AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Odiyifo Habakkuk Nhoma no mu 1:2-3; 2:2-4
O Awurade, menteam nkɔsi da bɛn ara na wobɛtie me? Nhyɛsoɔ nti mesu mefrɛ wo, nanso wonnye me. Adɛn nti na woma mehunu abusudeɛ ne ɔhaw sɛɛ, na wonyɛ ho hwee yi? Ɔsɛeɛ ne nhyɛsoɔ da m’anim, na ɔhaw ba, na akameakame sɔre.
Na Awurade buaa me sɛ: “Twerɛ adehunu no, na kyerɛkyerɛ mu gu aboɔpono so, na wɔatumi akan no wɔ ahoɔherɛ so. Na adehunu no da so kyerɛ berɛ a wɔahyɛ, na ɛrepɛ kwan aba mu, na ɛyɛ nokorɛ nso. Sɛ ɛtwentwɛn ase mpo a, twɛn no ara, na ba deɛ, ɛbɛba, ɛrenka akyi. Hwɛ, ɔbɔnefoɔ kra huhuru, ɛntene wɔ ne mu, na ɔteneneeni deɛ, ɔnam ne nokorɛdie so na ɔbɛtena ase”
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 94(95):1-2, 6-7, 8-9 R/. 8
G/: Ɛnnɛ mote ne nne no ɛ! Monnyɛ mo akoma denden.
- Mommra mma yɛnto anigyeɛ dwom mma Awurade
momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ botan.
Momma yɛmfa aseda mmra n’anim,
na yɛmfa nnwom nni ahurisie mma no. G/ - Mommra mma yɛmmutu nkoto nsɔre
Awurade, yɛn yɛfoɔ anim.
Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn,
na yɛn deɛ, yɛyɛ n’adidibea nkurɔfoɔ
ne ne nsam nnwan. G/ - Ɛnnɛ mote ne nne no ɛ! Monnyɛ mo akoma denden sɛ Meriba,
sɛ Masa da no, ɛserɛ so hɔ,
berɛ a mo agyanom gyegyee m’ano,
na wɔsɔɔ me hwɛeɛ no,
nanso na wɔanya me nnwuma nhunui. G/
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paul nhoma a etoso mmienu a ɔkyerɛw komaa Timothy 1:6-8, 13-14
Adofoɔ, merekae wo sɛ: Nyane Nyankopɔn adom akyɛdeɛ a ɛnam me nsa a mede meguu wo soɔ no a ɛwɔ wo mu no so ka sɔ ano bio; ɛfiri sɛ Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ahoɔden ne ɔdɔ ne adwenemuteɛ deɛ. Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade adansedie ne me a meyɛ ne deduani no ho, na mmom hunu asɛmpa no ho amane bi, sɛdeɛ Nyankopɔn ahoɔden teɛ no.
Sɔ nsɛm pa a ɛyɛ a wotee no me nkyɛn no nhwɛsoɔ no mu yie, gyidie ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu. Adepa a wɔde ahyɛ wo nsa no, fa Honhom Kronkron a ɔte yɛn mu no so hwɛ so.
Nea Nyame se ni.
AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! 1 Peter 1:25
Awurade asɛm deɛ, ɛte hɔ daa. Na yei ne asɛmpa a wɔaka akyerɛ mo no
Alleluia! Alleluia
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Luka Kyerɛw mae 17:5-10
Na asomafoɔ no see Awurade sɛ: “To yɛn gyidie mu!” Na Awurade se: “Sɛ mowɔ gyidie sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ akyee yi sɛ: Wo nhini ntutu na kɔtim ɛpo mu! Na ɛbɛtie mo.Mo mu hwan na ɔwɔ akoa a ɔfuntum asase anaasɛ ɔhwɛ mmoa, na ɔfiri afuom ba fie a, ɔbɛse no sɛ: Bɛsene ntɛm kɔtena adidiiɛ? Na ɔrense no sɛ: Siesie deɛ mɛdie, na bɔ abɔsoɔ bɛsom me, na mennidi na mennom ansa, na akyire yi no, wo nso woakɔdidi na woanom? Ɔbɛda akoa no ase sɛ wayɛ deɛ wɔahyɛ no no? Saa ara na mo nso sɛ moyɛ deɛ wɔahyɛ mo nyinaa a, monka sɛ: Yɛyɛ nkoa a mfasoɔ nni yɛn so; yɛayɛ deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ.
Nea Awurade se ni.

