AKENKAN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Nyansa homa no mu 12:13, 16-19
Na onyame biara nka wo ho, a ɔdwene nnipa nyinaa ho, a ɛsɛ sɛ woyi w’ano kyerɛ no sɛ wommuu ntɛnkyea.
Na w’ahoɔden ne tenenee ti, na w’ahennie a wodi wɔ wɔn nyinaa so no ma wode wɔn ho kyɛ wɔn. Ɛfiri sɛ woda w’ahoɔden adi wɔ berɛ a nnipa regye kyim wɔ wo tumi mudie ho, na woka ahomasofoɔ a wɔka wɔn a wɔnim no ho nanso wɔyɛ aniammɔnho no anim. Ɛwom sɛ woyɛ ahoɔden mu tumfoɔ, wogo w’atemmuo mu, na wode boasetɔ di yɛn so; ɛfiri sɛ wowɔ tumi a wode yɛ biribi ɛberɛ biara a wopɛ. Onyankopɔn adesuadeɛ a ɔwɔ ma Israel Wonam saa nnwuma yi so akyerɛ wo man sɛ, ɛsɛ sɛ ateneneefoɔ yɛ ayamyɛ, na wode anidasoɔ pa ahyɛ wo mma mu ma, ɛfiri sɛ woma adwensakyera wɔ bɔne ho.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 85(86):5-6, 9-10, 15-16. G/. 5a
G: Na wo, Awurade, woyɛ, na wode kyɛ.
- Na wo, Awurade, woyɛ, na wode kyɛ,
na w’adɔeɛ dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ woɔ nyinaa.
Awurade, yɛ aso ma me mpaebɔ,
na tie me nkotosrɛ nne. G/. - Amanaman a woyɛeɛ nyinaa bɛba
abɛkoto w’anim, Awurade,
na wɔabɛhyɛ wo din animuonyam.
Na woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwadeɛ,
wo nkutoo ne Onyankopɔn. G/. - Na wo, Awurade, woyɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ,
wo boasetɔ kyɛ, na w’adɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso.
Dane w’ani kyerɛ me, na dom me,
fa w’ahoɔden ma w’akoa,
na gye w’afenaa ba nkwa. G/.
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paulo nhoma a ɔkyerew komaa Romafoɔ no mu 8:26-27
Anuanom, Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu, ɛfiri sɛ sɛdeɛ yɛbɛbɔ mpaeɛ a ɛsɛ no, yɛnnim, nanso Honhom no ara de ɔpene a ɛnni kabea di ma yɛn. Na deɛ ɔpɛɛpɛɛ akoma mu no nim adekodeɛ a ɛyɛ Honhom no adwene, ɛfiri sɛ ɔdi ma ahotefoɔ no sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ.
Nea Nyame se ni.
AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! Mateo 11:25
Agya, ɔsoro ne asase wura, meda wo ase sɛ woanna nokware no adi ankyerɛ wɔn a wosusuw sɛ wɔyɛ anyansafo, na mmom wodaa no adi kyerɛɛ mmofra nkumaa.
Alleluia! Alleluia
LONGER FORM
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo Kyerɛw mae 13:24-43
Yesu buu wɔn bɛ foforɔ bi sɛ: “Ɔsoro ahennie no te sɛ onipa bi a ɔguu aba pa n’afuo mu. Na ɛberɛ a na obiara ada no, ɔtamfo bi ba bɛguu wura bɔne bi ayuo no mu, na ɔfirii hɔ kɔeɛ. Na ɛyii ahahan na ɛsoo aba no, na wura bɔne no nso daa adie.” Na afuowura no nkoa baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Owura, ɛnyɛ aba pa na woguu no w’afuo no mu? Na wura bɔne yi deɛ, ɛfiri he?” Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔtamfoɔ bi na wayɛ saa.” Na nkoa no bisaa no sɛ: “Ɛnneɛ wopɛ sɛ yɛkɔ kɔboaboa ano anaa?” Ɛnna ɔse: “Dabi, anhwɛ a, moreboaboa wura bɔne ano no, na moatu ayuo no bi afra mu. Momma ne mmienu no nyinaa nyini nkɔsi twa berɛ, na twa berɛ no mu mɛka makyerɛ twafoɔ no sɛ: Mommoaboa wura bɔne no ano kane, na monkyekyere no afiafi mma wɔnkɔhye, na ayuo no deɛ mommoaboa ano nkɔgu me san so!
Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ sɛ: “Ɔsoro ahennie te sɛ sinapi fua a onipa bi fa kɔduaa n’afuo mu. Ɛno na ɛyɛ aba ahodoɔ nyinaa mu ketewa deɛ, nanso ɛnyini a, ɛne ɛfan nyinaa mu kɛseɛ, na ɛyɛ dua ma ewiem nnomaa ba bɛyɛ pirebuo wɔ ne mman so.”
Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ sɛ: “Ɔsoro ahennie te sɛ mmɔka a ɔbaa bi fa kɔfraa esiam korokuma mmiɛnsa ma mu de kɔsii sɛ ne nyinaa kaeɛ. Yeinom nyinaa Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no abebuo mu, na wankwati bɛ anka asɛm biara ankyerɛ wɔn. Yei ma deɛ odiyifoɔ no kaeɛ no ba mu sɛ: Mɛbue m’ano mmebuo mu, na mɛpae nsɛm a ahunta firi wiase asefire no mu maka.”
Afei ɔgyaa nkurɔfoɔ akuakuo no hɔ, na ɔbaa fie. Na n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa sɛ: “Kyerɛ yɛn afuo mu wura bɔne ho bɛ no ase. Na ɔbua see wɔn sɛ: Deɛ ɔgu aba pa no ne onipa ba no; afuo no ne wiase; aba pa no ne ahennie no mma; wura no ne ɔbɔnefoɔ no mma; ɔtamfoɔ a ɔguiɛ no ne ɔbonsam; twa berɛ no ne wiase awieeɛ; twafoɔ no ne abɔfoɔ. Enti sɛdeɛ wɔboaboa wura no ano na wɔde ogya hyeɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ wiase awieeɛ. Onipa ba no bɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa suntidua ne wɔn a wɔdi nsɛmmɔne nyinaa ano afiri n’ahennie mu, na wɔde wɔn akɔgu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa bɛsu na wɔatwɛre wɔn se. Ɛnna ateneneefoɔ no bɛhyerɛn sɛ owia wɔn Agya ahennie mu. Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!
Nea Awurade se ni.
SHORTER FORM
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo Kyerɛw mae 13:24-30