MASS READINGS IN TWI. KWASIDA A ETO SO ENAN WƆ OWUSƆREƐ MMERƐ MU/ ODWANHWƐFOƆ PA KWASIDA(FOURTH SUNDAY OF EASTER/GOOD SHEPHERD SUNDAY). By: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku

MASS READINGS IN TWI. KWASIDA A ETO SO ENAN WƆ OWUSƆREƐ MMERƐ MU/ ODWANHWƐFOƆ PA KWASIDA(FOURTH SUNDAY OF EASTER/GOOD SHEPHERD SUNDAY). By: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku

KWASIDA A ETO SO ENAN WƆ OWUSƆREƐ MMERƐ MU/ ODWANHWƐFOƆ PA KWASIDA
(FOURTH SUNDAY OF EASTER/GOOD SHEPHERD SUNDAY)

AKENKAN A EDI KAN (FIRST READING)

Akenkan a efiri Asomafo Nhoma no mu 2:14. 36-41

Pentekoste da no, Petro ne dubaako no sɔre gyinae, na ɔmaa ne nne so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “ma Israel fie nyinaa nhunu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛnee no no ayɛ Awurade ne Kristo.”

Na wɔteeɛ no, ɛwowɔɔ wɔn akoma mu, na wɔka kyerɛɛ Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ: “Anuanom, yɛnyɛ dɛn?” Na Petro see wɔn sɛ: “Monsakyera mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu, mma mo bɔne fakyɛ, na mobɛnya Honhom Kronkron akyɛdeɛ no. Na bɔhyɛ no yɛ mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, a Awurade yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba nyinaa dea.” Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanseɛ, na ɔtuu wɔn fo sɛ: “Momma wɔnnye mo mfiri nnɛ mma abusua kontonkye yi mu!”

Ɛnna wɔn a wɔgyee n’asɛm no maa wɔbɔɔ wɔn asu. Na da no ara wɔde akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho.

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 22(23): 1-3a 3b-4. 5. 6 G/ 1
G: Awurade ne me hwɛfoɔ, hwee renhia me.

  1. Awurade ne me hwɛfoɔ,
    hwee renhia me.
    Ɔma meda adidibea a ɛhɔ wira yɛ frɔmfrɔm,
    ɔgya me kɔ nsuo a ɛho dwoɔ ho.
    Ɔdwodwo me kra. G/.
  2. Ɔde me fa akwantenenee so,
    ne din nti.
    Sɛ mpo menam owuo sum kabii bɔn no mu a,
    mensuro bɔne biara, ɛfiri sɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ,
    w’abaa ne wo poma na ɛkyekyere me werɛ. G/.
  3. Woto me pono,
    m’atamfoɔ anim,
    wode ngo fɔ me tirim,
    me kuruwa yɛ ma bu so. G/.
  4. Ampa ara yie ne adɔeɛ nko na ɛbɛdi m’akyiri
    me nkwa nna nyinaa,
    na mɛtena Awurade fie daa. G/.

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Petro nhoma a edikan no mu 2:20b-25

Adɔfo, na mmom sɛ moyɛ papa, na mohunu amane, na moto mo bo ase a, yei na ɛyɛ animuonyam, Nyankopɔn anim. Na yei na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu amane maa mo gyaa mo nhwɛsoɔ sɛ monni n’anammɔn akyi. Ɔno na wanyɛ bɔne, nanso wɔanhunu nnaadaa n’anomu.

Ɔno na wɔyaa no, na wanya bie, ɔhunuu amane, nanso wanhunahuna, na mmom ɔde n’asɛm hyɛɛ deɛ ɔbu atɛntenenee no nsa. Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no soɔ, sɛ, sɛ yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma tenenee. Ɔno na wɔde ne mmaa ntampeɛ asa mo yadeɛ. Na anka mote sɛ nnwan a wɔayera, na afei moasane aba mo kra Hwɛfoɔ ne Wɛmfoɔ no nkyɛn.

Nea Nyame se ni.

Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation) Yohane 10:14
Alleluia, Alleluia!
Mene odwanhwɛfoɔ pa no; na menim me deɛ, na me deɛ nso nim me.
Alleluia, Alleluia!

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Yohane Kyerɛw mae 10:1-10

Yesu kaa sɛ: “Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, deɛ ɔmfa ɛpono ano nkɔ nnwammuo mu na ɔforo fa baabi no, ɔyɛ owifoɔ ne odwotwafoɔ; na deɛ ɔfa ɛpono ano kɔ mu no ne nnwan no hwɛfoɔ. Ɔno na ɛponoanohwɛfoɔ hini ma no, na nnwan no te ne nne, na ɔbɔ ɔno ara ne nnwan din frɛ wɔn firi adi. Na ɔma ɔno ara ne nnwan firi adi a, ɔdi wɔn anim; na nnwan no di n’akyi, ɛfiri sɛ wɔnim ne nne. Na ɔhɔhoɔ deɛ, wɔrenni n’akyi, na wɔbɛdwane no; ɛfiri sɛ wɔnnim ananafoɔ nne.” Yesu de bɛ yi buu wɔn; na wɔn deɛ, wɔanhunu asɛm ko a ɔkaa wɔn no.

Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: “Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mene nnwan no pono no. Wɔn a wɔdii m’anim baeɛ no nyinaa yɛ awifoɔ ne adwotwafoɔ; na nnwan no antie wɔn. Mene ɛpono no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wɔbɛgye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na ɔbɛfiri adi, na ɔbɛnya adidibea. Owifoɔ mma, gye sɛ ɔrebɛwia na wakum na wasɛe; me deɛ, mebae, na wɔanya nkwa, na wɔanya no mmorosoɔ.

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *