AKENKAN N A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Asomafo Nhoma no mu 8:5-8. 14-17
Filipo kɔɔ Samaria kuro bi mu kɔkaa Kristo ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Na nkurɔfoɔ akuakuo no teeɛ, na wɔhunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Filipo yɛeɛ no, wɔde akoma korɔ yɛɛ aso maa nsɛm a ɔkaeɛ no. Na ahonhom fi a ɛwɔ nnipa bebree mu de nne kɛseɛ teaa mu firii adi, na mmubuafoɔ ne mpakye pii ho sanee wɔn. Na anigyeɛ kɛseɛ baa kuro no mu.
Na asomafoɔ a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafoɔ agye Nyankopɔn asɛm no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn. Na wɔbaeɛ no, wɔbɔɔ mpaeɛ maa wɔn sɛ wɔnnya Honhom Kronkron; ɛfiri sɛ na ɔmmaa wɔn mu biara so, na asu nko na wɔabɔ wɔn akɔ Awurade Yesu din mu. Ɛnna wɔde wɔn nsa guu wɔn soɔ, na wɔnyaa Honhom Kronkron.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 65(66): 1-3a, 4-5. 6-7a 16. 20. G/ 1
G/: Asase nyinaa, monni ahurisie mmɔ ose mma Onyankopɔn.
- Asase nyinaa, monni ahurisie mmɔ ose mma Onyankopɔn,
monto dwom mma ne din animuonyam,
monhyɛ no animuonyam nyi no ayɛ.
Monse Onyankopɔn sɛ: Wo nnwuma yɛ hu ampa. - Asase nyinaa bɛsɔre wo
na wɔato wo dwom, wɔbɛto dwom ama wo din.
Mommra mmɛhwɛ Nyankopɔn nneyɛɛ,
n’adeɛ a ɔyɛ de di nnipa mma soɔ yɛ hu. - Ɔmaa ɛpo danee asase pɛsɛɛ,
wɔde anammɔn twaa asu kɛseɛ,
ɛno nti yɛn ani gye ne ho.
Deɛ ɔde ne tumi di hene daa no. G/. - Mo a mosuro Onyankopɔn nyinaa,
mommra mmɛtie, na mɛka deɛ wayɛ ama me.
Nhyira ne Onyankopɔn wannane me mpaebɔ ani,
na wanyi n’adɔeɛ amfiri me soɔ. G/.
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Petro nhoma a edikan no mu 3:15-18
Adɔfo, mommu Awurade Kristo kronkron wɔ mo akoma mu. Nso monsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a ɔbisa mo anidasoɔ a ɛwɔ mo mu no aseɛ, ɔdwoɔ ne suro mu, na monnya ahonim pa, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu no, wɔn a wɔgu mo abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi no ani awu. Na sɛ ɔpɛ na Onyankopɔn pɛ sɛ mohunu amane sɛ papayɛfoɔ a, ɛyɛ kyɛne sɛ mohunu sɛ bɔneyɛfoɔ.
Ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu bɔne ho amane prɛko, deɛ ɔtene hunu maa wɔn a wɔntene, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Nyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, na wɔmaa no tenaa ase honhom mu
Nea Nyame se ni.
*Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation) Yohane 14:23
Alleluia, Alleluia!
Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn.
Alleluia, Alleluia!_
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Yohane Kyerɛw mae 14:15-21
Yesu kakyerɛ n’suafo no sɛ: “Sɛ modɔ me a, monni m’ahyɛdeɛ so! Na me deɛ, mɛbisa Agya no, na wama mo Okyigyinafoɔ foforɔ, na ɔne mo abɛtena daa, nokorɛ Honhom a wiase ntumi nnye no no, ɛfiri sɛ ɛnhu no, nanso ɛnnim no; na mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ ɔte mo nkyɛn, na ɔbɛtena mo mu. Merennya mo nnyanka, mɛba mo nkyɛn. Aka kakra na wiase nhu me bio; na mo deɛ, mohu me, ɛfiri sɛ mete ase, na mo nso mobɛtena ase. Da no ara mobɛhunu sɛ mewɔ m’Agya no mu, na mowɔ me mu, na mewɔ mo mu. Deɛ ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na ɔdi soɔ no, ɔno ne deɛ ɔdɔ me; na deɛ ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.”
Nea Awurade se ni.
