SUNDAY MASS READINGS IN TWI. KWASIDA A ƐTO SO ADUASA-MIENSA WƆ AFE NO MU, AFE C(THIRTY-THIRD SUNDAY IN ORDINARY TIME YEAR C). By: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku

SUNDAY MASS READINGS IN TWI. KWASIDA A ƐTO SO ADUASA-MIENSA WƆ AFE NO MU, AFE C(THIRTY-THIRD SUNDAY IN ORDINARY TIME YEAR C). By: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku

AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Malachi Nhoma a eto so mmienu no mu 3:19-20 (Malachi 4:1-2)

Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhye sɛ fononoo, na ahantanfoɔ nyinaa ne obiara a ɔdi abɔnefosɛm bɛyɛ nkyɛnkyɛmma, na ɛda a ɛreba no bɛhye wɔn, asafo Awurade na ɔseɛ, na ɛrennya wɔn nhini anaa duban. Na mo a mosuro me din no, tenenee owia bɛpue ama mo a ayaresa wɔ ne ntaban aseɛ.

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 97(98) :5-6, 7-8, 9 G./. 9
G/. Awurade reba abɛbu asase atɛn tenenee mu.

  1. Monto dwom mma Awurade sankuo so,
    sankuo ne dwontoɔ nne so.
    Momfa totorobɛnto ne mmɛn nne mmɔ ose,
    Ɔhene Awurade anim. G/.
  2. Ma ɛpo ne ne mayɛ nworo,
    wiase ne wɔn a wɔte mu.
    Ma asuo akɛseɛ mmobɔ nsam,
    mmepɔ mmom nni ahurisie. G/.
  3. Awurade anim, na ɔreba abɛbu asase atɛn.
    Ɔbɛbu wiase atɛn, tenenee mu,
    ne aman wɔ atɛntenenee mu. G/.

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paul nhoma a eto so mmienu a ɔkyerɛw komaa Tesalonikafoɔ 3:7-12

Anuanom, monim sɛ ɛsɛ sɛ mosua yɛn, ɛfiri sɛ yɛanyɛ yɛn ho basabasa wɔ mo mu, nanso yɛanni obiara aduane kwa, na mmom yɛyɛɛ adwuma, mmɔdemmɔ ne ɔbrɛ mu, anadwo ne awia, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara; ɛnyɛ sɛ yɛnni ho kwan na mmom yɛyɛɛ sɛ yɛde yɛn ho reyɛ nhwɛsoɔ ama mo na moasua yɛn. Na yɛwɔ mo nkyɛn no nso, yɛhyɛɛ mo sɛ, sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma ɔno nso nnidi.

Na yɛte sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔnenam basabasa wɔ mo mu, na wɔnyɛ adwuma, na mmom wɔyɛ terɛterɛ. Na wɔn a wɔte saa no, yɛhyɛ wɔn, tu wɔn fo, yɛn Awurade Yesu Kristo mu, sɛ wɔnyɛ adwuma komm mfa mpɛ wɔn anoduane.

Nea Nyame se ni.

AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! Luke 21:28
Monhwɛ soro na momma mo tiri so, ɛfiri sɛ mo gyeɛ rebɛn.
Alleluia! Alleluia!

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Luka Kyerɛw mae 21:5-19

Na ebinom reka asɔrefie no ho asɛm sɛdeɛ wɔde abo fɛfɛ ne adekyɛdeɛ ahyehyɛ no no,Yesu kaa sɛ: “Nnoɔma a mohunu yi deɛ, nna bi bɛba a wɔrennya ɔboɔ wɔ ɔboɔ so wɔ emu a wɔrennwiri ngu fam.”

Na wɔbisaa no sɛ: “Kyerɛkyerɛfoɔ, da bɛn na yeinom bɛba, na yeinom rebɛba a, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ ne sɛn?” Na ɔse: “Monhwɛ na wɔannaadaa mo, na nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na, Ɛberɛ no abɛn. Na enti monnni wɔn akyi! Na sɛ mote ɔko ne basabasayɛ a, mommma no mmɔ mo hu; na ɛtwa sɛ yeinom ba kane; nanso awieeɛ no deɛ, na ɛnnurui.”

Ɛnna ɔsee wɔn sɛ: “Ɔman bɛsɔre ɔman so ne ahennie ahennie so. Na asasewosoɔ kɛseɛ bɛba mmeammea, na ɛkɔm ne yaredɔm bɛba; na ahudeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ bɛfiri soro aba. Na deɛ ɛdi yeinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa bɛsɔ mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahemfo ne amradofoɔ anim me din nti, na mode adi me ho adanseɛ.”

“Enti momfa nto mo tirim na moannwene deɛ mode bɛyi mo ho ano ansa. Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfoɔ nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim. Na awofoɔ ne anuanom ne abusuafoɔ ne nnamfo nso bɛyi mo ama, na wɔama wɔakum mo mu binom. Na me din nti nnipa nyinaa bɛtane mo. Na mo tirinwi mu biara mpo renyera. Mo boasetɔ mu na mobɛnya mo kra.”

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *