AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Odiyifo Amos Nhoma no mu 8:4-7
Montie yei, mo a moregye ahiafoɔ amene sɛ moresɛe asase so amanehunufoɔ, na mobisa sɛ: “Da bɛn na bosome foforɔ bɛtwam na yɛatɔn ayuo, ne homeda, na yɛabue ɛsan ano, na yɛayɛ efa ketewa, na yɛama n’abrammoɔ ayɛ kɛseɛ, na yɛakyea nsania de asisie? Na yɛama dwetɛ de atɔ mmɔborɔni, na yɛde mpaboa atɔ ohiani, na yɛatɔn ayuo ase deɛ ɛguguo no. Awurade aka Yakob ahokyerɛ ntam sɛ: “Me werɛ remfiri wɔn nneyɛɛ nyinaa da biara da!”
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 112(113):1-2, 4-8 R/. 1, 7
G/: Monyi Awurade a ɔma ohiani so ayɛ.
- Mo Awurade nkoa, monyi ayɛ,
monyi Awurade din ayɛ.
Nhyira nka Awurade din
mfiri nnɛ nkɔsi daa. G/ - Wɔama Awurade so amanaman nyinaa so,
n’animuonyam tra ɔsoro.
Hwan na ɔte sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn
a ne tenabea wɔ soro,
na ɔbrɛ ne ho ase hwɛ fam,
ɔsoro ne asase soɔ? G/ - Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu,
na ɔma ohiani so firi sumina so,
sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma nkyɛn,
ne man mu mmapɔmma. G/
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paul nhoma a edikan a ɔkyerɛw komaa Timothy 2:1-8
Afei, deɛ ɛdi ne nyinaa kan no, metu fo sɛ wɔnyɛ nkotosrɛ, mpaebɔ, odima ne aseda mma nnipa nyinaa; ahemfo ne wɔn a wɔdi tumi nyinaa, na yɛatena ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu. Na yei yɛ, na ɛsɔ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn a ɔpɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokorɛ nimdeɛ mu no ani. Na Onyankopɔn koro na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn ne nnipa ntamgyinafoɔ koro, ɔno ne onipa Kristo Yesu, a ɔde ne ho maa sɛ agyedeɛ maa nnipa nyinaa sɛ ɛnyɛ adanseɛ ɛberɛ a wɔahyɛ mu. Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafoɔ ne ɔsomafoɔ (meka nokorɛ, menni atorɔ), amanaman mufoɔ kyerɛkyerɛfoɔ wɔ gyidie ne nokorɛ mu.
Enti mepɛ sɛ mmarima bɔ mpaeɛ wɔ mmaa nyinaa, ma nsa a ɛho teɛ so, a abufuo anaa akyinnyeɛ nni mu.
Nea Nyame se ni.
AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! 2 Corinthians 8:9
Awurade Yesu Kristo yɛ ɔdefoɔ deɛ, nanso mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, na monam ne hia no so abɛyɛ adefoɔ.
Alleluia! Alleluia
LONGER FORM
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Luka Kyerɛw mae 16:1-13
Yesu kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a ɔwɔ efiepanin bi, na wɔkɔbɔɔ no kwaadu sɛ ɔsɛe n’adeɛ. Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdeɛn na mete no wo ho yi? Bɛbu wo paninnie ho nkonta, na worenni panin bio. Na efiepanin no kaa ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn? Ɛfiri sɛ me wura rebɛgye me paninnie afiri me nsam. Menni ahoɔden a mede mɛtutuo, na ahwa nso yɛ me aniwuo. Aane, mahunu deɛ mɛyɛ, na wɔtu me firi me paninnie so a, wɔagye me akɔ wɔn afie. Na ɔfrɛɛ ne wura adefirifoɔ nyinaa mmaako mmaako baa ne nkyɛn see deɛ ɔdi kan no sɛ: Wode me wura ɛka ahe? Na ɔse: Ngohina ɔha. Na ɔsee no sɛ: Gye wo nwoma, na tena ase ntɛm twerɛ aduonum! Ɛnna ɔsee ɔfoforɔ sɛ: Na wo nso, ɛka ahe na wodeɛ? Na ɔse: Mede ayuo nkotokuo ɔha. Na ɔsee no sɛ: Fa wo nwoma na twerɛ aduɔwɔtwe! Na owura no kamfoo efiepanin oniteɛfoɔ no sɛ wadi no nyansam; yei mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mma wɔ nyansa sene hann mma wɔn mfɛfoɔ mu.
Na me nso mese mo sɛ, momfa ahonyadeɛ a ɛntene no bi so nya nnamfoɔ, na sɛ ɛhia mo a, wɔagye mo akɔ daa afie no mu. Deɛ ɔdi ade ketewa mu nokorɛ no di pii mu nokorɛ; na deɛ ɔntene adeɛ ketewa mu no, na ɔntene bebree mu nso. Na enti sɛ moanni ahonyadeɛ a ɛntene no mu nokorɛ a, hwan na ɔde ahodeɛ pa no bɛhyɛ mo nsa? Na sɛ moanni obi adeɛ mu nokorɛ a, hwan na ɔde mo deɛ bɛma mo?
Akoa biara ntumi nsom awuranom baanu. Na ɔbɛtane ɔbaako, na wadɔ ɔbaako no, anaasɛ ɔbɛbata ɔbaako ho, na wabu ɔbaako no animtia. Montumi nsom Onyankopɔn ne ahonyadeɛ.”
Nea Awurade se ni.
SHORTER FORM
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Luka Kyerɛw mae 16:10-13
Yesu kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Deɛ ɔdi ade ketewa mu nokorɛ no di pii mu nokorɛ; na deɛ ɔntene adeɛ ketewa mu no, na ɔntene bebree mu nso. Na enti sɛ moanni ahonyadeɛ a ɛntene no mu nokorɛ a, hwan na ɔde ahodeɛ pa no bɛhyɛ mo nsa? Na sɛ moanni obi adeɛ mu nokorɛ a, hwan na ɔde mo deɛ bɛma mo? Akoa biara ntumi nsom awuranom baanu. Na ɔbɛtane ɔbaako, na wadɔ ɔbaako no, anaasɛ ɔbɛbata ɔbaako ho, na wabu ɔbaako no animtia. Montumi nsom Onyankopɔn ne ahonyadeɛ.”
Nea Awurade se ni.

