KWASIDA A ƐTO SO DUMMIƐNSA WƆ AFE NO MU, AFE A (THIRTEENTH SUNDAY IN ORDINARY TIME YEAR A) By: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku.

KWASIDA A ƐTO SO DUMMIƐNSA WƆ AFE NO MU, AFE A (THIRTEENTH SUNDAY IN ORDINARY TIME YEAR A) By: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku.

AKENKAN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Ahenfo Nhoma a ɛto so mmienu no mu 4:8-11, 14-16a

Na da bi Elisa sene kɔɔ Sunem. Na ɔbaa ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a ɔhyɛɛ no ma ɔdidiiɛ. Na daa ɔretwam a, ɔmane hɔ kɔdidi. Na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: “Hwɛ, mahunu sɛ Nyankopɔn nipa kronkron ne oyi a ɔbɛsene yɛn nkyɛn daa yi; ma yɛnyɛ abansoro fasuo mu pia ketewa bi, na yɛmfa mpadua, ɛpono, adwa ne kaneadua nsisi hɔ mma no, na sɛ ɔba yɛn nkyɛn a, wamane akɔ hɔ. Na da bi ɔbaa hɔ, na ɔmane kɔɔ abansoro pia no mu kɔdaa hɔ.”

Na ɔbisaa sɛ: “Gehasi, ɛdeɛn na wɔnyɛ mma no?” Na Gehasi kaa sɛ: “Ampa, ɔnni ba, na ne kunu nso anyini.” Na Elisa kaa sɛ: “Frɛ no! Na ɔfrɛɛ no, na ɔbɛgyinaa ɛpono ano. Na ɔkaa sɛ: Afeda sɛsɛberɛ yi mu no, wobɛwo ɔba.”

Nea Nyame se ni.

Gyeso Dwom (Responsorial Psalm) Nnwom88(89):2-3, 16-17, 18-19. G/. 2
G: Mɛto Awurade adɔeɛ ho dwom daa

  1. Mɛto Awurade adɔeɛ ho dwom daa,
    mede m’ano bɛka wo nokorɛdie makyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ; na mɛka sɛ: Adɔeɛ bɛsi so daa,
    ɔsoro hɔ na wode nokorɛdie atintim. G/
  2. Nhyira ne ɔman a wɔnim osebɔ
    na wɔnante wo, Awurade, anim hann mu.
    Wo din mu na wɔn ho bɛsɛpɛ wɔn daa nyinaa,
    na wo tenenee mu na wɔama wɔn soɔ. G/
  3. Na wɔn ahoɔden ahyehyɛdeɛ ne wo,
    na w’adom mu na wɔama yɛn abɛn soɔ.
    Na Awurade na yɛn kyɛm wɔ no,
    na Israel Kronkronni no na yɛn hene wɔ no. G/

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht Paulo Nhoma a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no mu 6:3-4. 8-11

Anuanom, monnim sɛ, yɛn mu dodoɔ a wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ ne wuo mu anaa? Enti wɔnam owuo mu asubɔ so asie yɛne no sɛ, sɛdeɛ wɔnam Agya no animuonyam so nyanee Kristo firii awufoɔ mu no, saa ara na yɛn nso yɛnnante nkwa foforɔ mu.

Na sɛ yɛne Kristo awu a, yɛgye di sɛ yɛne no bɛtena ase nso, 9na yɛnim sɛ Kristo a wɔnyanee no firii awufoɔ mu no renwu bio; na owuo renni ne so bio. Na deɛ ɔwuiɛ no, ɔwu maa bɔne prɛko, na deɛ ɔte aseɛ no, ɔte ase ma Onyankopɔn. Saa ara na mo nso mommu mo ho sɛ moawu ama bɔne, na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu.

Nea Nyame se ni.

AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! 1 Petro 2:9
Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene, asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ
Alleluia! Alleluia!

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Marko Kyerɛw mae 10:37-42

Yesu kakyerɛ n’asuafo no sɛ: “Deɛ ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛne me no, ɔmfata me; na deɛ ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabaa kyɛne me no, ɔmfata me, na deɛ ɔmfa n’asɛnnua na ɔnni m’akyire no, ɔmfata me. Deɛ ne nsa aka ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na deɛ me nti ne kra firi ne nsa no, ne nsa bɛka.
Asomafoɔ no tumi.

“Deɛ ɔgye mo no gye me, na deɛ ɔgye me no gye deɛ ɔsomaa me no. Deɛ ɔgye odiyifoɔ wɔ odiyifoɔ din mu no, ne nsa bɛka odiyifoɔ akatua; na deɛ ɔgye onipa tenenee wɔ onipa tenenee din mu no, ne nsa bɛka onipa tenenee akatua. Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu baako nsuonwunu kuruwa ma osuani din mu no, nokorɛ mese mo sɛ, n’akatua remmɔ no.”

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *