AKENKAN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Odiyifo Yesaia Nhoma no mu 55:10-11
Sɛdeɛ Awurade sɛ ni: “Sɛdeɛ osuo ne sukyerɛmma firi soro gu fam na ɛnsane nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔ asase ansa ma no ba aduane na ɛso aba, na ɛde aba ma ogufoɔ ne aduane ma odifoɔ no, saa ara na m’asɛm a ɛfiri m’anomu bɛyɛ: Ɛrensane mma me nkyɛn kwa, na mmom gye sɛ ɛyɛ deɛ mepɛ na ɛwie deɛ enti a mesomaa no no.”
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 64(65):10, 11, 12-13, 14 G/. Luka 8:8
G: Aba a ɛguu asase pa mu no ɛfifirii, na ɛsoo aba pii
- Woabɛhwɛ asase agugu so nsuo,
woama ɛso aduane abu so bebree.
Nyankopɔn asubɔnten no, nsuo ayɛ mu ma,
womaa wɔn aburoo gyinae. G/. - Woguguu n’akofie so nsuo
de honoo emu apɔapɔ,
wode osuo yɛɛ no bɛtɛɛ,
wohyiraa ne fire so. G/. - Woabɔ w’ayamyɛ afirinhyia abotire,
na sradeɛ sosɔ w’akwan so.
Ɛsosɔ serɛ so adidibea so,
na mpampa de abotɔyam hyehyɛ wɔn ho. G/. - Nnwankuo ahyɛ adidibea no ma,
aburoo nso akata abɔn no mu,
wɔdi ahurisie bɔ ose,
anigyeɛ dwom nko ara na wɔtoɔ. G/.
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paulo nhoma a ɔkyerew komaa Romanfoɔ no mu 8:18-23
Anuanom, mebu no sɛ seesei berɛ yi mu amaneɛ yi nnuru animuonyam a wɔrebɛyi no adie de ama yɛn no. Na abɔdeɛ no ani agyina retwɛn Nyankopɔn mma ahoyie. Na wɔde abɔdeɛ no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ ɛno ara na ɛpɛ, na mmom deɛ ɔde hyɛɛ aseɛ no ntira, anidasoɔ mu, sɛ abɔdeɛ no ara nso bɛfa ne ho adi afiri ɔsom a ɛsom porɔeɛ no mu akɔ Nyankopɔn mma animuonyam adehyedie mu.
Na yɛnim sɛ abɔdeɛ nyinaa penepene, na ɛko awoɔ bɛduru nnɛ yi. Na ɛnyɛ ɛno nko, na yɛn ara nso a yɛwɔ Honhom no aba a ɛdi kan no, yɛn nso yɛsi apini retwɛn abayɛ a ɛne ɔgyeɛ a wɔbɛgye yɛn nipadua no.
Nea Nyame se ni.
AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! Mateo 13:4,9
Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba. Na ebi kɔguu asase pa mu; na ɛsoo aba, ebi ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.
Alleluia! Alleluia
SHORTER FORM
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo Kyerɛw mae 13:1-9
Ɛda no ara Yesu firii fie kɔtenaa mpoano. Na nkurɔfoɔ akuakuo pii boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, ɛno nti ɔkɔɔ kodoɔ mu kɔtenaa mu; na nkurɔfokuo no nyinaa gyinagyina mpoano. Na ɔkasaa pii mmebuo mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba. Na ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn, na nnomaa ba bɛsosɔe. Ebi nso kɔguu aboɔ so, faako a dɔteɛ pii nnie; na ntɛm ara na ɛfifiriiɛ, ɛfiri sɛ na dɔteɛ no mu nnɔ, na owia firiiɛ no, ɛkusae, na ɛsiane sɛ ɛnni nhini nti, ɛhyeeɛ. Ebi nso kɔguu nkasɛɛ mu; na ɛrefifire no, ɛmiaa no. Na ebi nso kɔguu asase pa mu; na ɛsoo aba, ebi ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa. Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!
Ɛbɛ no agyinaeɛ.
Nea Awurade se ni.
LONGER FORM
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo Kyerɛw mae 13:1-23
Ɛda no ara Yesu firii fie kɔtenaa mpoano. Na nkurɔfoɔ akuakuo pii boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, ɛno nti ɔkɔɔ kodoɔ mu kɔtenaa mu; na nkurɔfokuo no nyinaa gyinagyina mpoano. Na ɔkasaa pii mmebuo mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba. Na ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn, na nnomaa ba bɛsosɔe. Ebi nso kɔguu aboɔ so, faako a dɔteɛ pii nnie; na ntɛm ara na ɛfifiriiɛ, ɛfiri sɛ na dɔteɛ no mu nnɔ, na owia firiiɛ no, ɛkusae, na ɛsiane sɛ ɛnni nhini nti, ɛhyeeɛ. Ebi nso kɔguu nkasɛɛ mu; na ɛrefifire no, ɛmiaa no. Na ebi nso kɔguu asase pa mu; na ɛsoo aba, ebi ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa. Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!
Na asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Adɛn na wokasa kyerɛ wɔn mmebuo mu? Na ɔbua see wɔn sɛ: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu ɔsoro ahennie mu ahuntasɛm no, na wɔn deɛ, wɔmfa mmaa wɔn. Na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no, na wanya aboro so; na obiara a ɔnnie no, deɛ ɔwɔ mpo wɔbɛgye afiri ne nsam. Yei nti na mekasa mekyerɛ wɔn mmebuo mu, ɛfiri sɛ wɔhunu deɛ, nanso wɔnhunu, na wɔte deɛ, nso wɔnte aseɛ. Na wɔn mu na Yesaia adiyisɛm no aba mu sɛ: “Teɛ deɛ, mobɛte, na morente aseɛ; na hunu nso mobɛhunu, na morenhunu mu. Ɛfiri sɛ ɔman yi akoma apirim, na wɔn aso mu ayɛ duru, na wɔakatakata wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔannane wɔn ho, na mansa wɔn yadeɛ. Na mo deɛ, nhyira ne mo ani sɛ ɛhunu, ne mo aso sɛ ɛteɛ. Na nokorɛ mese mo sɛ, adiyifoɔ ne ateneneefoɔ pii pɛɛ sɛ anka wɔhunu deɛ mohunu yi, na wɔte deɛ moteɛ yi, nanso wɔanhunu, na wɔante nso.
Afei montie ogufoɔ ho bɛ no: Obiara a ɔte ahennie no ho asɛm, na ɔnte aseɛ no, ɔbɔnefoɔ no ba bɛhwim deɛ wɔagu no n’akoma mu no; oyi ne deɛ wɔguu no kwankyɛn no. Na deɛ wɔguu no aboɔ soɔ no, ɔno ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔde anigyeɛ gye no ntɛmntɛm; nanso ɔnni nhini wɔ ne mu, na ɔtena hɔ kakra, na sɛ asɛm no nti amanehunu anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato no suntidua. Na deɛ wɔguu no nkasɛɛ mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwene ne haw ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm no, na ɛnso aba. Na deɛ wɔguu no asase pa mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔte aseɛ; ɔno na ɔso aba, ebi so ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.
Nea Awurade se ni.
