Santen Asempa kenkan no (Gospel Reading outside the Church)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo Kyerɛw mae 21:1-11
Yesu ne n’asuafoɔ no bɛnee Yerusalem na wɔduruu Betfage, Ngo Bepɔ ho no, Yesu somaa asuafoɔ baanu see wɔn sɛ: “Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase, na ntɛm ara mobɛhunu afunumu a wɔasa no homa ne ne ba; monsane wɔn mfa wɔn mmrɛ me! Na sɛ obi bisa mo a, monka sɛ: Wɔn ho hia ma Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma mode wɔn aba.” Na yei nyinaa sii, na deɛ odiyifoɔ no kaeɛ no aba mu sɛ: “Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ: ‘Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔdwo, na ɔte afunumu ne afunumu a ɔsoa nnoɔma ba so.’”
Na asuafoɔ no kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Yesu hyɛɛ wɔn no de afunumu no ne ne ba no baeɛ, na wɔde wɔn ntadeɛ guguu wɔn so, na ɔtenaa so. Na nkurɔfokuo no mu pii de wɔn ntadeɛ sesɛɛ kwan no mu, na ebinom nso twitwaa dua mman, na wɔde sesɛɛ kwan no mu. Na nkurɔfoɔ akuakuo a wɔdi kan ne wɔn a wɔdi akyire teateaa mu sɛ: “Hosiana, Dawid ba no! Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no! Hosiana wɔ sorosoro nohoa!”
Na ɔduruu Yerusalem no, kuro mu no nyinaa bɔɔ twi sɛ: “Hwan ni?” Na nkurɔfoɔ akuakuo no se: “Oyi ne Yesu, odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galilea no.”
Nea Awurade se ni.
Akenken a ɔkan no wo asoredan mu (Readings in the church)
AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Odiyifoɔ Yesia Nhoma no mu 50:4-7
Awurade Nyankopɔn ama me asuafoɔ tɛkyerɛma, sɛ menhunu sɛdeɛ mede asɛm bɛwowa deɛ wabrɛ; ɔnyane me daa anɔpa, ɔbue m’aso ma me, sɛ memfa mentie sɛ asuafoɔ. Awurade Nyankopɔn abue m’aso, na me nso mante atua mansane m’akyi. Medanee m’akyi memaa mmaakafoɔ, ne m’afono nso, memaa enwi tutufoɔ. Manyi m’ani mamfiri ahohoradeɛ ne ntasuo ho.
Na Awurade Nyankopɔn bɛboa me, enti na ahohora amfa me soɔ; enti na mayɛ m’anim sɛ twerɛboɔ, na menim sɛ m’ani renwu.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 21(22): 7-8, 16-19, 22-23 G/. 1
G: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, deɛn nti na woagya me?
- Wɔn a wɔhu me nyinaa
di me ho fɛw trɛ wɔn anomu woso wɔn tiri ka sɛ:
Dane to Awurade so, ma no nnye no,
sɛ ɔpɛ no a, ma no nyi no! G/. - Nnipa bɔne te sɛ akraman atwa me ho ahyia,
na wɔbom ba me so,
wɔahwire me nsa ne me nan mu.
Metumi mekan me nnompe nyinaa, G/. - Wɔkyɛ me ntoma mu fa,
na m’atadeɛ so na wɔbɔ ntonto.
Na wo, Awurade, ntena akyiri.
M’ahoɔden, yɛ ntɛm bɛboa me. G/. - Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom,
mɛkamfo wo asafo mu.
Mo a mosuro Awurade, monyi no ayɛ.
Yakob asefoɔ nyinaa, monhyɛ no animuonyam. G/.
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paulo nhoma a ɔkyerew komaa Filipofoɔ no mu 2:6-11
Ɔno na ɔwɔ Nyankopɔn tebea mu deɛ, nanso wannyina so ketee sɛ ɔne Nyankopɔn yɛ pɛ, na mmom ɔtoo ne ho mpan faa akoa tebea too ne ho so, danee nnipa nsɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’adeɛ faeɛ no, wɔhunuu no sɛ onipa, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ setie de kɔsii owuo mu, aane, asɛnnua ho wuo mu mpo.
Ɛno nti na Onyankopɔn nso ama no so kɛse, na wama no din a ɛboro din nyinaa soɔ, sɛ Yesu din mu na nkotodwe nyinaa nkotoɔ, deɛ ɛwɔ soro, deɛ ɛwɔ asase so, ne deɛ ɛwɔ asase ase, na tɛkyerɛma nyinaa mpae mu nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade nhyɛ Agya Nyankopɔn animuonyam.
Nea Nyame se ni.
Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation) Yohane 11:25- 26
Ayeyi nka wo, O Kristo, daa animuonyam hene!
Ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ setie de kɔsii owuo mu asɛnnua ho wuo mu mpo. Na Onyankopɔn nso ama no so kɛse, na wama no din a ɛboro din nyinaa soɔ
Ayeyi nka wo, O Kristo, daa animuonyam hene!
AWURADE KRISTO AMANEHUNU (PASSION NARRATIVE)
Yen Awurade Kristo Amanehunu sean Ht. Mateo kyerew mae 26:14-27; 66
C: Ɛnna dummienu no mu baako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn sɛ:
S: Ɛdeɛn na mobɛma me na mayi no ahyɛ mo nsa?
C: Na wɔkarii nnwetɛbena aduasa de maa no. Na ɛfiri saa berɛ no, ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya kwan ayi no ama. Na Apiti da a ɛdi kan no, asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn sɛ:
S: Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie ma woɔ na wokɔdi Twam (afahyɛ) no?
C Na ɔse:
+: Monkɔ kuro no mu asomasi nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ se: Me berɛ abɛn; wo nkyɛn na mene m’asuafoɔ rebɛdi Twam (afahyɛ) no.
C: Na asuafoɔ no kɔyɛɛ sɛdeɛ Yesu hyɛɛ wɔn no, na wɔsiesiee Twam no. Na ɛduruu anwummerɛ no, ɔne asuafoɔ dummienu no bɛtenaa ase. Na wɔredidie no, ɔkaa sɛ:
- Nokorɛ mese mo sɛ, mo mu baako rebɛyi me ama.
C: Na wɔn werɛ hoo yie, na wɔfitii aseɛ sesee no mmaako mmaako sɛ:
S: Awurade, ɛyɛ me anaa?
C: Na ɔbuaa sɛ:
- Deɛ ɔne me to nsa ayowa mu no, ɔno ara na ɔbɛyi me ama. Onipa ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ ne ho deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ ma no.
C: Ɛnna Yuda a ɔyii no maeɛ no bisaa no sɛ:
S: Rabi, ɛyɛ me anaa? Ɔbuaa no sɛ:
- Woaka.
C: Na wɔredidie no, Yesu faa paanoo, na ɔhyiraa so bubuu mu de maa asuafoɔ no sɛ:
- Monnye nni; yei ne me honam.
C: Na ɔfaa kuruwa, na ɔdaa aseɛ no, ɔde maa wɔn sɛ:
+Mo nyinaa monnom bi; na yei ne me mogya a ɛyɛ apam adeɛ a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fakyɛ. Na mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ merennom bobe yi bi bio, de bɛkɔ akɔsi da a me ne mo bɛnom no foforɔ m’agya ahennie mu.
C: Na wɔtoo ayeyie dwom no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ:
- Me ho bɛyɛ mo nyinaa suntidua anadwo yi. Na wɔatwerɛ sɛ: Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na ekuo no mu nnwan abɔ apete. Na me sɔreɛ akyiri no, mɛdi mo anim makɔ Galilea.
C: Petro bua see no sɛ:
S: Sɛ wo ho bɛyɛ wɔn nyinaa suntidua mpo a, me deɛ, ɛrenyɛ me suntidua da.
C: Yesu see no sɛ:
- Nokorɛ mese wo sɛ, anadwo yi, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.
C: Petro ka kyerɛɛ no sɛ:
S: Sɛ ɛtwa sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo. Saa ara na asuafoɔ no nyinaa nso kaeɛ.
Ɛnna Yesu ne wɔn duruu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ:
C: Montena ase ha, na menkɔ nohoa nkɔbɔ mpaeɛ ansa.
C: Na ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho, na ne werɛ fitii aseɛ hoe, na ne ho yeraa no pa ara. Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:
- Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de rekɔ owuo mu; montena ha na mo ne me nwɛn.
C: Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kɔbutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ:
- M’agya, sɛ ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi nsiane me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛdeɛ mepɛ, na sɛdeɛ wopɛ.
Na ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn no, ɔbɛhunuu wɔn sɛ wɔadeda. Na ɔsee Petro sɛ:
- Moantumi ne me anwɛn dɔnhwere baako? Monwɛn na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ deɛ, nanso honam no ɛyɛ mmerɛ.
C: Ɔkɔɔ bio ne mprenu so kɔbɔɔ mpaeɛ sɛ:
- M’agya, sɛ yei rensiane me ho nkɔ na gye sɛ menom a, wo pɛ nyɛ hɔ.
C: Na ɔbaeɛ no, ɔbɛhunuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani kum. Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ ne mprɛnsa so kaa asɛnkorɔ no ara. Ɛnna ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ:
- Afei deɛ, monna na monhome! Hwɛ, dɔn no aduru a wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa. Monsɔre mma yɛnkɔ! Hwɛ, deɛ ɔreyi me ama no abɛn!
C: Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, Yuda a ɔyɛ dummienu no mu baako bae, na nkurɔfokuo bebree a wɔkurakura nkrantɛ ne mmaa firi asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ nkyɛn ka ne ho. Na deɛ ɔyii no maeɛ no ama wɔn nsɛnkyerɛnneɛ sɛ:Deɛ mɛfe n’ano no, ɔne no; monkye no! Na ntɛm ara ɔbaa Yesu nkyɛn sɛ:
S: Rabi, mo!
C: Na ɔfee n’ano. Na Yesu see no sɛ:
- Damfo, wobaa ha bɛyɛɛ dɛn?
C: Ɛnna wɔbaeɛ de wɔn nsa bɛsɔɔ ne mu kyeree no. Na hwɛ, wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako tenee ne nsa twee nkrantɛ, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panin no akoa twaa n’aso. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ:
- Fa wo nkrantɛ sane hyɛ deɛ ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrantɛ nyinaa, nkrantɛ ano na wɔbɛwuo. Anaasɛ wodwene sɛ anka merentumi mensrɛ m’Agya seesei na ɔnsoma abɔfoɔ asafodɔm bɛboro dummienu mmɛgyina me ho? Na ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na twerɛ nsɛm no bɛba mu sɛ, ɛtwa sɛ ɛyɛ saa?
C: Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ:
- Moaba sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ so de nkrantɛ ne mmaa rebɛkye me? Metenaa asɔrefie mekyerɛkyerɛɛ daa, nanso moankye me.
C: Na yei nyinaa aba, na deɛ adiyifoɔ no kaa no twerɛ nsɛm mu no aba mu. Ɛnna asuafoɔ no nyinaa gyaa no hɔ dwaneeɛ.
Na wɔn a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa hɔ, faako a Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no ahyia no. Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no aban mu, na ɔkɔɔ mu ne asomfoɔ no kɔtenaa hɔ sɛ ɔrehwɛ asɛm no awieeɛ.
Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adansekurumu, na wɔanya no akum no, nanso woannya bi. Adansekurumfoɔ bebree bae deɛ, nanso wɔannya bi. Na akyire yi no, nnipa baanu bi baa sɛ:
S: Oyi aka sɛ: Mɛtumi madwiri Nyankopɔn asɔredan, na masi no nnansa.
C: Na ɔsɔfo panin no sɔre ka kyerɛɛ no sɛ:
S: Wommua bi? Ɛdeɛn ho na yeinom redi adanseɛ tia woɔ yi?
C: Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panin no ka kyerɛɛ no sɛ:
S: Meka Onyankopɔn teasefoɔ no sɛ, sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn! Yesu see no sɛ:
- Woaka; nanso mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ mobɛhunu Onipa ba no sɛ ɔte tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum soɔ.
C: Ɛnna ɔsɔfo panin no sunsuanee n’atadeɛ mu sɛ:
S: Waka abususɛm! Ɛdeɛn hia na ɛhia yɛn adansefoɔ bio? Hwɛ, afei deɛ moate n’abususɛm no! Modwene ho sɛn?
C: Na wɔbuaa sɛ:
S: Ɔsɛ wuo
C: Ɛnna wɔtee ntasuo guu n’anim na wɔbobɔɔ no akuturuku; ebinom nso bobɔɔ no asotorɔ sɛ:
S: Kyerɛ yɛn, Kristo, hwan na ɔbɔɔ woɔ?
C: Na Petro deɛ ɔte adihɔ hɔ. Na abaawa bi baa ne nkyɛn sɛ:
S: Na wo nso wo ne Yesu Galileani no na ɛnam!
C: Na ɔsanee wɔn nyinaa anim sɛ:
S: Mennim deɛ woreka yi.
C: Na ɔfiri adi kɔɔ ntwonoo mu no, abaawa foforɔ bi nso hunuu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no sɛ:
S: Na oyi nso ne Yesu Nasareni no na ɛnam!
C: Na ɔkaa ntam sanee bio sɛ:
S: Mennim onipa no.
C: Na ɛyɛɛ kakra no, wɔn a wɔgyina hɔ no ba bɛka kyerɛɛ Petro sɛ:
S: Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; wo kasa yi wo adi!
C: Ɛnna ɔfitii aseɛ didii nse kekaa ntam sɛ:
S: Mennim onipa no!
C: Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔneeɛ. Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no sɛ: Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa. Na ɔfiri adi kɔsuu yayaaya. Na adeɛ kyeeɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no mu mpanimfoɔ no tuu ne ho agyina sɛ wɔbɛkum no. Na wɔkyekyeree no de no kɔ kɔhyɛɛ Amrado Pilato nsa. Ɛnna Yuda a ɔyii no maeɛ no hunuu sɛ wɔabu no fɔ no, ɔnuu ne ho, na ɔde nnwetɛbena aduasa no sane brɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no sɛ:
S: Mayɛ bɔne sɛ mayi mogya a bɔne nni mu mama.
C: Ɛnna wɔse:
S: Ɛfa yɛn ho bɛn? Wo ara w’asɛm!
C: Na ɔtoo nnwetɛbena no guu asɔredan mu, firii hɔ kɔe, na ɔkɔsɛnee ne mene. Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no faa nnwetɛbena no kaa sɛ:
S: Ɛnni ho kwan sɛ wɔde gu ayɛyɛdeɛ adaka mu, ɛnam sɛ ɛyɛ mogya ano boɔ.
C: Na wɔtuu agyina, na wɔde kɔtɔɔ ɔnwomfoɔ asase no, na wɔasie ahɔhoɔ wɔ mu. Enti wɔfrɛɛ asase no sɛ Mogya Asase de bɛsi nnɛ. Ɛnna deɛ Odiyifoɔ Yeremia kaeɛ no baa mu sɛ: Na megyee nnwetɛbena aduasa a ɛyɛ deɛ wɔbɔɔ ne boɔ, tɔɔ no firii Israel mma nsam no tiri adeɛ no de kɔtɔɔ ɔnwomfoɔ asase, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ me no.
Na Yesu bɛgyinaa amrado no anim. Na amrado no bisaa no sɛ:
S: Wone Yudafoɔ hene no anaa?
C: Na Yesu kaa sɛ:
- Wo na woaka.
C: Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no retoto n’ano no, wammua bi. Ɛnna Pilato bisaa no sɛ:
S: Wonte nsɛm pii a wɔreka gu wo soɔ yi?
C: Na wammua no asɛm baako mpo ho, maa no yɛɛ amrado no nwanwa yie.
Na daa, afahyɛ no mu, amrado gyaa ɔdeduani baako a nkurɔfokuo no pɛ no no ma wɔn. Nso ɛberɛ no mu na ɔwɔ ɔdeduani bi a wagye din a wɔfrɛ no Baraba. Enti wɔhyiaeɛ no, Pilato see wɔn sɛ:
S: Hwan na mopɛ sɛ megyaa no mema mo? Baraba anaa Yesu a wɔfrɛ no Kristo no?
C: Na ɔnim sɛ nitan nti na wɔyii no maeɛ. Na ɔte atemmuo adwa soɔ no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ:
S: Mma asɛm bi mmma wo ne onipa tenenee no ntam; na ne nti mahunu amane pii ɔdaeɛ mu nnɛ.
C: Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no tuu nkurɔfoɔ akuakuo no aso sɛ wɔnsrɛ Baraba, na wɔnkum Yesu. Bio, amrado no bisaa wɔn sɛ:
S: Wɔn mmienu yi mu hwan na mopɛ sɛ megyaa no mema mo?
C: Na wɔkaa sɛ:
S: Baraba.
C: Pilato see wɔn sɛ:
S: Ɛnneɛ ɛdeɛn na menyɛ Yesu a wɔfrɛ no Kristo no?
C: Wɔn nyinaa kaa sɛ:
S: Ma wɔmmɔ no asɛnnua mu!
C: Ɛnna ɔse:
S: Adɛn, bɔne bɛn na wayɛ?
C: Na wɔteateaa mu dendeenden sɛ:
S: Ma wɔmmɔ no asɛnnua mu!
C: Na Pilato hunuu sɛ ɔntumi nyɛ ho hwee na mmom sakasaka reba no, ɔfaa nsuo hohoroo ne nsa nkurɔfokuo no anim kaa sɛ:
S: Medi bem wɔ onipa tenenee yi mogya ho; mo ara monhwɛ.
C: Na ɔman mu no nyinaa buaa sɛ:
S: Ne mogya mmra yɛn ne yɛn mma tiri so.
C: Ɛnna ɔgyaee Baraba maa wɔn; na ɔhwee Yesu mpire no, ɔyii no maa sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.
Ɛnna amrado no asraafoɔ de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔmaa asraafoɔkuo no nyinaa bɛhyiaa n’anim. Na wɔyii n’atadeɛ na wɔde akatakɔnmu kɔkɔɔ bi guu ne so, na wɔde nkasɛɛ nwonoo abotire hyɛɛ ne ti, na wɔde demmire hyɛɛ ne nsa nifa mu, na wɔbuu nkotodwe n’anim goroo ne ho sɛ:
S: Yudafoɔ hene, mo oo!
C: Na wɔtoo ntasuo guu ne so, gyee demmire no, na wɔde paee n’apampam.
Na wɔwiee ne ho agorɔ die no, wɔyii akatakɔnmu no firii ne ho, na wɔde ɔno ara n’atadeɛ hyɛɛ no, na wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.
Na wɔrefiri adie no, wɔhunuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon; ɔno na wɔhyɛɛ no maa no soaa n’asɛnnua no. Na wɔkɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota (a aseɛ ne ne tikwankoraa bea), wɔmaa no nsa kekakeka a wɔde bɔnwono afra mu sɛ ɔnnom; na ɔkaa n’ano no, wampɛ sɛ ɔnom. Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu no, wɔtwee ntonto kyɛɛ ne ntadeɛ (na ama deɛ wɔnam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ, wɔkyɛɛ me ntadeɛ mu maa wɔn ho, na wɔtwee ntonto wɔ me ntadeɛ so). Na wɔtenatenaa ase hɔ wɛnn no.
Na wɔde n’afodisɛm a wɔatwerɛ no fam n’atifi sɛ: Yesu Yudafoɔ hene no ni! Ɛnna wɔbɔɔ adwotwafoɔ baanu asɛnnua mu kaa ne ho, ɔbaako wɔ nifa, na ɔbaako wɔ benkum.
Na wɔn a wɔretwam no wosoo wɔn ti, kekaa abususɛm tiaa no sɛ:
S: Wo a wodwiri asɔredan, na wode nnansa sie, gye wo ho ɛ! Sɛ Nyankopɔn ba ne wo a, firi asɛnnua no ho si fam!
C: Saa ara nso na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no goroo ne ho sɛ:
S: Ɔgyee ebinom na ɔntumi nnye ne ho. Sɛ ɔno ne Israel hene a, ma no mfiri asɛnnua no ho nsi fam, na yɛbɛgye no adi. Aane, ɔde ne ho ato Nyankopɔn so, sɛ ɔpɛ a, ma no nye no ɛ; ɛfiri sɛ, ɔkaa sɛ: Nyankopɔn ba ne me!
C: Saa ara na adwotwafoɔ a wɔbɔɔ wɔn ne no asɛnnua mu no nso didii no atɛm.
Na ɛfiri bɛyɛ awia dummienu berɛ no, esum duruu asase nyinaa so kɔsii awia nnɔnmmiɛnsa. Na ɛbɛyɛ sɛ nnɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ:
- Eli, Eli, lama sabaktani?
C: Ɛne sɛ: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me? Na wɔn a wɔgyina hɔ no mu bi teeɛ no, wɔkaa sɛ:
S: Ɔrefrɛ Elia.
C: Na ntɛm ara, wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔ de bɔɔ nsa kekakeka bi mu, na ɔde tuaa demmire ano de maa no nomee. Na wɔn a aka no kaa sɛ:
S: Gyae, na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛgye no anaa?
C: Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu bio no, ɔgyae ne honhom mu.
(Pause)
Na hwɛ, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu tee mmienu firi soro de bɛsii fam, na asase wosoe, na abotan paepaeɛ. Na aboda buebuee, na nnipa kronkron a wɔawuwuo no amu bebree nyanenyanee, na ne nyane akyiri no, wɔfiri wɔn aboda mu kɔɔ kuro kronkron no mu kɔyiyii wɔn ho adi kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree.
Na asraafoɔ ha so panin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no hunuu asasewosoɔ ne nnoɔma a ɛsisiiɛ no, wɔsuroo pii, kaa sɛ:
S: Ampa ara, Onyankopɔn ba nie!
C: Na mmaa bebree wɔ hɔ a wɔgyina akyirikyiri rehwɛ; wɔn na wɔdii Yesu akyi firii Galilea somm no; na Maria Magdalene ne Maria, Yakobo ne Yosef na, ne Sebedeo mma no na ka wɔn ho.
Na ɛduruu anwummerɛ no, ɔdefoɔ bi a ɔfiri Arimatea a wɔfrɛ no Yosef a ɔno nso yɛ Yesu suani baeɛ; ɔno na ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no. Ɛnna Pilato hyɛɛ sɛ wɔmfa amu no mma no. Na Yosef faa amu no de nwera a ani teɛ kyekyeree ho. Na ɔde kɔtoo ɔno ara ne da foforɔ a watwa no abotan mu mu, na ɔpiree ɔboɔ kakraka bi hinii ɛda no ano, na ɔfirii hɔ kɔeɛ. Na Maria Magdalene ne Maria baako no wɔ hɔ tete ɛda no ntentensoɔ.
Na adeɛ kyeeɛ a ɛyɛ da a ɛdi ahosiesie da no akyiri no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ bɛhyiaa Pilato nkyɛn sɛ:
S: Owura, yɛkae sɛ ɔdaadaafoɔ no te aseɛ no, ɔkaa sɛ: Nnansa akyiri mɛnyane. Enti ma wɔnkɔwɛn ɛda no yie nkɔduru da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na asuafoɔ no ammɛwia no, na wɔanka ankyerɛ ɔman no sɛ: Wanyane afiri awufoɔ mu; na anka akyire yi nnaadaa bɛkyɛne kane deɛ no.
C: Pilato see wɔn sɛ:
S: Monnye awɛmfoɔ nkɔ nkɔwɛn sɛdeɛ mobɛtumi.
C: Na wɔkɔ kɔsɔɔ ɔboɔ no ano maa awɛmfoɔ no wɛnee ɛda no.
