AKENKAN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Asomafo Nhoma no mu 6:1-7
Na nna no mu a asuafoɔ no redɔɔso no, huhuhuhu baa Helenifoɔ no mu tiaa Hebrifoɔ no sɛ wɔbu wɔn ani gu wɔn akunafoɔ so daa ɔhwɛ a wɔhwɛ wɔn no mu. Na dummienu no frɛɛ asuafokuo no bae, na wɔkaa sɛ: Ɛmfata sɛ yɛbɛgya Nyankopɔn asɛm akɔsom apono soɔ. Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baason a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ahyɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so; na yɛn deɛ, yɛbɛkɔ so ara akura mpaebɔ ne anyamesɛm no som mu. Na asɛm no sɔɔ nnipakuo no nyinaa ani. Na wɔyii Stefano, ɔbarima a gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma, ne Filipo ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao a ɔfiri Antiokia a wadane Yudani. Yeinom na wɔde wɔn gyinaa asomafoɔ no anim, na wɔsɔree de wɔn nsa guu wɔn so.
Na Nyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na asuafoɔ no dɔree pii wɔ Yerusalem, na asɔfoɔ no mu pii nso yɛɛ setie maa gyidie no.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 32(33): 1-2, 4-5. 18-19. G/ 22
G: Awurade, ma w’adɔeɛ ntena yɛn so, sɛdeɛ yɛn ani da wo soɔ no
- Momfa sankuo nna Awurade ase,
momfa sankuo a ɛso homa du nto no dwom!
Monto dwom foforɔ mma no,
mommɔ sankuo yie nka ɛnne ho! G/. - Na Awurade asɛm tene,
na ne nnwuma nyinaa wɔ nokorɛ mu.
Awurade dɔ asɛntenenee ne atemmuo,
N’adɔeɛ ahyɛ asase so ma. G/. - Hwɛ, Awurade ani wɔ wɔn a wɔsuro no so,
ɛwɔ wɔn a wɔn ani da n’adɔeɛ soɔ no so,
sɛ ɔbɛgye wɔn kra afiri owuo mu,
na wama wɔanya nkwa ɛkɔm mu. G/.
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Petro nhoma a edikan no mu 2:4-9
Adɔfo, Awurade no na moba ne nkyɛn sɛ ɔboɔ a nkwa wɔ mu a nnipa apa no na Onyankopɔn deɛ, wafa no na ne boɔ yɛ den a, mo nso momma wɔmfa mo sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu nto aban, na moayɛ honhom mu dan, asɔfokuo kronkron, sɛ mobɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Nyankopɔn ani. Ɛfiri sɛ ɛwɔ atwerɛ no mu sɛ: “Hwɛ, mede tweaso tiboɔ a wɔayie no na ne boɔ yɛ den mato Sion, na deɛ ɔgye no die no ani renwu.”
Enti mo a mogye no die no, deɛ ɔsom boɔ no yɛ mo dea. Na wɔn a wɔnnye nnie no deɛ, ɔboɔ a abantofoɔ apa no na ayɛ tweaso tiboɔ ne suntiboɔ ne suntiduatoɔ botan ama wɔn. Wɔn na wɔsunti, ɛfiri sɛ wɔntie asɛm no. Ɛno nti na wɔyii wɔn maeɛ. Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.
Nea Nyame se ni.
Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation) Yohane 14:6
Alleluia, Alleluia!
Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.
Alleluia, Alleluia!
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Yohane Kyerɛw mae 14:1-12
Yesu kakyerɛ n’suafo no sɛ: “Mommma mo akoma nntutu! Monnye Onyankopɔn nni, na me nso, monnye me nni. Tenaberɛ pii wɔ m’Agya fie; sɛ ɛnte saa a, anka maka makyerɛ mo sɛ merekɔ makɔsiesie baabi mama mo? Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ me ara me nkyɛn, na deɛ mewɔ no, mo nso moaba hɔ. Na faako a merekorɔ no, monim kwan no.”
Toma see no sɛ: “Awurade, yɛnnim faako a worekorɔ, na ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛtumi ahunu kwan no?” Yesu see no sɛ: “Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so. Sɛ monim me a, anka moahunu m’Agya no nso; na ɛfiri nnɛ monim no, na moahu no.”
Filipo see no sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, na ɛno ara dɔɔso ma yɛn. Yesu see no sɛ: “Me ne mo wɔ hɔ dadadada yi, monhunuu me anaa, Filipo? Deɛ wahu me no ahunu Agya no, na adɛn nti na wose: Kyerɛ yɛn Agya no? Wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu? Nsɛm a meka mekyerɛ mo no, ɛmfiri me ara me tirim na meka, na Agya a ɔte me mu no, na ɔyɛ ne nnwuma no. Monnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu; na sɛ ɛnte saa a, nnwuma no ara nti monnye nni! Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye me die no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛseɛ asene yeinom, ɛfiri sɛ me deɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.”
Nea Awurade se ni.
