KWASIDA A ETO SO ENSON WƆ OWUSƆREƐ MMERƐ MU, AFE A(SEVENTH SUNDAY OF EASTER, YEAR A) By: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku

KWASIDA A ETO SO ENSON WƆ OWUSƆREƐ MMERƐ MU, AFE A(SEVENTH SUNDAY OF EASTER, YEAR A) By: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku

AKENKAN N A EDI KAN (FIRST READING)

Akenkan a efiri Asomafo Nhoma no mu 1:12-14

Asomafoɔ firii bepɔ a wɔfrɛ no Ngo Bepɔ a ɛbɛn Yerusalem bɛyɛ homeda kwan no so sane kɔɔ Yerusalem. Na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda teɛ. Na yeinom nyinaa de akoma korɔ kura mpaebɔ mu ara, wɔne mmaa no ne Maria, Yesu ne na ne ne nuanom.

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 26(27) 1, 4, 7 G/. 11
G: Megye medi sɛ mɛhunu Awurade ayamyɛ, ateasefoɔ asase so .

  1. Awurade ne me hann ne me nkwagyeɛ,
    hwan na mensuro no?
    Awurade ne me nkwa ahoɔden,
    hwan anim na me ho mpopoɔ? G/.
  2. Adeɛ baako na masrɛ Awurade,
    ɛno na mɛhwehwɛ akyire kwan;
    sɛ me nna a medie nyinaa
    mɛtena Awurade fie. G/.
  3. Awurade, tie me sufrɛ;
    hu me mmɔbɔ, na gye me so.
    m’akoma se wo sɛ:
    w’anim na merehwehwɛ. G/.

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Petro nhoma a edi kan no mu 4:13-16

Adɔfo, sɛdeɛ moayɛ Kristo amanehunu no fafafoɔ no, momma mo ani nnye, na sɛ wɔyi n’animuonyam no adi a, mode ahosan ama mo ani agye nso. Sɛ wɔya mo Kristo din nti a, nhyira ne mo, ɛfiri sɛ animuonyam ne Nyankopɔn honhom wɔ mo so. Na mommma mo mu bi nnhunu amane sɛ owudifoɔ anaa owifoɔ anaa ɔdebɔneyɛfoɔ anaa ɔsɛmpɛfoɔ ebinom nsɛm mu. Na sɛ ɔhunu amane sɛ okristoni a, ɔmmma n’ani nnwu, na ma no nhyɛ Onyankopɔn animuonyam wɔ din yi mu

Nea Nyame se ni.

Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation) Yohane 14:18
Alleluia, Alleluia!
Merennya mo nnyanka Awurade na sie. mɛba mo nkyɛn na mo ani agye
Alleluia, Alleluia!

A SƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Yohane Kyerɛw mae 17:1b-11a

Yesu ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpae kaa se: “Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba animuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo animuonyam, sɛdeɛ womaa no honam nyinaa so tumi, sɛ adeɛ biara a wɔde ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa. Na yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro no, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo no. Me deɛ, mahyɛ wo animuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no. Na afei, Agya, fa animuonyam a mewɔ no wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ara wo nkyɛn!

Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn firi wiase ama me no. Wɔyɛ wo dea, na wode wɔn ama me; na wɔadi w’asɛm so. Afei wɔahunu sɛ nnoɔma a wode ama me no nyinaa firi wo nkyɛn; ɛfiri sɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahunu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.

Me deɛ, meresrɛ mama wɔn; mensrɛ memma wiase, na mmom wɔn a wode wɔn ama me no, ɛfiri sɛ wɔyɛ wo dea. Na m’adeɛ nyinaa yɛ wo dea; na wo deɛ nso yɛ me dea; na manya animuonyam wɔn mu. Na afei menni wiase bio, — na yeinom na ɛwɔ wiase, na me deɛ, mereba wo nkyɛn.”

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *