AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Exodus Nhoma no mu 17:8-13
Na Amalek bae ne Israel bɛkoe wɔ Refidim. Na Mose ka kyerɛɛ Yosua se, “Yi asraafo ma yɛn na yɛne Amalekfo no nkɔko. Ɔkyena megyina bepɔw no apampam a mikura Onyankopɔn pema no.”
Enti Yosua ne ne dɔm kɔtoaa Amalekfo asraafo no ne wɔn koe sɛnea na Mose ahyɛ no, na Mose ne Aaron ne Hur foro kɔɔ bepɔw no apampam pɛɛ. Mmere dodow a Mose kura pema no mu kyerɛ soro na Israelfo no redi nkonim na sɛ ɔbrɛ pema no ase a, na Amalekfo no nso redi Israelfo no so. Mose brɛ a na ontumi mma pema no so bio enti Aaron ne Hur pirew ɔbo bi too hɔ ma ɔtenaa so. Wogyinagyinaa Mose benkum ne nifa memaa ne nsa abien no so kosii sɛ owia kɔtɔe. Ɛbaa saa no, Yosua ne ne dɔm dii Amalekfo no so, kunkum wɔn wɔ afoa ano.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 120(121) :1-2, 3-4, 5-6, 7-8 G./2
G/. Yɛn mmoa fi Awurade, ɔsoro ne asase yɛfo no.
- Mema mʼani so kyerɛ mmepɔw no,
ɛhe na me mmoa fi bɛba?
Me mmoa fi Awurade,
ɔsoro ne asase yɛfo no. G/. - Ɔremma wo nan nwatiri,
nea ɔhwɛ wo no rentɔ nko.
Ampa ara, nea ɔhwɛ Israel no
rentɔ nko na ɔrenna. G/. - Awurade hwɛ wo so;
Awurade ne wo nwini wɔ wo nsa nifa so;
Owia rensɛe wo wɔ adekyee mu,
na ɔsram nso rensɛe wo anadwo. G/. - Awurade bɛbɔ wo ho ban afi ɔsɛe nyinaa ho,
ɔbɛhwɛ wo nkwa so;
Awurade bɛhwɛ wʼadifi ne wo fieba so
mprempren ne daa. G/.
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paul nhoma a eto so mmienu a ɔkyerɛw komaa Timothy 3:14-4:2
Kɔ so tena ase nokware mu sɛnea wɔkyerɛɛ wo no, na gye di yiye. Wunim wɔn a wusua fii wɔn nkyɛn, na wokae nso sɛ efi wo mmofraase na woahu Kyerɛwsɛm no a etumi ma wuhu nyansa, na ɛma wunya gyidi wɔ Kristo Yesu mu, na egye wo nkwa. Kyerɛwsɛm nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyi, ateɛteɛ ne trenee mu yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nipa bɛyɛ nea wɔasiesie no yiye ama nnwuma pa nyinaa.
Migyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo ntɛn, ne ba a ɔbɛba ne nʼahenni no so hyɛ wo sɛ, ka asɛm no, na bere biara gyina ne ka mu dennen yi ntɛn. Ka anim, tu fo na kyerɛkyerɛ wɔ boasetɔ mu
Nea Nyame se ni.
AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! Hebrifo 4:12
Onyankopɔn asɛm yɛ nkwa, na ahoɔden wɔ mu. Ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.
Alleluia! Alleluia!
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Luka Kyerɛw mae 18:1-8
Yesu nam mmebu so kyerɛɛ nʼasuafo no hia a ehia sɛ wɔbɔ mpae daa a wɔmpa abaw. Yesu kae se, “Otemmufo bi tenaa kurow bi mu a na onsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara. Na ɔbea kunafo bi te saa kurow no mu a ɔne obi wɔ asɛm. Daa na saa okunafo yi kɔ otemmufo no nkyɛn kɔsrɛ no se onni nʼasɛm no mma no.
“Mfiase no, otemmufo no ammua no. Nanso akyiri no ɔkae se, ‘Ɛwɔ mu sɛ minsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara de, nanso esiane sɛ daa ɔbea yi haw me nti, mɛhwɛ adi asɛm no yiye ama no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremmɛhaw me bio!’ ”
Awurade toaa so se, “Moate asɛm a otemmufo yi a ɔnteɛ no kae. Munnnye nni sɛ Onyankopɔn bedi ama ne mma a daa wosu frɛ no awia ne anadwo no? Anaa ɔbɛtwentwɛn ne nan ase anaa? Merema moate ase sɛ ɔbɛyɛ wɔn apɛde ama wɔn ntɛm. Sɛ Onipa Ba no san ba a, nnipa dodow ahe na obehu sɛ wɔwɔ ne mu gyidi?”
Nea Awurade se ni.

