PENTECOST KWASIDA(PENTECOST SUNDAY) AKENKAN N A EDI KAN (FIRST READING). By: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku.

PENTECOST KWASIDA(PENTECOST SUNDAY) AKENKAN N A EDI KAN (FIRST READING). By: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku.

Akenkan a efiri Asomafo Nhoma no mu 2:1-11

Na Pentekoste da no duruiɛ no, na wɔn nyinaa ahyia faako. Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ firi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ efie a wɔte mu no ma. Na tɛkyerɛma a wɔapaepae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ɛbɛsisii wɔn atifi mmaako mmaako. Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wɔfirii aseɛ kasaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.

Na Yudafoɔ bi a wɔyɛ nnipa nyamesurofoɔ a wɔfiri wiase aman nyinaa mu te Yerusalem. Na wɔtee deɛ ɛrekɔ so no, nnipa pii bɛhyiae, na wɔn adwene mu yɛɛ wɔn keserenee sɛ obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri ne nwanwa, na wɔkaa sɛ: “Hwɛ, wɔn a wɔrekasa yi nyinaa nyɛ Galileafoɔ anaa? Na ɛyɛɛ dɛn na yɛn nyinaa te yɛn ara yɛn kasa a wɔwoo yɛn mu yi? Partifoɔ ne Mediafoɔ ne Elamfoɔ ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto ne Asia, Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ, Kretafoɔ ne Arabfoɔ, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Nyankopɔn nnwuma akɛseɛ.”

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 104(105): 1-2, 5-6, 10, 12-14, 24, 35 G/. 30
G/. Wo soma w’ahome ba na woma asase ani yε foforo

  1. Me kra, hyira Awurade.
    Awurade, me Nyankopↄn, woso kεse,
    Woahyε ↄharan ne anuonyam.
    Wufura hann sε ntama. G/
  2. Wode asase atim ne nnyinaso so,
    Na anhim da biara da.
    Wode ebun kata so sε atade
    Nsu gyinaa mmepↄw so. G/
  3. Oyi nsuaniwa, abon mu,
    εsen nennam mmepↄw ntam
    εso na wim nnomaa tetee
    Nnubaa mu na wofi ma wↄn nne so. G/
  4. Oyi ne soro mpia mu gu mmepↄw so nsu.
    Wo nnwuma so aba mee asase.
    ↄma wura fifi ma afieboa
    Ne afumduan a onipa yε ho adwuma
    Sε ↄbεma aduan afi asase mu. G/
  5. Awurade, wo nnwuma dↄↄso dεn ara,
    Nyansa mu na woyεε ne nyinaa,
    W’abↄde ahyε asase so ma
    Me kra hyira Awurade G/

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efi Ht. Paul nhoma a ɔkyerɛw kɔma Romanfo no mu 8:8-17

Anuanom, wɔn a wɔwɔ honam mu no ntumi nsɔ Nyankopɔn ani. Na mo deɛ, monni honam mu, na mmom mowɔ honhom mu, nanso gye sɛ Nyankopɔn honhom te mo mu. Na sɛ obi nni Kristo honhom a, ɔnyɛ ne dea. Na sɛ Kristo wɔ mo mu a, bɔne nti nipadua no awu deɛ, nanso tenenee nti honhom no ma nkwa. Na sɛ deɛ ɔnyanee Yesu firii awufoɔ mu no Honhom te mo mu a, deɛ ɔnyanee Kristo Yesu firii awufoɔ mu no bɛma mo nipadua a ɛwuo yi nso nkwa, ɛnam ne honhom a ɛte mo mu no so.

Enti afei, anuanom, ɛnyɛ honam na yɛde no ka na yɛatena ase honam fam. Na sɛ mote ase honam fam a, mobɛwu; na sɛ monam honhom no mu kum nipadua no nneyɛɛ a, mobɛtena ase.

Na dodoɔ a Onyankopɔn honhom di wɔn kan no, wɔn na wɔyɛ Nyankopɔn mma. Na moannya akoayɛ honhom a mode bɛsuro bio, na mmom moanya abayɛ honhom a ɛno mu na yɛtea mu sɛ: Abba, Agya! Honhom no ara ne yɛn honhom di adanseɛ sɛ yɛyɛ Nyankopɔn mma.

Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifoɔ nso, Nyankopɔn adedifoɔ ne Kristo yɔnkoadedifoɔ, nanso gye sɛ yɛne no hunu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no animuonyam bi.

Nea Nyame se ni.

ANAA

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efi Ht. Paul nhoma a edikan a ɔkyerɛw kɔma Korintofo no mu 12:3b-7, 12-13

Anuanom, obiara ntumi mfrɛ Yesu Awurade, gye sɛ Honhom Kronkron so. Na adom akyɛdeɛ gu ahodoɔ, nanso Honhom korɔ no ara a. Na ɔsom nnwuma nso gu ahodoɔ, nanso Awurade korɔ no ara a. Na dwumadie nso gu ahodoɔ, nanso Onyankopɔn korɔ no ara na ɔdi dwuma no nyinaa wɔn nyinaa mu. Nanso wɔma Honhom no yi ne ho adi wɔn mu biara mu, na ayɛ yie.

Na sɛdeɛ nipadua yɛ baako, na ɛwɔ akwaa bebree, na akwaa yi nyinaa dɔɔso nanso ɛyɛ nipadua baako no, saa ara na Kristo nso teɛ. Na yɛn nyinaa nso, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, nkoa oo, adehyeɛ oo, wɔbɔɔ yɛn asu Honhom baako mu maa yɛbɛyɛɛ nipadua baako, na wɔmaa yɛn nyinaa nomm honhom baako.

Nea Nyame se ni.

Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation)
Alleluia, Alleluia!
Bra Honhon kronkron behyɛɛ wɔn nyinaa mama.
Alleluia, Alleluia!

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Yohane Kyerɛw mae 20:19-23

Ɛnna da a ɛdi nnawɔtwe kan no ara, ɛduruu anwummerɛ na Yudafoɔ ho hu nti wɔatoto apono mu faako a asuafoɔ no ahyia hɔ no, Yesu ba bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔsee wɔn sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo!” Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne mfe mu kyerɛɛ wɔn. Na asuafoɔ no hunuu Awurade no, wɔn ani gyeeɛ. Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo! Sɛdeɛ Agya no asoma me no, me nso mesoma mo.” Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na ɔsee wɔn sɛ: “Monnye Honhom Kronkron! Wɔn a mode wɔn bɔne kyɛ wɔn no, wɔde akyɛ wɔn; na wɔn a momma wɔn bɔne tena hɔ no, wɔama no atena hɔ.”

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *