AKENKAN N A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Exodus Nhoma no mu 19:2-6a
Na Israelfoɔ tu firii Refidim no, wɔbaa Sinai serɛ so bɛkyeree nsraban; na Israel kyeree nsraban Sinai bepɔ no anim hɔ. Na Mose foro kɔɔ Nyankopɔn nkyɛn, na Awurade firi bepɔ no so frɛɛ no sɛ: “Sɛdeɛ ka kyerɛ Yakob fie, na ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: Mo ara moahunu deɛ meyɛɛ Misraim no ne sɛdeɛ mesoaa mo akɔdeɛ ntaban soɔ, na mede mo aba me nkyɛn yi. Na afei sɛ mobɛtie me nne na moadi m’apam so a, ɛnneɛ, mobɛyɛ m’agyapadeɛ a ɛsom boɔ afiri aman nyinaa mu, na me na asase nyinaa wɔ me. Na mo deɛ, mobɛyɛ me asɔfoɔ ahemman ne ɔman kronkron. Yeinom ne nsɛm a ka kyerɛ Israelfoɔ no.”
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 99(100):1-2, 3, 5. G/. 3c
G: Yɛyɛ ne man ne n’adidibea nnwan.
- Asase nyinaa, mommɔ ose mma Awurade.
Momfa anigyeɛ nsom Awurade,
na momfa ahurisie dwom mmra n’anim. G/ - Monhunu sɛ Awurade ne Onyankopɔn,
ɔno na ɔyɛɛ yɛn, ɔno na yɛwɔ no na yɛnne yɛn ho, na
yɛyɛ ne man ne n’adidibea nnwan. G/ - Na Awurade yɛ,
n’adɔeɛ wɔ hɔ daa,
na ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. G/.
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paulo nhoma a ɔkyerew komaa Romanfo no mu 5:6-11
Anuonam, na yɛda so yɛ mmerɛ no, berɛ a ɛsɛ mu no, Kristo wu maa abusuyɛfoɔ. Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛwu ama deɛ ɔyɛ onipa tenenee mpo; na deɛ ɔyɛ onipa pa no deɛ, ebia anka obi bɛsi ne bo sɛ ɔbɛwu ama no. Na Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, ɛfiri sɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.
Enti afei mmom a wɔabu yɛn bem wɔ ne mogya mu yi, wɔnam ne so bɛgye yɛn nkwa afiri abufuo no mu. Na sɛ, berɛ a yɛyɛ atamfoɔ no, wɔnam ne Ba no wuo so apata yɛn ne Nyankopɔn ntam a, afei mmom a wɔapata ama yɛn yi, wɔbɛgye yɛn nkwa mmoroso wɔ ne nkwa no mu. Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu, ɛsiane Awurade Yesu Kristo a yɛnam no so seesei anya mpata yi.
Nea Nyame se ni.
Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation)
Alleluia! Alleluia! Mark 1:15
Ɛberɛ no awie du, Nyankopɔn ahennie no abɛn. Monsakyera mo adwene, na monnye asɛmpa no nni
Alleluia! Alleluia!
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo Kyerɛw mae 9:36-10:8
Na Yesu hunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔabrɛ, na na wɔsam hɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ. Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfoɔ no deɛ, wɔsua. Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfoɔ mmra ne twa adwuma no mu!”
Na ɔfrɛɛ n’asuafoɔ dummienu no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wɔntu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa. Na asomafoɔ dummienu no din nie: Deɛ ɔdi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea; Yakobo a ɔyɛ Sebedeo ba no ne ne nua Yohane, Filipo ne Bartolomeo, Toma ne togyeni Mateo no, Alfeo ba Yakobo ne Tadeo, Simon a ɔfiri Kana ne Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no nso.
Asomafoɔ no adwuma
Dummienu yi na Yesu somaa wɔn hyɛɛ wɔn sɛ: “Mommmane nnkɔ amanaman kwan so, na monnhyɛne Samariafoɔ kuro biara mu, na mmom monkɔ Israel fie nnwan a wɔayera no nkyɛn! Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahennie no abɛn. Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho mfi, montu ahonhommɔne; moanya no kwa, na momfa mma kwa!”
Nea Awurade se ni.
