AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Odiyifo Amos Nhoma no mu 6:1a, 4-7
Sɛ Awurade se nie: “Wɔnnue, wɔn a wɔte Sion dwoodwoo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Samaria bepɔ soɔ.
Wɔdeda asonse mpadua so, na wɔtwe wɔn mu wɔn nnaeɛ so, na wɔdi nnwanten mma a wɔfiri nnwankuo mu ne nantwie mma a wɔfiri ɔyɛn dan mu. Wɔto ahuhudwom de yi sankuo ano, na wɔbɔ wɔn tirim yɛ asankuo sɛ Dawid. Wɔnom nsa nkoraa mu, na wɔde ngohwam sra wɔn ho, na Yosef sɛeɛ deɛ, ɛnyɛ wɔn ya. Enti afei wɔn na wɔbɛdi atukɔfoɔ kan atu akorɔ, na sadwaasefoɔ gyegyeegye no agyae.
Nea Nyame se ni.
*Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 145:6-10 R/. 2
G/: Mekra yi Awurade ayɛ.
- Ɔbu atɛn ma wɔn a wɔdi wɔn amim,
ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane.
Awurade tu nneduafoɔ. G/ - Awurade bue anifirafoɔ ani,
Awurade ma wɔn a wɔakotoɔ so gyina,
Awurade dɔ ateneneefoɔ,
Awurade kora ahɔhoɔ, G/ - Ɔgyina nwisiaa ne akunafoɔ akyi,
na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɔdane ani.
Awurade di hene daa,
Sion, wo Nyankopɔn di hene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. G/
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paul nhoma a edikan a ɔkyerɛw komaa Timothy 6:11-16
Na wo, Nyankopɔn nipa, deɛ, dwane yeinom, na di tenenee, onyamesom pa, gyidie, ɔdɔ, boasetɔ ne ɔdwoɔ akyiri. Ko gyidie ko pa no, sɔ daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ woɔ na wopaee mu kaa no yie adansefoɔ pii anim no mu. Metu wo fo Onyankopɔn a ɔma nnoɔma nyinaa nkwa ne Kristo Yesu a ɔpaee mu kaa no yie, dii ho adanseɛ Pontio Pilato anim no sɛ, hwɛ ahyɛdeɛ no so, mma dɛm anaasɛ asɛm bi mmma ho kɔsi yɛn Awurade Yesu Kristo ahoyie so. Ɛno na deɛ ɔbɛkyerɛ ɛberɛ a ɛsɛ mu ne ahotɔ tumfoɔ koro no, ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade, deɛ ɔno nko wɔ daa nkwa a owuo nni mu, te hann a obi nnya ho kwan mu, deɛ nnipa mu biara nhunuu no da, na obiara ntumi nhunu no no, ɔno na anidie ne daa tumi wɔ no. Amen.
Nea Nyame se ni.
AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! John 10:27
Awurade se ni: “Me nnwan tie me nne, na me nso menim wɔn, na wɔdi m’akyi.”
Alleluia! Alleluia
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Luka Kyerɛw mae 16:19-31
Yesu kyerɛɛ Farisifo no sɛ: “Na ɔdefoɔ bi tenaa ase a na ɔhyɛ atadeɛ pa a ne boɔ yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gyee n’ani daa. Na ohiani bi a watutu akuro nso tenaa ase a wɔfrɛ no Lasaro a wɔde no akɔto n’aboboano. Na ne kɔn dɔɔ sɛ ɔdi mporoporowa a ɛfiri ɔdefoɔ no pono soɔ agu fam no meeɛ; nanso akraman ba bɛtaferee n’akuro mu. Na ɛbaa sɛ ohiani no wui, na abɔfoɔ bɛsoaa no kɔɔ Abraham kokom. Na ɔdefoɔ no nso wui, na wɔsiee no. Na ɔmaa n’ani soɔ wɔ Asamando no, na ɔwɔ aninyanneɛ mu, na ɔhunuu Abraham akyirikyiri ne Lasaro sɛ ɔtwere ne kokom. Na ɔteaa mu sɛ: ‘Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro ma no mfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsuo mu, na ɔmfa mmɛdwodwo me tɛkyerɛma; na merehunu amane ogyaframa yi mu. Na Abraham se: ‘Ɔba, kae sɛ wote aseɛ no, wonyaa ahotɔ, na Lasaro nso deɛ, ɔhunuu amane; afei na ne werɛ akyekyerɛ, na wo nso, worehunu amaneɛ. Na yei nyinaa nna nkyɛn, eku kɛseɛ da yɛne mo ntam a, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri ha yi ba mo nkyɛn ntumi mma, na wɔn nso a wɔwɔ nohoa ntumi ntra mma yɛn nkyɛn. Na ɔse: ‘Ɛnneɛ, agya mesrɛ wo sɛ, soma no ma no nkɔ m’agya fie; na mewɔ nuammarimanom baanum, na ɔnkɔdi wɔn adanseɛ, na wɔn nso amma aninyanneɛ mu ha yi bi.’ Na Abraham kaa sɛ: ‘Wɔwɔ Mose ne adiyifoɔ no; ma wɔntie wɔn!’ Na ɔse: ‘Dabi, agya Abraham, na sɛ obi firi awufoɔ mu kɔ wɔn nkyɛn a, ɛnna wɔbɛsakyera wɔn adwene.’ Na ɔsee no sɛ: ‘Sɛ wɔantie Mose ne adiyifoɔ no a, obi firi awufoɔ mu sɔre mpo a, wɔrennye no nni.”
Nea Awurade se ni.
