AKENKAN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Odiyifoɔ Hesekiel Nhoma no mu 37:12-14
Sɛ Awurade Nyankopɔn se nie: “Hwɛ, merebuebue mo adamena ano na mayi mo, me man, afiri mo adamena mu, na mede mo akɔ Israel asase so, na moahunu sɛ mene Awurade, sɛ mebuebue mo adamena ano, me man, na mema mo firi adamena no mu ba a. Na mede me honhom bɛhyɛ mo mu, na moanya nkwa, na mede mo adua mo asase so, na moahunu sɛ me, Awurade, na maka na mayɛ, Awurade asɛm nie.”
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 129(130): 1-8 G/. 7
G: Awurade n’afam na adɔeɛ wɔ, na ɔgyeɛ a ɛdɔɔso wɔ ne nsam.
- Mefiri abunu kuronkuron mu mefrɛ wo, Awurade.
Awurade, tie me nne,
wɛn w’aso tie me nkotosrɛ. G/. - Awurade sɛ wodi amumuyɛdeɛ akyiri a,
hwan na anka ɔbɛgyina?
Na wo na fakyɛ wɔ wo fam,
na wɔasuro wo. G/. - Mehwɛ Awurade kwan,
me kra rehwɛ kwan,
na n’asɛm so na m’ani da.
Me kra twɛn Awurade sene awɛmfoɔ a wɔtwɛn adekyeeɛ,
Israel, ma w’ani nna Awurade so. G/. - Awurade n’afam na adɔeɛ wɔ,
na ɔgyeɛ a ɛdɔɔso wɔ ne nsam.
Ɔno na ɔbɛgye Israel
afiri n’amumuyɛ nyinaa mu. G/.
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paulo nhoma a ɔkyerew komaa Romafoɔ no mu 8:8-11
Anuanom, wɔn a wɔwɔ honam mu no ntumi nsɔ Nyankopɔn ani. Na mo deɛ, monni honam mu, na mmom mowɔ honhom mu, nanso gye sɛ Nyankopɔn honhom te mo mu. Na sɛ obi nni Kristo honhom a, ɔnyɛ ne dea. Na sɛ Kristo wɔ mo mu a, bɔne nti nipadua no awu deɛ, nanso tenenee nti honhom no ma nkwa. Na sɛ deɛ ɔnyanee Yesu firii awufoɔ mu no Honhom te mo mu a, deɛ ɔnyanee Kristo Yesu firii awufoɔ mu no bɛma mo nipadua a ɛwuo yi nso nkwa, ɛnam ne honhom a ɛte mo mu no so.
Nea Nyame se ni.
Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation) Yohane 11:25- 26
Ayeyi nka wo, O Kristo, daa animuonyam hene!
Mene owusɔreɛ ne nkwa; deɛ ɔgye me die no sɛ wawu mpo a, ɔbɛnya nkwa.
Ayeyi nka wo, O Kristo, daa animuonyam hene!
LONGER FORM
ASƐMPA (GOSPEL)*
Asɛmpa no sɛnea Ht. Yohane Kyerɛw mae 11:1-45
Ɔyarefoɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Lasaro a ɔfiri Betania, Maria ne ne nuabaa Marta kuro mu. Na ɛyɛ Maria a ɔde ngo hwamhwam sraa Awurade na ɔde ne tirinwi pepaa ne nan ho no na ne nua Lasaro yareɛ no. Enti ne nuammaanom soma baa Yesu nkyɛn sɛ: “Awurade, hwɛ, deɛ wodɔ no no yare.” Na Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ: “Yadeɛ yi nyɛ owuo yadeɛ, na Nyankopɔn animuonyam ntira, sɛ wɔbɛfa so ahyɛ Nyankopɔn Ba no animuonyam.”
Nso Yesu dɔ Marta ne ne nuabaa no ne Lasaro. Na afei ɔtee sɛ ɔyareɛ no, ɔtenaa faako a ɔwɔ hɔ no ara nnanu. Na ɛno akyiri no, ɔsee n’asuafoɔ no sɛ: “Momma yɛnkɔ Yudea bio!” Asuafoɔ no see no sɛ: “Rabi, nnansa yi ara, na Yudafoɔ rehwehwɛ sɛ wɔsi wo aboɔ, na worekɔ hɔ bio yi?” Yesu buaa sɛ: “Ɛnyɛ nnɔnhwereɛ dummienu na ɛwɔ da baako mu? Sɛ obi nam awia a, ɔnsunti, ɛfiri sɛ ɔhunu wiase hann; na sɛ obi nam anadwo a, ɔsunti, ɛfiri sɛ hann nni ne mu.” Ɔkaa yeinom, na ɛno akyiri no, ɔsee wɔn sɛ: “Yɛn adamfo Lasaro ada; na merekɔ makɔnyane no.” Ɛnna n’asuafoɔ no kaa sɛ: “Awurade, sɛ wada deɛ a, ɔbɛsɔre.” Na Yesu deɛ, ɔkaa ne wuo ho asɛm; na wɔn deɛ, wɔsusuu sɛ nna pa ho asɛm na ɔreka. Ɛnna afei Yesu see wɔn pefee sɛ: “Lasaro awu; na mo nti ɛyɛ me dɛ sɛ menni hɔ, na moagye adi. Nanso momma yɛnkɔ ne nkyɛn! Ɛnna Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ: “Yɛn nso, momma yɛnkɔ na yɛne no nkɔwu!
Ɛnna Yesu duruu hɔ no, ɔbɛhunuu sɛ wadi ɛda mu nnanan dada. Nso Betania bɛn Yerusalem, ɛbɛyɛ kwansinimienu, na Yudafoɔ no mu pii aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn, wɔn nua no nti. Ɛnna Marta tee sɛ Yesu reba no, ɔkɔhyiaa no; na Maria deɛ, ɔtenaa fie. Ɛnna Marta see Yesu sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima anwu. Na seesei mpo menim sɛ biribiara a wobɛbisa Onyankopɔn no, Onyankopɔn de bɛma wo.”
Yesu see no sɛ: “Wo nuabarima no bɛsɔre bio.” Marta see no sɛ: “Menim sɛ owusɔreɛ mu, da a ɛdi akyire no, ɔbɛsɔre.” Yesu see no sɛ: “Mene owusɔreɛ ne nkwa; deɛ ɔgye me die no sɛ wawu mpo a, ɔbɛnya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ɔgye me die no renwu da. Wogye yei di anaa?” Ɔsee no sɛ: “Aane, Awurade, megye medi sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.” Na ɔkaa saa no, ɔsii mu kɔfrɛɛ ne nua Maria kokoam sɛ: “Kyerɛkyerɛfoɔ no aba, na ɔrefrɛ wo.” Ɔno nso teeɛ no, ɔsɔree ntɛm baa ne nkyɛn. Nanso na Yesu nnya nhyɛnee kuro no mu, na ɔwɔ deɛ Marta bɛhyiaa no hɔ. Ɛnna Yudafoɔ a wɔne no wɔ efie hɔ regyam no no hunuu sɛ Maria asɔre ntɛmntɛm afiri adie no, wɔdii n’akyi kaa sɛ: “Ɔrekɔ ɛda no so hɔ akɔsu.”
Ɛnna Maria duruu faako a Yesu wɔ na ɔhunuu no no, ɔhwee ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima anwu.” Ɛnna Yesu hunuu no sɛ ɔresu na Yudafoɔ a wɔne no baeɛ nso resu no, ɔguu ahome honhom mu, na ne ho yeraa no, na ɔkaa sɛ: “Ɛhe na mode no toeɛ?” Wɔsee no sɛ: “Awurade, bra bɛhwɛ!” Yesu sui. Ɛnna Yudafoɔ no kaa sɛ: “Hwɛ dɔ a ɔdɔ no!” Na wɔn mu binom se: “Oyi a ɔbuee onifirani ani no, sɛ anka ɔbɛtumi agye oyi afiri wuo mu.” Ɛnna Yesu guu ahome ne mu bio, na ɔbaa ɛda no so; ɛyɛ ɔbodan, na ɔboɔ hini ano. Yesu kaa sɛ: “Monyi ɔboɔ no! Deɛ wawuo no nua Marta see no sɛ: Awurade, sɛsɛɛ deɛ, wabɔn, na wadi nnanan.” Yesu see no sɛ: “Manka mankyerɛ wo sɛ wogye di a, wobɛhunu Nyankopɔn animuonyam?” Ɛnna wɔyii ɔboɔ no. Na Yesu maa n’ani so kaa sɛ: “Agya, meda wo ase sɛ woatie me. Na me deɛ, menim sɛ wotie me daa; na nkurɔfokuo a wɔgyina hɔ no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.” Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: “Lasaro, firi bra!” Na deɛ wawuo no firii adi, ɛda no mu, ntoma kyekyere ne nan ne ne nsa, na duku kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: “Monsane no, na momma no nkɔ.” Ɛnna Yudafoɔ no mu pii a wɔbaa Maria nkyɛn na wɔhunuu adeɛ a Yesu yɛeɛ no gyee no diiɛ.
Nea Awurade se ni.
SHORTER FORM
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Yohane Kyerɛw mae 11:3-7, 17, 20-27, 33b-45
Maria ne ne nuabaa Marta soma baa Yesu nkyɛn sɛ: “Awurade, hwɛ, deɛ wodɔ no no yare.” Na Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ: “Yadeɛ yi nyɛ owuo yadeɛ, na Nyankopɔn animuonyam ntira, sɛ wɔbɛfa so ahyɛ Nyankopɔn Ba no animuonyam.”
Nso Yesu dɔ Marta ne ne nuabaa no ne Lasaro. Na afei ɔtee sɛ ɔyareɛ no, ɔtenaa faako a ɔwɔ hɔ no ara nnanu. Na ɛno akyiri no, ɔsee n’asuafoɔ no sɛ: “Momma yɛnkɔ Yudea bio!”
Marta see no sɛ: “Menim sɛ owusɔreɛ mu, da a ɛdi akyire no, ɔbɛsɔre.” Yesu see no sɛ: “Mene owusɔreɛ ne nkwa; deɛ ɔgye me die no sɛ wawu mpo a, ɔbɛnya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ɔgye me die no renwu da. Wogye yei di anaa?” Ɔsee no sɛ: “Aane, Awurade, megye medi sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.”
Yesu guu ahome honhom mu, na ne ho yeraa no, na ɔkaa sɛ: “Ɛhe na mode no toeɛ?” Wɔsee no sɛ: “Awurade, bra bɛhwɛ!” Yesu sui. Ɛnna Yudafoɔ no kaa sɛ: “Hwɛ dɔ a ɔdɔ no!” Na wɔn mu binom se: “Oyi a ɔbuee onifirani ani no, sɛ anka ɔbɛtumi agye oyi afiri wuo mu.” Ɛnna Yesu guu ahome ne mu bio, na ɔbaa ɛda no so; ɛyɛ ɔbodan, na ɔboɔ hini ano. Yesu kaa sɛ: “Monyi ɔboɔ no! Deɛ wawuo no nua Marta see no sɛ: Awurade, sɛsɛɛ deɛ, wabɔn, na wadi nnanan.” Yesu see no sɛ: “Manka mankyerɛ wo sɛ wogye di a, wobɛhunu Nyankopɔn animuonyam?” Ɛnna wɔyii ɔboɔ no. Na Yesu maa n’ani so kaa sɛ: “Agya, meda wo ase sɛ woatie me. Na me deɛ, menim sɛ wotie me daa; na nkurɔfokuo a wɔgyina hɔ no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.” Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: “Lasaro, firi bra!” Na deɛ wawuo no firii adi, ɛda no mu, ntoma kyekyere ne nan ne ne nsa, na duku kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: “Monsane no, na momma no nkɔ.” Ɛnna Yudafoɔ no mu pii a wɔbaa Maria nkyɛn na wɔhunuu adeɛ a Yesu yɛeɛ no gyee no diiɛ.
Nea Awurade se ni.
