KWASIADA ƐTO SO DUNSON WO AFE NO MU, AFE A (SEVENTEENTH SUNDAY IN ORDINARY TIME, YEAR A). Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku.

KWASIADA ƐTO SO DUNSON WO AFE NO MU, AFE A (SEVENTEENTH SUNDAY IN ORDINARY TIME, YEAR A). Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku.

AKENKAN A ƐDI KAN (FIRST READING)
Akenken a efiri Ahemfo nhoma a ɛdikan no mu 3:5, 7-12

Na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo anadwo daeɛ mu wɔ Gibeon, na Onyankopɔn kaa sɛ: “Srɛ deɛ menyɛ mma woɔ.”

Na Salomo se: “O Awurade me Nyankopɔn, wo na woasi w’akoa ɔhene asi m’agya Dawid ananmu, na me deɛ, meyɛ abɔfra ketewa, mennim adifire ne emuba. Na w’akoa wɔ wo man a woayi wɔn, ɔman kɛseɛ a wɔn dodoɔ nti wɔntumi nkan wɔn mmu wɔn ano no mu. Enti ma w’akoa nteaseɛ adwene na memfa memmu wo man atɛn, na menhunu papa ne bɔne mu, na hwan na ɔbɛtumi abu wo man kɛseɛ yi atɛn?”

Na ɛsɔɔ Awurade ani, sɛ Salomo abisa asɛm yi. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛsiane sɛ wobisaa asɛm yi, na woammisa nna dodoɔ amfa, na woammisa ahonyadeɛ amfa, nso woammisa w’atamfo nkwa, na mmom wobisa nhunumu, a wode bɛtie atemmuo yi, hwɛ, mayɛ sɛdeɛ w’asɛm no seɛ. Hwɛ, mama wo nyansa ne nhunumu adwene a obiara a ɔdii w’anim nte sɛ woɔ, na w’akyiri nso, obiara rensɔre a ɔsɛ woɔ.”

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 118(119):57, 72, 76-77, 127-128, 129-130. G/. 97a
G: Awurade, medɔ wo mmara

  1. Awurade, me kyɛfa ne wo,
    maka sɛ mɛdi wo nsɛm so.
    W’anomu mmara yɛ ma me
    sene sika ne dwetɛ mpempem. G/.
  2. Ma w’adɔeɛ nyɛ me awerɛkyekyerɛ ɛ
    sɛdeɛ wokaa w’akoa no.
    Ma wo mmɔborɔhunu mmra me so na mennya nkwa,
    na wo mmara ne m’anika. G/.
  3. Enti medɔ wo mmara nsɛm.
    sene sika kɔkɔɔ ne amapa.
    Enti mebu ade nyinaa mu nsiesieeɛ nyinaa sɛ ɛtene,
    metane nkontompo kwan nyinaa. G/.
  4. W’adansesɛm yɛ nwanwa,
    enti na me kra di soɔ.
    Wo nsɛm mu bue ma hann,
    ɛma nkwaseafoɔ hunu nyansa. G/.

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht Paulo Nhoma a ɔkyerɛw kɔmaa Romafoɔ no mu 8:28-30

Anuanom, yɛnim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, adeɛ nyinaa di boa wɔn ma no wie wɔn yie, wɔn a wɔnam ne tirimbɔ no so afrɛ wɔn no. Na wɔn a ɔhunuu wɔn sieeɛ no, wayi wɔn ato hɔ nso, sɛ wɔnsɛ ne ba no suban, na wayɛ anuanom pii mu abakan. Na wɔn a ɔyii wɔn too hɔ no, wafrɛ wɔn nso; na wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wabu wɔn bem nso, na wɔn a ɔbuu wɔn bem no, wahyɛ wɔn animuonyam nso.

Nea Nyame se ni.

AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! Mateo 11:25
Agya, ɔsoro ne asase wura, meda wo ase sɛ woanna nokware no adi ankyerɛ wɔn a wosusuw sɛ wɔyɛ anyansafo, na mmom wodaa no adi kyerɛɛ mmofra nkumaa.
Alleluia! Alleluia!

LONGER FORM

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo kyerɛw mae 13:44-52

Yesu buu n’asuafoɔ no bɛ bi sɛ “Ɔsoro ahennie no te sɛ agyapadeɛ bi a wɔde asie afuo mu; ɛno na onipa bi kɔhunuiɛ, na ɔkataa soɔ, na ɛho anigyeɛ nti, ɔkɔ kɔtɔnee deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuo no.

“Bio ɔsoro ahennie te sɛ odwadini bi a ɔrehwehwɛ ahwene pa; na ɔhunuu ahweneɛ baako a ne boɔ yɛ den no, ɔkɔtɔnee deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe.

“Bio ɔsoro ahennie te sɛ asau a wɔde guu po mu na ɛbumaa nam ahodoɔ nyinaa bi; na ɛyɛɛ ma, na wɔtwe baa mpoano, na wɔtenaa ase boaboaa deɛ ɛyɛ no ano guu akodoɔ mu, na deɛ ɛnyɛ no, wɔto gui. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ wiase awieeɛ no mu ara ne no. Abɔfoɔ no bɛba abɛfa nnipa bɔne afiri ateneneefoɔ mu, na wɔato wɔn agu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa bɛsu na wɔatwɛre wɔn se.

“Moate yeinom nyinaa ase anaa?” Wɔbuaa no sɛ: “Aane.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yei nti ɔtwerɛfoɔ biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahennie no te sɛ efiewura bi a ɔfiri n’agyapadeɛ mu yi nnoɔma foforɔ ne dada adie.”

Nea Awurade se ni.

SHORTER FORM

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo kyerɛw mae 13:44-46

Yesu buu n’asuafoɔ no bɛ bi sɛ “Ɔsoro ahennie no te sɛ agyapadeɛ bi a wɔde asie afuo mu; ɛno na onipa bi kɔhunuiɛ, na ɔkataa soɔ, na ɛho anigyeɛ nti, ɔkɔ kɔtɔnee deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuo no.

Bio ɔsoro ahennie te sɛ odwadini bi a ɔrehwehwɛ ahwene pa; na ɔhunuu ahweneɛ baako a ne boɔ yɛ den no, ɔkɔtɔnee deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe.

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *