MASS READINGS TWI. KWASIDA A ETO SO MMIENSA WƆ OWUSƆREƐ MMERƐ MU, AFI A(THIRD SUNDAY OF EASTER YEAR A). By: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku.

MASS READINGS TWI. KWASIDA A ETO SO MMIENSA WƆ OWUSƆREƐ MMERƐ MU, AFI A(THIRD SUNDAY OF EASTER YEAR A). By: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku.

AKENKAN A EDI KAN (FIRST READING)

Akenkan a efiri Asomafo Nhoma no mu 2:14. 22-33

Pentekoste da no, Petro ne dubaako no sɔre gyinae, na ɔmaa ne nne so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yuda mmarima ne mo a mote Yerusalem nyinaa, monhunu yei, na momma me nsɛm yi nkɔ mo aso mu!

Israel mmarima, montie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔno Onyankopɔn no ara nam ne so yɛɛ no mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛdeɛ mo ara nso monim no, ɔno ara a wɔnam Nyankopɔn agyina a ɔtuiɛ, ne ne nim a ɔnim dada so yii no maeɛ no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa soɔ bɔɔ no asɛnnua mu kumm no. Ɔno na Onyankopɔn anyane no, na wasane owuya homa, ɛfiri sɛ antumi amma sɛ ɛka no hyɛ. Na Dawid kaa ne ho asɛm sɛ: “Mehunuu Awurade m’anim daa, ɛfiri sɛ ɔwɔ me nifa na manhinhim. Yei nti m’akoma tɔɔ me yam, na me tɛkyerɛma ho sanee no; na me honam nso bɛda anidasoɔ mu, ɛfiri sɛ worennya me kra Asamando, na woremma wo Kronkronni no nhunu porɔeɛ. Wokyerɛɛ me nkwa akwan; wode w’anim bɛma abotɔyam amee me.”

Anuanom, momma me kwan na menka agya panin Dawid ho asɛm pefee menkyerɛ mo, sɛ wawu, na wɔasie no, na ne da wɔ yɛn nkyɛn ha de bɛsi nnɛ. Na sɛ ɔyɛ odiyifoɔ, na ɔnim sɛ Onyankopɔn de ntam ka kyerɛɛ no sɛ n’asene mu aba mu bi na ɔbɛtena n’ahennwa soɔ nti, ɔhunuu yei siee, na ɔkaa Kristo sɔreɛ ho asɛm sɛ wɔannya no Asamando, nanso ne honam anhunu porɔeɛ.

Yesu yi ara na Onyankopɔn anyane no; ɛho adansefoɔ na yɛn nyinaa yɛ. Afei wɔmaa no so kɔɔ Nyankopɔn nifa, na ɔnyaa Agya no nkyɛn Honhom Kronkron bɔhyɛ nti na wahwie deɛ mohunu na moteɛ yi aguo.

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 15(16): 1-2a 5.7-8. 9-10. 11 G/. 11a
G: Awurade, wobɛkyerɛ me nkwa kwan.

  1. Onyankopɔn, fa me sie, na wo na medwane bɛtoa wo.
    Mese Awurade sɛ: M’Awurade ne wo,
    Awurade ne m’agyapadeɛ mu kyɛfa ne me kuruwa,
    wo na me nkrabea kura wo nsam. G/.
  2. Mekamfo Awurade a ɔtu me fo,
    nso anadwo m’akoma kyerɛkyerɛ me.
    Mede Awurade masi m’anim daa,
    na ɔwɔ me nifa yi, merenhinhim. G/.
  3. Enti m’akoma tɔ me yam, na me kra di ahurisie,
    na me honam tena ase dwoodwoo.
    Na worennya me kra Asamando,
    woremma wo hoteni nhunu Amena mu porɔeɛ. G/.
  4. Wobɛkyerɛ me nkwa kwan,
    anika a ɛmeeɛ wɔ w’anim,
    anigyedeɛ wɔ wo nifa hɔ daa. G/.

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Petro nhoma a edikan no mu 1:17-21

Adɔfo, sɛ mofrɛ deɛ ɔnhwɛ nnipa anim na ɔbu atɛn sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no sɛ Agya a, momfa suro mmɔ mo bra mo ahɔhobea tena bea yi mu, sɛ monim sɛ wɔamfa nnoɔma a ɛporɔ, dwetɛ anaa sika annye mo amfiri mo abrabɔ hunu a mo agyanom de maa mo no mu, na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ adwammaa a ɔnni dɛm ne nkekaeɛ no mogya a ne boɔ yɛ den no na ɛgyee mo. Ɔno na wɔyii no sieeɛ ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ, na wɔayi no akyerɛ, berɛ a ɛdi akyire yi mu ama mo a monam ne so gye Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔhyɛɛ no animuonyam no die no, na mo gyidie ne anidasoɔ atena Nyankopɔn mu.

Nea Nyame se ni.

Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation) Luka 24:32
Alleluia, Alleluia!
Ɔne yɛn rekasa kwan mu na ɔbuee atwerɛ nsɛm no mu kyerɛɛ yɛn no, yɛn akoma mu anyɛ yɛn dɛdɛɛdɛ anaa?
Alleluia, Alleluia!

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Luka Kyerɛw mae 24:13-35

Na da a ɛdi nnawɔtwe kan no, wɔn mu baanu sii mu kɔɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a ɛfiri Yerusalem rekɔ hɔ bɛyɛ nkwansimma aduosia ase. Na wɔredi nsɛm a asie yi nyinaa ho nkɔmmɔ. Na ɛbaa sɛ wɔredi nkɔmmɔ na wɔrebisabisaa wɔn ho no, Yesu ankasa twe bɛnee ne wɔn bɔɔ anan kɔe. Nanso wɔasosɔ wɔn aniwa mu, na wanhu no. Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Nkɔmmɔ bɛn na monam redie a mo werɛ ahoɔ yi?” Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa buaa no sɛ: “Wo nko ne hɔhoɔ wɔ Yerusalem a wonnim nsɛm a asi hɔ nnansa yi anaa?” 1Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Nsɛm bɛn?” Na wɔsee no sɛ: “Deɛ ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifoɔ a ɔwɔ tumi, nneyɛɛ ne ɔkasa mu, Onyankopɔn ne ɔman nyinaa anim no ho, sɛdeɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne yɛn mpanimfoɔ de no kɔmaa sɛ wɔmmu no fɔ nkum no, na wɔbɔɔ no asɛnnua mu. Na yɛn deɛ, yɛn ani daa so sɛ anka ɔno na ɔrebɛgye Israel. Nanso yei nyinaa akyiri no, nnansa ni a nsɛm yi siiɛ. Na mmaa bi a wɔfiri yɛn mu abɛma yɛn ho adwiri yɛn. Wɔtuaa nhema kɔɔ ɛda no so, na wɔanhunu n’amu no, na wɔba bɛkaa sɛ wɔahunu abɔfoɔ bi wɔn ani so nso a wɔkaa sɛ ɔte ase. Na wɔn a wɔne yɛn wɔ hɔ no mu binom kɔɔ ɛda no so, na wɔkɔhunuu sɛdeɛ mmaa no nso kaeɛ no ara; na ɔno ara deɛ, wɔanhu no.”

Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “O adwenharefoɔ a moyɛ nyaa mo akoma mu sɛ mobɛgye deɛ adiyifoɔ no aka nyinaa adie! Ɛnsɛ sɛ Kristo no bɛhunu saa amaneɛ no ansa na wakɔ n’animuonyam mu anaa?” Na ɔfiri Mose ne adiyifoɔ nyinaa so kyerɛɛ wɔn atwerɛ nyinaa mu nsɛm a ɛfa ne ho ase. Na wɔrebɛn akuraa a wɔrekɔ aseɛ no, ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔrekɔ n’anim. “Na wɔhyɛɛ no dendeenden sɛ: “Tena yɛn nkyɛn, na onwunu adwo, na adeɛ reyɛ asa.” Ɛnna ɔhyɛnee mu ne wɔn kɔtenaeɛ. Na ɛbaa sɛ ɔne wɔn te adidiiɛ no, ɔfaa paanoo hyiraa so, na ɔbubu de maa wɔn. Na wɔn ani buee, na wɔhunuu no; na ɔno deɛ, ɔtu yeraa wɔ wɔn anim. Ɛnna wɔsesee wɔn ho sɛ: “Ɔne yɛn rekasa kwan mu na ɔbuee atwerɛ nsɛm no mu kyerɛɛ yɛn no, yɛn akoma mu anyɛ yɛn dɛdɛɛdɛ anaa?”

Na wɔsɔree dɔn no ara mu sane baa Yerusalem; na wɔbɛhunuu sɛ dubaako no ne wɔn a wɔka wɔn ho aboaboa wɔn ano reka sɛ: “Awurade anyane ampa, na wayi ne ho akyerɛ Simon.” Na baanu no nso kaa deɛ ɛsii kwan mu ne sɛdeɛ wɔhunuu no paanoobubuo mu no kyerɛɛ wɔn.

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *