AKENKAN A EDI KAN (FIRST READING)*
Akenkan a efiri Odiyifoɔ Yesaia Nhoma no mu 7:10-14
Ababaa bi bɛnyinsɛn.
Awurade toaa so ka kyerɛɛ Ahas sɛ: “Bisa Awurade wo Nyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnneɛ, ma no nsiane nkɔ sɛ asamando, anaa ɛnkorɔn sɛ ɔsoro!” Na Ahas se: “Meremmisa, na merensɔ Awurade menhwɛ.” Ɛnna ɔse: “Dawid fie, montie ɛ! Ha a moha nnipa yi, ɛnnɔɔso mmaa mo, sɛ mobɛha me Nyankopɔn nso? Enti Awurade no ara bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ: Hwɛ, ababaa bi bɛnyinsɛn awo ɔbabanin, na wato no din Imanuel” ase ne: Onyankopon ne yɛ wɔ hɔ.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 23(24):1-6 G/. 7, 10
G/: Momma Awurade nhyɛne mu! Ɔno ne animuonyam Hene no
- Asase ne n’adeɛ dodoɔ yɛ Awurade dea,
wiase ne wɔn a wɔte mu no wɔ no.
Na ɔno na ɔhyɛɛ aseɛ, ɛpo so,
na ɔde atintim asukɛseɛ soɔ. G/. - Hwan na ɔbɛforo Awurade bepɔ no,
na hwan na ɔbɛgyina ne tenabea kronkron hɔ?
Deɛ efi nni ne nsam na n’akomam teɛ,
deɛ ɔmma ne kra ani nsa ahuhudeɛ,
na ɔnka nkontompo ntam. G/. - Ɔno na ɔbɛnya Awurade nsam nhyira
na ne nkwagyeɛ Nyankopɔn bɛbu no bem.
Yeinom ne wɔn a wɔpɛ n’akyiri kwan no abusua,
wɔn a wɔhwehwɛ w’anim, O Yakob Nyankopɔn. G/.
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paulo Nhoma a ɔkyerɛw kɔmaa Romanfoɔ no mu 1:1-7
Paulo, Yesu Kristo akoa, a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafoɔ na wɔayi no asi hɔ ama Nyankopɔn asɛmpa a ɔnam n’adiyifoɔ so hyɛɛ ho bɔ siee atwerɛ nsɛm kronkron no mu, wɔ ne ba a honam fam wɔwoo no Dawid aseni no ho; na wɔde tumi ayi no akyerɛ sɛ Nyankopɔn Ba, ahoteɛ honhom fam, awufoɔ sɔreɛ mu; ɔno ne Yesu Kristo, yɛn Awurade a yɛnam ne so anya adom ne asomafodwuma de rebrɛ amanaman nyinaa aso ase ama gyidie ne din nti; na mo a wɔafrɛ mo sɛ mommɛyɛ Yesu Kristo deɛ nso ka ho. Me Paulo, metwerɛ de kɔma Nyankopɔn adɔfoɔ a wɔwɔ Roma nyinaa, a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu nka mo.
Nea Nyame se ni.
Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation)
Alleluia! Alleluia! Mateo 1:23
Ababaawa no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabanin, na wɔato ne din Imanuel, a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn na ɛwɔ hɔ.
Alleluia! Alleluia!
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo Kyerɛw mae 1:18-25
Na sɛdeɛ Yesu Kristo awoɔ teɛ nie: Wɔde ne na Maria maa Yosef sɛ asiwayere, na wɔnnya nhyiaa mu no, wɔhunuu sɛ ɔnyem deɛ ɛfiri Honhom Kronkron mu. Na ne kunu Yosef yɛ onipa tenenee, na ɔmpɛ sɛ ɔgu n’anim ase dwam nti, ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛgyaa no kokoam. Na ɔredwennwene yeinom ho no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ daeɛ mu sɛ: “Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na deɛ ɔnyem no firi Honhom Kronkron mu. Na ɔbɛwo ɔbabanin, na woato ne din Yesu, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛgye ne man afiri wɔn bɔne mu. Na yei nyinaa yɛɛ hɔ, na deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ: Hwɛ, ababaawa no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabanin, na wɔato ne din Imanuel, (a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn na ɛwɔ hɔ.) Na Yosef firii nna mu nyaneeɛ no, ɔyɛɛ sɛdeɛ Awurade bɔfoɔ no hyɛɛ no no, na ɔkɔfaa ne yere no baa ne nkyɛn. Na Yosef ne no anhyia mu de kɔsii da a ɔwoo ɔbabanin; na ɔtoo ne din Yesu.
Nea Awurade se ni.

![ADVENT WEEK IV [YEAR A] (December 21, 2025) Is 7:10-14; Rom 1:1-7; Mt 1:18-24. By: Rev. Fr. Clifford Atta Anim.](https://frcliffordhomilies.com/wp-content/uploads/2025/12/IMG_1957-150x150.jpeg)