MASS READINGS (TWI) AWURADE MMAE BERE KWASIDA A ETO SO MMIENSA AFE A (THIRD SUNDAY OF ADVENT YEAR A) by Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku

MASS READINGS (TWI) AWURADE MMAE BERE KWASIDA A ETO SO MMIENSA AFE A (THIRD SUNDAY OF ADVENT YEAR A) by Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku

AKENKAN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Odiyifoɔ Yesaia Nhoma no mu 35:1-6, 10

Ɛserɛ so ne nkyɛkyerɛ bɛnya anika, na anwea paradada adi ahurisie, na ahane
sɛ nhyerɛne; nhyerɛne ara na ɛbɛguo, ahosɛpɛ ne osebɔ mu ara na ɛbɛdi ahurisie;
wɔde Lebanon animuonyam bɛma no, Karmel ne Saron nso bɛnya wɔn tumi,
wɔn na wɔbɛhunu Awurade animuonyam, yɛn Nyankopɔn tumi no.

Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den, mommia nkotodwe a agoɔ mu; monka nkyerɛ wɔn a wɔn akoma atuo sɛ: Monhyɛ mo ho den, monnsuro, hwɛ, mo Nyankopɔn nie! ɔde aweretɔ, Nyankopɔn ananmuhyɛ na ɛreba. Ɔno na ɔreba abɛgye mo nkwa! Ɛno na anifirafoɔ ani bɛbue, na asotifoɔ aso abue; ɛno na apakye bɛhuri sɛ ɔforoteɛ,
na emum tɛkyerɛma ato ahurisie dwom, na nsuo bɛtue ɛserɛ so, na nsuwansuwa asene anwea paradada so.

Wɔn a Awurade apono wɔn no bɛsane aba, na wɔde nnwontoɔ aba Sion; na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi, ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 145(146):6-10 G/. Yesaia 35:4
G/: Awurade bra begye yen nkwa

  1. Ɔno na ɔkora nokorɛ daa.
    Ɔbu atɛn ma wɔn a wɔdi wɔn amim,
    ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane.
    Awuade tu nneduafoɔ. G/.
  2. Awurade bue anifirafoɔ ani,
    Awurade ma wɔn a wɔakotoɔ so gyina,
    Awurade dɔ ateneneefoɔ,
    Awurade kora ahɔhoɔ. G/.
  3. Ɔgyina nwisiaa ne akunafoɔ akyi,
    na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɔdane ani.
    Awurade di hene daa,
    Sion, wo Nyankopɔn di hene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. G/.

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Yakobo Nhoma no mu 5:7-10

Anuanom, monya abodwokyɛre nkɔduru da a Awurade bɛba. Hwɛ, okuafoɔ a ɔretwɛn asase aba a ne boɔ yɛ den no to ne bo ase kyɛre wɔ ho, de kɔsi sɛ ɛnya feefee ne asusɔ. Mo nso, monya abodwokyɛre, monhyɛ mo akoma den, ɛfiri sɛ da a Awurade bɛba no abɛn. Anuanom, monngugu ahome nntiatia mo ho, na wɔammu mo atɛn. Hwɛ, ɔtemmufoɔ no gyina ɛpono ano. Anuanom, momfa adiyifoɔ a wɔkasaa Awurade din mu no nyɛ amanehunu ne abodwokyɛre nhwɛsoɔ.

Nea Nyame se ni.

Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation)
Alleluia! Alleluia! Luka 4:18
Awurade honhom wɔ me so, wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafoɔ.
Alleluia! Alleluia!

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo Kyerɛw mae 11:2-11

Yohane tee Kristo nnwuma wɔ afiase no, ɔsomaa n’asuafoɔ 3 kɔbisaa no sɛ: “Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforɔ kwan?” Na Yesu bua see wɔn sɛ: “Monkɔ, na monkɔka deɛ moteɛ na mohunu yi nkyerɛ Yohane: Anifirafoɔ hunu adeɛ, na mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, na asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ. Na nhyira ne deɛ merento no suntidua.”

Na yeinom rekorɔ no, Yesu firii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: “Ɛdeɛn na mofirii adi kɔɔ serɛ so kɔhwɛeɛ? Mmɛwa a mframa rehim anaa? Anaasɛ ɛdeɛn na mofirii adi kɔhwɛeɛ? Onipa a ɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ no wɔ ahemfo afie mu. Anaasɛ adɛn nti na mofirii adie? Mokɔhwɛɛ odiyifoɔ anaa? Aane, mese mo sɛ, ɔsene odiyifoɔ mpo. Oyi ne deɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim a ɔbɛsiesie w’anim kwan.’

Nokorɛ mese mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsene Yohane suboni; nanso deɛ ɔyɛ ketewa koraa wɔ ɔsoro ahennie mu no yɛ kɛseɛ sene no.

Nea Awurade se ni.

2 Comments

  1. Kumi Stephen

    It’s really helpful to me

  2. Kumi Stephen

    Very inspiring message

Leave a Reply to Kumi Stephen Cancel reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *