AKENKAN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenken a efiri Sakaria nhoma no mu 9:9-10
Di ahurisie pii, Sion babaa, huro, Yerusalem babaa! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtene, na ɔwɔ nkwagyeɛ; ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumuburuwa a ɔyɛ afunumubereɛ ba so. Na mɛtwitwa nteaseɛnam afiri Efraim, ne apɔnkɔ nso afiri Yerusalem, na wɔatwa akodie tadua nso; na ɔbɛka ɔmannwoeɛsɛm akyerɛ amanaman, na n’ahennie bɛfiri ɛpo so akɔ ɛpo so, na afiri asuo ano akɔsi asase awieeɛ.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Dwom (Responsorial Psalm) Nnwom 144(145):1-2, 8-9., 10-11, 13-14. G/. 1
G: Mɛyi wo din ayɛ daa, me Nyankopɔn ne me Hene.
- Mɛma wo so, me Nyankopɔn, ɔhene,
na mɛhyira wo din daa daa.
Mɛhyira wo daa nyinaa,
na mɛyi wo din ayɛ daa daa. G/. - Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ,
ne bo kyɛre fu na n’adɔeɛ so.
Awurade yɛ ma nnipa nyinaa,
na ne mmɔborɔhunu wɔ ne nnwuma nyinaa so. G/. - Awurade, wo nnwuma nyinaa da wo ase,
na w’ahotefoɔ hyira wo.
Wɔka w’ahennie animuonyam,
na wɔbɔ wo mmaninyɛ din. G/. - W’ahennie yɛ daa ahennie,
na wo tumidie fa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
Awurade wowa wɔn a wɔhwe aseɛ nyinaa,
na ɔma wɔn a wɔakotoɔ nyinaa so gyina. G/.
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht Paulo Nhoma a ɔkyerɛw kɔmaa Romafoɔ no mu 8:9. 11-13
Anuanom, wɔn a wɔwɔ honam mu no ntumi nsɔ Nyankopɔn ani. Na mo deɛ, monni honam mu, na mmom mowɔ honhom mu, nanso gye sɛ Nyankopɔn honhom te mo mu. Na sɛ obi nni Kristo honhom a, ɔnyɛ ne dea.
Na sɛ deɛ ɔnyanee Yesu firii awufoɔ mu no Honhom te mo mu a, deɛ ɔnyanee Kristo Yesu firii awufoɔ mu no bɛma mo nipadua a ɛwuo yi nso nkwa, ɛnam ne honhom a ɛte mo mu no so. Enti afei, anuanom, ɛnyɛ honam na yɛde no ka na yɛatena ase honam fam. Na sɛ mote ase honam fam a, mobɛwu; na sɛ monam honhom no mu kum nipadua no nneyɛɛ a, mobɛtena ase.
Nea Nyame se ni.
AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! Mateo 11:25
Agya, ɔsoro ne asase wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa.
Alleluia! Alleluia!
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo Kyerɛw mae 11:25-30
Me kɔnnua yɛ mmerɛ, na m’adesoa yɛ hare.
Saa berɛ no ara mu Yesu kaa sɛ: “Agya, ɔsoro ne asase wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa. Aane, Agya, saa na ɛyɛ anisɔ w’anim. M’agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no, na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no. Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome. Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ɔhome ama mo kra. Na me kɔnnua yɛ mmerɛ, na m’adesoa yɛ hare.”
Nea Awurade se ni.
