AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Exodus Nhoma a edi kan no mu 34:4b-6, 8-9
Na Mose tuaa nhema foro kɔɔ Sinai bepɔ no so, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no, na ɔfaa aboɔpono mmienu no kuraa ne nsam. Na Awurade nam mununkum mu sianee, na ɔne no bɛgyinaa hɔ, na ɔpaee n’ankasa ne din Awurade. Na Awurade bɛtwaa mu n’anim, na ɔpaee sɛ: “Awurade, Awurade, Nyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ, deɛ n’abodwoɔ kyɛre na n’adɔeɛyɛ ne ne nokorɛ dɔɔso pii,”
Na Mose yɛɛ ntɛm kotoo fam sɔree; na ɔkaa sɛ: “Awurade, sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, ma Awurade ntena yɛn mu ne yɛn nkɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene; na fa yɛn amumuyɛ ne yɛn bɔne kyɛ yɛn, na fa yɛn yɛ wo deɛ”
Nea Nyame se ni
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Daniel 3:52, 53, 54, 55, 56 G/. 52b
G Yɛbɛyi wo ayɛ kɛseɛ na yɛama wo so daa
- O Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn, nhyira nka wo,
yɛbɛyi wo ayɛ kɛseɛ na yɛama wo so daa;
yɛbɛhyira w’animuonyam din no,
yɛbɛyi wo ayɛ kɛse na yɛama wo so daa. G/. - Nhyira nka wo wɔ w’asɔrefie a w’animuonyam kronkron no wɔ,
yɛbɛkamfo wo na yɛahyɛ wo animuonyam kɛse daa. G/. - Nhyira nka wo wɔ w’ahennie adwa so,
Nhyira ne wo a wohwɛ ebunu mu firi w’ahennwa a ɛsi kerubim soɔ no. G/. - Nhyira nka wo wɔ ɔsoro ntrɛmu hɔ,
yɛbɛto dwom na yɛahyɛ wo animuonyam daa. G/.
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paulo nhoma a ɛtoso mmienu a ɔkyerew komaa Korintofo no mu 13:11-13
Anuanom,monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, monnya adwene korɔ, montena asomdwoeɛ mu, na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Nyankopɔn bɛdi mo akyi. Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho. Ahotefoɔ no nyinaa kyeakyea mo. Awurade Yesu Kristo adom, Onyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron ayɔnkofa nka mo nyinaa.
Nea Nyame se ni.
Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation)
Alleluia! Alleluia!
Anuonyam nka Agya no, ne Ɔba no, ne Honhom Kronkron no. Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ na ɔwɔ hɔ dedaw, na ɔreba
Alleluia! Alleluia!
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Yohane Kyerɛw mae 3:16-18
Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa. Na Onyankopɔn ansoma Ɔba no amma wiase sɛ ɔmmɛbu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa ne so nnye wiase. Deɛ ɔgye no die no, wɔmmu no atɛn; na deɛ ɔnnye nnie no, wɔabu no atɛn dada sɛ wannye Nyankopɔn ba korɔ no din no annie
Nea Awurade se ni.
