KWASIDA A ƐTO SO ADUASA WƆ AFE NO MU, AFE C (THIRTIETH SUNDAY IN ORDINARY TIME, YEAR C) by: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku

KWASIDA A ƐTO SO ADUASA WƆ AFE NO MU, AFE C (THIRTIETH SUNDAY IN ORDINARY TIME, YEAR C) by: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku

AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Sirak Nhoma no mu 35:12-14, 16-18
Ɔhobrɛaseni mpaebɔ hwirehwire mununkum mu.

Awurade yɛ ɔtemmuafoɔ, a ɔnnhwɛ onipa anim. Ɔrenyɛ nhwehwɛanim nkyerɛ ohiani; na mmom ɔbɛtie deɛ wafom no no mpaebɔ. Ɔremmu n’ani nngu agyanka nkotosrɛ so, anaasɛ okunani wɔ ɛberɛ a ɔde n’asɛm ato n’anim.

Deɛ ne som sɔ Awurade ani no, wɔbɛgye no ato mu, na ne mpaebɔ bɛduru mununkum mu. Ɔhobrɛaseni mpaebɔ hwirehwire mununkum mu, na ɛrenhome kɔsi sɛ ɛbɛduru ne botaeɛ ho; ɛrennyae kɔsi sɛ Ɔsorosoroni no bɛgye soɔ na wabu atɛntenenee ama ɔteneneeni, na wabu atɛn na Awurade rentwentwɛn.

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 33(34) :2-3, 17-18, 19, 23 G./. 7

G/. Ohiani yi teɛɛm, na Awurade tiee no.

  1. Mɛhyira Awurade nna nyinaa,
    n’ayeyie wɔ m’anomu daa yi.
    Awurade mu na me kra bɛhoahoa ne ho,
    ahobrɛasefoɔ bɛte, na wɔn ani agye. G/.
  2. Awurade ani sa nnebɔneyɛfoɔ,
    sɛ ɔbɛhye wɔn ase, asase so.
    Ateneneefoɔ su frɛ, na Awurade tie,
    na ɔgye wɔn firi wɔn ahohia nyinaa mu. G/.
  3. Awurade bɛn wɔn a wɔn akoma abubuo,
    na ɔgye wɔn a wɔn honhom apɛkyɛ.
    Awurade gye ne nkoa kra,
    na wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa remmrɛ mu. G/.

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paul nhoma a eto so mmienu a ɔkyerɛw komaa Timothy 4:6-8, 16-18

Anuanom, me deɛ, wɔanya rehwie me agu sɛ ahwiesa, na me berɛ a mede bɛsɔre ha ahi. Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidie no, makora. Deɛ aka a ɛda me hɔ ne tenenee abotire a Awurade, ɔtemmufoɔ tenenee no de bɛma me Ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyie no nyinaa nso bi.

Me nyiano a ɛdi kan no mu, obiara ammɛgyina m’akyi, na wɔn nyinaa gyaa me hɔ; wɔmmmu nngu wɔn so. Na Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman mufoɔ nyinaa ate; na wɔyii me firii gyata anomu. Na Awurade bɛyi me afiri bɔne nyinaa mu, na wagye me akɔ ne soro ahennie no mu; ɔno na animuonyam wɔ no mmerɛ santen mfesanten. Amen.

Nea Nyame se ni.

AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! 2 Corinthians 5:19
Onyankopɔn wɔ Kristo mu a ɔrepata twe wiase fam ne ho, na wɔde nkabom asɛm no ahyɛ yɛn nsa..
Alleluia! Alleluia!

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Luka Kyerɛw mae 18:9-14

Yesu buu binom a wɔde wɔn ho too wɔn ho soɔ sɛ wɔtene na wɔmmu wɔn a aka no bɛ yi sɛ: “Nnipa baanu kɔɔ asɔrefie mpaebɔ; ɔbaako yɛ Farisini, na ɔbaako yɛ ɔtogyeni. Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpaeɛ ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛdeɛ nnipa a aka no teɛ: Amimfoɔ, nkontompofoɔ, ayerefafoɔ anaa ɔtogyeni yi mpo. Medi mmuada dapɛn mu mprenu, mede deɛ menya nyinaa so ntotosoɔ du du mema.

Na ɔtogyeni no deɛ, ɔgyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko so kaa sɛ: ‘Onyankopɔn, hu me debɔneyɛni mmɔbɔ! Mese mo sɛ: Oyi de bem sane kɔɔ ne fie mmom sene ɔbaako no; na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so.”

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *