AKENKEN A ƐDI KAN (FIRST READING)
Akenken a efiri Odiyifo Yesaia nhoma no mu 8:23-9-3/ 9:1-4
Akane berɛ no wammu Sebulon asase ne Naftali asase no, nanso akyire yi no, ɔbɛhyɛ amanaman Galilea a ɛwɔ ɛpo kwan, Yordan agya no animuonyam. Ɔman a na wɔnam sum mu no, ahunu hann kɛseɛ, wɔn a na wɔte sum kabii asase soɔ no, hann ahyerɛn wɔn so. Woama ɔman no adɔre, woama n’anigyeɛ ayɛ kɛseɛ, wɔn ani gye w’anim sɛ twaberɛ mu anigyeɛ, sɛdeɛ wɔdi asadeɛkyɛ mu ahurisie. Na wɔn adesoa dua ne wɔn akyiri abaa ne wɔn kafoɔpoma no, woabubu mu sɛ Midian da no.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 26(27):1, 13-14 G/. 1
G: Awurade ne me hann ne me nkwagyeɛ
- Awurade ne me hann ne me nkwagyeɛ,
hwan na mensuro no?
Awurade ne me nkwa ahoɔden,
hwan anim na me ho mpopoɔ? G/ - Adeɛ baako na masrɛ Awurade,
ɛno na mɛhwehwɛ akyire kwan;
sɛ me nna a medie nyinaa mɛtena Awurade fie,
na mahwɛ Awurade animteɛ,
na madwene me tirim wɔ n’asɔrefie. G/ - Megye medi sɛ mɛhunu Awurade ayamyɛ,
ateasefoɔ asase so.
Ma w’ani nna Awurade so,
hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru,
ma w’ani nna Awurade so. G/
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paulo nhoma a edi kan a ɔkyerew komaa Korintofoɔ no mu 1:10-13, 17
Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so metu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ anokorɔ, na mpaepaemu amma mo mu, na mmom moabɔ mu awie pɛyɛ adwene korɔ ne nsusuiɛ korɔ mu. Na me nuanom, Kloe fiefoɔ abɛyi me mo ho asotire sɛ, aperepereɛ wɔ mo mu. Ɛne sɛ, mo mu biara ka sɛ: Me deɛ, mewɔ Paulo afa, anaasɛ me deɛ mewɔ Apolo afa, anaasɛ me deɛ mewɔ Kefa afa, anaasɛ me deɛ mewɔ Kristo afa. Wɔapaepae Kristo mu anaa? Paulo na wɔbɔɔ no asɛnnua mu maa mo, anaasɛ wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Paulo din mu anaa?
Na Kristo ansoma me sɛ memmɛbɔ asu ara kɛkɛ, na mmom sɛ memmɛka asɛmpa no, ɛnyɛ nyansasɛnka mu, na Kristo asɛnnua no anyɛ kwa.
Nea Nyame se ni.
AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! Mateo 4:23
Yesu kaa ahennie no ho asɛmpa no, na ɔsaa yadeɛ biara ɔman no mu..
Alleluia! Alleluia!
(LONGER FORM)
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo kyerɛw mae 4:12-23
Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, ɔsii mu kɔɔ Galilea. Na ɔfirii Nasaret kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ mpoano, Sebulon ne Naftali ahyeɛ so, na deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no aba mu sɛ: “Sebulon asase ne Naftali asase, ɛpo kwan so, Yordan agya, amanaman Galilea, ɔman a wɔte sum mu no hunuu hann kɛseɛ bi na wɔn a wɔte owuo asase soɔ ne ne sunsum mu no, hann bi apue ama wɔn.”
Ɛfiri saa berɛ no, Yesu firii aseɛ kaa asɛm sɛ: “Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn.”
Na Yesu nenam Galilea po ho no, ɔhunuu anuanom baanu, Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea, sɛ wɔregu asau ɛpo no mu; na wɔyɛ apofofoɔ. Na ɔsee wɔn sɛ: “Mommɛdi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifoɔ.” Na ntɛm ara wɔgyaa wɔn asau no hɔ, bɛdii n’akyi. Na ɔfiri hɔ kɔɔ n’anim no, ɔhunuu anuanom baanu bio, Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane, sɛ wɔne wɔn agya Sebedeo te kodoɔ mu repempam wɔn asau; na ɔfrɛɛ wɔn. Na ntɛm ara wɔgyaa kodoɔ no ne wɔn agya hɔ bɛdii n’akyi.
Na Yesu kyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa no, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ biara ɔman no mu.
Nea Awurade se ni.
ANAA
(SHORTER FORM)
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo kyerɛw mae 4:12-17

Thank you