(TWI) SUNDAY MASS READINGS 14TH SEPTEMBER MMEAMUDUA NO NKONIMDIE AFEDIDA

(TWI) SUNDAY MASS READINGS 14TH SEPTEMBER MMEAMUDUA NO NKONIMDIE AFEDIDA

by: Rev. Fr. Stephen Kofi Sakpaku

FIRST READING
Akenkan a ɛfiri Mose nhoma a ɛtɔ so nnan anaa Numeri no mu 21:4-9

Na wɔtu firii Hor bepɔ ho faa ɛpo kɔkɔɔ kwan so sɛ wɔretwa Edom asase ho kɔntɔnkrɔn akɔ. Na ɔman no ahome tee wɔn ho pii ɔkwan no so, na ɔman no kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose sɛ: Adɛn nti na moyii yɛn firii Misraim sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ soɔ? Na aduane biara nni hɔ, na aduane hunu yi afono yɛn.

Ɛnna Awurade soma awɔwɔ a wɔhyehyeɛ baa ɔman no mu bɛkekaa ɔman no, na Israel mu nnipa pii wuwui ɛnna ɔman no baa Mose nkyɛn bɛkaa sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛkasa tiaa Awurade ne woɔ; pa Awurade kyɛw na ɔmmɛyi awɔ no mfiri yɛn so. Na Mose paa kyɛw maa ɔman no, na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: Yɛ ɔwɔ a ɔhyehyeɛ, na fa no sɛne frankaa dua so; na obiara a ebi aka no no, sɛ ɔhunu a, ɔbɛnya nkwa. Na Mose yɛɛ kɔbere ɔwɔ no, na ɔde no sɛnee frankaa duaa no soɔ, na sɛ ɔwɔ ka obi na ɔhwɛ kɔbere ɔwɔ no a, na wanya nkwa.

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 77(78):1-2. 34-38. G/. 7
G: Momma mo werɛ mmfi nea Awurade ayɛ.

  1. Me nkurɔfo, muntie me nkyerɛkyerɛ
    na monyɛ aso mma asɛm a meka no.
    Mede abebu rebɛkyerɛ mo
    anwonwade a esii tete no mu. G/
  2. Bere biara a obekum wɔn mu bi no,
    ɔbɛsesa abɔ no mpae dennen.
    Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn hwɛfo,
    na Otumfoɔ no bɛboa wɔn. G/
  3. Nanso na wɔn nsɛm no nyinaa yɛ atoro.
    Nsɛm a wɔka no mu biara nyɛ nokware.
    Na wonni no nokware;
    na wonni wɔne n’apam no nokware. G/
  4. Nanso na Onyankopɔn wɔ ahummɔbɔ ma ne nkurɔfo.
    Ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn na wansɛe wɔn.
    Mpɛn pii ɔkoraa nabufuw so
    na wanna n’abufuw adi. G/

SECOND READING
Akenkan a efiri Ht. Paulo Nhoma a ɔtwerɛ kɔmaa Filipifo no mu 2:6-11

Anuanom, Yesu Kristo no na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu de, nanso wanhyɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ. Ɔdanee ne tumi kɛse ne n’anuonyam too nkyɛn. Mmom, ofii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so, bae sɛ onipa bɛyɛɛ n’ade sɛ onipa. Ɔbrɛɛ ne ho ase, yɛɛ osetie, de koduu owu mu, asɛnnua ho wu mu mpo. Eyi nti Onyankopɔn maa ne so kɔɔ beae a ɛkorɔn koraa, maa no din a edi din nyinaa so. Na ɛno nti, sɛ wɔbɔ Yesu din a, ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa bɛkotow no. Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka se, Yesu Kristo ne Awurade, de ahyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.

Nea Nyame se ni.

Gospel Acclamation Yohane 3:15
Alleluia, Alleluia!
Ɛtwa sɛ wɔma onipa ba no soɔ, na obiara a ogye no di no, anya daa nkwa.
Alleluia, alleluia!

ASEMPA (GOSPEL READING)
Asempa no senea Ht. Yohane kyerew mae 3:13-17

Yesu ka kyerɛɛ Nikodemo sɛ: “Obiara nkɔɔ ɔsoro da gye deɛ ɔfiri ɔsoro sianeeɛ, onipa ba a ɔwɔ ɔsoro bae no. Na sɛnea Mose maa ɔwɔ no so ɛserɛ soɔ no, saa ara na ɛtwa sɛ wɔma onipa ba no soɔ, na obiara a ogye no di no, anya daa nkwa.” Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera na wanya nkwa a enni awiei. Onyankopɔn ansoma ne Ba amma wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom ɔsomaa no sɛ, ommegye wiase nkwa.

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *