdi hene afiri po so akɔsi po so,
    de afiri asubɔnten no so akɔsi asase ano. G/.

3 Na ɔbɛgye ohiani a ɔsu frɛ no,
ne ɔmanehunufoɔ a ɔnni boafoɔ.
Ɔbɛkora ɔbrɛfoɔ ne ohiani,
na wagye ahiafoɔ nkwa. G/.

  1. Ne din bɛtena hɔ daa,
    na owia wɔ hɔ yi ne din asi so,
    na nnipa de no ahyira wɔn ho,
    na amanaman nyinaa ahyira no. G/.

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paulo Nhoma a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no mu 15:4-9

Anuanom, biribiara a wɔatwerɛ ato hɔ no, wɔatwerɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne twerɛ nsɛm no mu awerɛkyekyerɛ so nnya anidasoɔ. Na boasetɔ ne awerɛkyekyerɛ Nyankopɔn mma monnwene adeɛ korɔ wɔ mo mu, sɛneɛ Kristo Yesu kwan teɛ no, na mode akoma korɔ ne anokorɔ ahyɛ Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya, animuonyam.

Enti monnye mo ho mo ho, sɛneɛ Kristo nso agye yɛn ama Onyankopɔn animuonyam no. Na mese: Kristo ayɛ twetiatwafoɔ somfoɔ de akyerɛ Nyankopɔn nokorɛ sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a wɔahyehyɛ agyanom no mu den; na Nyankopɔn mmɔborɔhunu nti amanaman mufoɔ ahyɛ no animuonyam, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Yei nti mɛkamfo wo amanaman mu, na mato dwom ama wo din.

Nea Nyame se ni.

Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation)
Alleluia! Alleluia! Luka 3:4, 6
Munsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn nteɛ! Na ɔhonam nyinaa behu Nyankopɔn nkwagye.
Alleluia! Alleluia!

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo Kyerɛw mae 3:1-12

Nna no mu no, Yohane Osuboni no ba bɛkaa asɛm wɔ Yudea serɛ so sɛ: “Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn”. Na oyi ne deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ: “Obi nne reteam wɔ ɛserɛ so sɛ: Monsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn ntene!

Nso na Yohane fira ntoma a wɔde yoma nwi na ayɛ, na nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na n’aduane ne ntutummɛ ne wiram woɔ. Ɛnna Yerusalemfoɔ ne Yudeafoɔ nyinaa ne Yordan ho asase nyinaa sofoɔ firi kɔɔ ne nkyɛn; na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.

Na Yohane hunuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no mu bebree sɛ wɔreba asubɔ no ho no, ɔsee wɔn sɛ: Nhuritia mma! Hena na ɔkyerɛɛ mo sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho? Ɛnneɛ monso aba a ɛkyerɛ adwensakyera. Na monnsusu nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham. Nanso wɔde akuma no ato nnua no nhini ho dada; enti dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa ato ogya mu.

Me deɛ, mebɔ mo asu wɔ nsuo mu kɔ adwensakyera mu, na deɛ ɔdi m’akyi reba no deɛ, ɔkorɔn kyɛn me; na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu. Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra aporoeɛ hɔ fitaa. Ɔbɛboaboa n’ayuo ano akɔgu san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye.

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *