AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Odiyifo Yeremiah Nhoma no mu 20:10-13
Yeremia Kaa sɛ: “Na mate nnipa pii nsekudie, ehu wɔ afa nyinaa, wɔse: Monkɔka, na yɛbɛkɔ akɔka atia no. Nnipa a me ne wɔn nni asɛm biara a wɔtete me ho nyinaa ka sɛ: ‘Ebia ɔbɛma wɔagyegye no, na yɛatumi no, na yɛatɔ yɛn were wɔ ne so.
Na Awurade gyina m’akyiri sɛ dɔmmarima a ne ho yɛ hu, ɛno nti m’atifoɔ bɛsuntisunti, na wɔrentumi. Wɔn ani bɛwuwu sɛ, ɛfiri sɛ ɛrensi wɔn yie, ɛyɛ daa nsopa a werɛ remfire. Na asafo Awurade a wosɔ ɔteneneeni hwɛ, hwɛ adwene ne akoma mu. Wɔn so na mɛhunu wo aweretɔ, na wo na mede m’asɛm madane woɔ.
Monto dwom mma Awurade, monyi Awurade ayɛ! Na wayi ohiani kra afiri nnipa bɔne nsam.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 68(69):8-10, 14, 17, 33-35. G/. 14C
G: Awurade, w’adɔeɛ kɛseɛ nti, gye me so.
- Na wo nti na magye ahohora,
na aniwuo ahyɛ m’ani so ma.
Madane me nuanom mu ɔhɔhoɔ,
mayɛ me na mma mu ɔnanani.
Na wo fie no ho dɔ ahyɛ me ma mmoroso,
na wɔn a wɔbɔ wo ahohora ahohorabɔ aba me so. G/. - Na me deɛ, mebɔ wo, Awurade, mpaeɛ,
adom berɛ mu,
Onyankopɔn, w’adɔeɛ kɛseɛ nti
Awurade, gye me so, na w’adɔeɛ yɛ,
dane w’ani kyerɛ me,
sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebree no teɛ. G/. - Ahobrɛasefoɔ hunu a, wɔn ani bɛgye,
mo a mohwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan,
mo akoma nnya nkwa.
Na Awurade tie ahiafoɔ,
na ɔnto ne nkurɔfoɔ nneduafoɔ ho mpe.
Ma ɔsoro ne asase nyi no ayɛ,
ɛpo ne deɛ ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa. G/.
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paulo nhoma a ɔkyerew komaa Romafoɔ no mu 5:12-15
Anuanom, sɛdeɛ ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owuo nam bɔne so baeɛ no, saa ara na ɛyɛeɛ na owuo trɛ kaa nnipa nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Na bɔne wɔ wiase ansa na mmara no reba, nso mmara nni hɔ a, wɔmfa bɔne mmu nkonta. Nanso owuo dii hene firi Adam so bɛsii Mose so; wɔn a wɔanyɛ Adam mmarato no nsɛso so bɔne mpo, ɔdii wɔn so bi; saa Adam yi ara nso ne deɛ ɔbɛba no nsususoɔ.
Na ɛnyɛ sɛdeɛ mfomsoɔ no teɛ na adom akyɛdeɛ no nso teɛ, ɛfiri sɛ ɔbaakofoɔ mfomsoɔ nti nnipa bebree awu a, Nyankopɔn adom, ne onipa baako a ɔne Yesu Kristo no mu adom akyɛdeɛ aboro so ama nnipa bebree akyɛne saa.
Nea Nyame se ni.
Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation)
Alleluia! Alleluia Yohane 15, 26-27
Nokorɛ Honhom no bɛdi me ho adanseɛ, na mo nso mobɛdi adanseɛ
Alleluia! Alleluia
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo Kyerɛw mae 10:26-33
Yesu ka kyereɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Monnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adie, anaa ahunta a wɔrenhunu. Deɛ meka mekyerɛ mo esum mu no, monka no hann mu, na deɛ mote no mo aso mu no, mompae mu nka no adan atifi. Na monnsuro wɔn a wɔkum honam na wɔntumi nkum ɔkra, na mmom monsuro deɛ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne honam amanehunu kuro mu. Wɔntɔn mpatuprɛ mmienu nnye kaprɛ? Nanso wɔn mu baako mpo nkwati mo Agya nhwe fam. Na mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti monnsuro! Mosene mpatuprɛ bebree. Enti obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m’agya a ɔwɔ soro no anim; na obiara a ɔbɛpa me wɔ nnipa anim no, me nso mɛpa no m’agya a ɔwɔ soro no anim.”
Nea Awurade se ni.
