YEN AWURADE YESU KRISTO ABƆDE NYINAA HENE AFAHYE ANAA KWASIDA A ƐDI AKYIRI WO AFE NO MU AFE C(THE SOLEMNITY OF CHRIST THE KING OR THIRTY-FOURTH SUNDAY IN ORDINARY TIME YEAR C) by Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku

YEN AWURADE YESU KRISTO ABƆDE NYINAA HENE AFAHYE ANAA KWASIDA A ƐDI AKYIRI WO AFE NO MU AFE C(THE SOLEMNITY OF CHRIST THE KING OR THIRTY-FOURTH SUNDAY IN ORDINARY TIME YEAR C) by Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku

AKENKEN A ƐDI KAN (FIRST READING)
Akenken a efiri Samuel nhoma a eto so mmienu no mu 5:1-3

Saa mmere no mu no, Israel mmusuakuo nyinaa baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron bɛkaa sɛ: “Yɛn nie, wo bogya ne yɛn. Nso akane no a na Saulo di yɛn so hene no, wone deɛ na ɔde Israel firi adie na ɔde wɔn ba mu; na Awurade aka akyerɛ wo sɛ: ‘Wo na wobɛyɛne me man Israel, na wo na wobɛdi Israel so hene.’” Na Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene nkyɛn Hebron, na Ɔhene Dawid ne wɔn pamee wɔ Hebron, Awurade anim, na wɔsraa Dawid ngo de no sii Israel so hene.

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 121(122):1-2, 3-4, 4-5
G: Mo ma yenfa anigyeɛ nkɔ Awurade fie.

  1. M’ani gyee sɛ wɔsee me sɛ:
    Ma yɛnkɔ Awurade fie.
    Yɛn nan bɛgyina
    w’aponkɛseɛ mu, ao, Yerusalem. G/.
  2. Yerusalem a wɔakyekyere no
    sɛ kuro a ɛtoatoam yie.
    Ɛhɔ na mmusuakuo no nante korɔ,
    mekyerɛ Awurade mmusuakuo. G/.
  3. Sɛ wɔrekɔyi Awurade din ayɛ,
    sɛdeɛ nhyehyɛɛ a ɔde ama Israel teɛ no.
    Ɛhɔ na wɔde nkonnwa sisi maa atemmuo,
    Dawid fie nkonnwa no. G/.

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Paul nhoma a ɔtwerɛ kɔmaa Kolosefoɔ no mu 1:12-20

Anuanom, yɛada Agya a wama yɛafata ahotefoɔ apɛgyadeɛ no fafafoɔ wɔ hann mu no ase, sɛ wayi yɛn afiri sum tumi ase de yɛn aba ne Dɔba no ahennie mu. Ɔno mu na yɛanya ɔgyeɛ ne bɔne fakyɛ.

Ɔno ara na ɔyɛ Onyankopɔn a wɔnhu no no nsɛso ne abɔdeɛ nyinaa farebae, ɛfiri sɛ ne mu na wɔbɔɔ nnoɔma nyinaa, deɛ ɛwɔ soro ne deɛ ɛwɔ asase soɔ, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu, nhennwa oo, wuradie oo, mpaninnie oo, tumidie oo, nnoɔma no nyinaa, wɔnam ne so na ɛbɔeɛ, na wɔbɔ maa no. Na ɔno na ɔyɛ adeɛ nyinaa kannifoɔ, na nnoɔma nyinaa atim wɔ ne mu.

Na ɔno ne nipadua a ɛyɛ asafo no tire; ɔno ne mfitiaseɛ, awufosɔreɛ mu farebae, sɛ ɔnnyɛ ade nyinaa mu kannifoɔ. Ɛfiri sɛ ɛsɔɔ Nyankopɔn ani sɛ ne mayɛ nyinaa bɛtena ne mu, na ɔnam ne so apata Onyankopɔn ne nnoɔma nyinaa ntam koraa. Ɛne sɛ, ɔnam n’asɛnnua ho mogya so ayɛ asomdwoeɛ nam ɔno ara so apata nnoɔma nyinaa, asase so deɛ oo, ɔsoro deɛ oo, ne Onyankopɔn ntam.

Nea Nyame se ni.

AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! Marko 11:9, 10
Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba. Nhyira ne yɛn agya Dawid ahennie a ɛreba no!
Alleluia! Alleluia!

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Luke kyerɛw mae 23:35-43

Na mpanimfoɔ no nso yii no ahi sɛ: “Ɔgyee binom; sɛ oyi ne Kristo no a Onyankopɔn ayi no no a, ma no nnye ne ho ɛ!”

Na asraafoɔ no nso goroo ne ho, na wɔbaa ne nkyɛn bɛmaa no nsa kekakeka, na wɔkaa sɛ: “Sɛ woyɛ Yudafoɔ hene a, gye wo ho! Na atwerɛ bi nso wɔ n’atifi sɛ: Oyi ne Yudafoɔ hene.”

Na nnebɔneyɛfoɔ a wɔasɛne wɔn no mu baako yaa no sɛ: “Ɛnyɛ wo ne Kristo no? Gye wo ho ne yɛn!” Na ɔbaako no buaa no kaa n’anim sɛ: “Wo nso wonnsuro Onyankopɔn sɛ wowɔ afobuo koro yi ara mu yi? Na yɛn deɛ, deɛ ɛtene pɛpɛɛpɛ, na yɛanya deɛ ɛsɛ yɛn nneyɛɛ no; na oyi deɛ, ɔnyɛɛ mfomsoɔ adeɛ biara.” Na ɔkaa sɛ: “Yesu, sɛ woba w’ahennie mu a, kae me!” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛ mese wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise hɔ”

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *