MASS READINGS IN TWI. KWASIDA A ƐTO MMIENSA WƆ AKƆMKYENE MMERƐ MU, AFI A(THIRD SUNDAY OF LENT, YEAR A) by: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku.

MASS READINGS IN TWI. KWASIDA A ƐTO MMIENSA WƆ AKƆMKYENE MMERƐ MU, AFI A(THIRD SUNDAY OF LENT, YEAR A) by: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku.

AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Exodus Nhoma no mu 17:3-7

Sukɔm dee ɔman no wɔ hɔ; na ɔman no nwiinwii tiaa Mose kaa sɛ: “Adɛn nti na woyii yɛn firii Misraim sɛ wode sukɔm rebɛkum yɛn, yɛn mma ne yɛn mmoa yi?” Na Mose su frɛɛ Awurade sɛ: “Ɛdeɛn na mennyɛ memma ɔman yi? Aka kumaa na wɔasi me aboɔ.”

Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sene di ɔman no anim, na fa Israel mpanin mu bi ka wo ho, na fa wo poma a wode bɔɔ Asuo Nil mu no kura wo nsam kɔ. Hwɛ, mɛgyina w’anim wɔ Horeb botan no so hɔ, na bɔ ɔbotan no, na nsuo bɛfiri mu aba, na ɔman no anom.” Na Mose yɛɛ saa wɔ Israel mpanin no anim. Na Israelfoɔ no ham ne sɔ a wɔsɔɔ Awurade hwɛɛ sɛ Awurade wɔ yɛn mu anaasɛ ɔnni yɛn mu” no nti, ɔfrɛɛ hɔ Masa ne Meriba.

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 94(95):1-2, 6-9. G/. 8
G: Ɛnnɛ mote ne nne no ɛ! Monnyɛ mo akoma denden

  1. Mommra mma yɛnto anigyeɛ dwom mma Awurade,
    momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ botan.
    Momma yɛmfa aseda mmra n’anim
    na yɛmfa nnwom nni ahurisie mma no. G/
  2. Mommra mma yɛmmutu nkoto nsɔre
    Awurade, yɛn yɛfoɔ anim.
    Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn,
    na yɛn deɛ, yɛyɛ n’adidibea nkurɔfoɔ
    ne ne nsam nnwan. G/
  3. Ɛnnɛ mote ne nne no ɛ!
    Monnyɛ mo akoma denden sɛ Meriba,
    sɛ Masa da no, ɛserɛ so hɔ,
    berɛ a mo agyanom gyegyee m’ano,
    na wɔsɔɔ me hwɛeɛ no,
    nanso na wɔanya me nnwuma nhunui. G/

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paulo nhoma a ɔkyerew komaa Romamfo no mu 5:1-2, 5-8

Ɛfiri gyidie mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Nyankopɔn fam asomdwoeɛ; ɔno nso so na yɛnam de gyidie anya adom yi a yɛwɔ mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Nyankopɔn animuonyam ho anidasoɔ mu.

Na anidasoɔ nhyɛ aniwuo, ɛfiri sɛ wɔnam Honhom Kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Nyankopɔn dɔ agu yɛn akoma mu. Na yɛda so yɛ mmerɛ no, berɛ a ɛsɛ mu no, Kristo wu maa abusuyɛfoɔ. Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛwu ama deɛ ɔyɛ onipa tenenee mpo; na deɛ ɔyɛ onipa pa no deɛ, ebia anka obi bɛsi ne bo sɛ ɔbɛwu ama no. Na Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, ɛfiri sɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.

Nea Nyame se ni.

Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation) Yohane 4:42, 15
Ayeyi nka wo, O Kristo, daa animuonyam hene!
Awurade, wo na woyɛ wiase agyenkwa no ampa. Ma me nkwa nsu yi bi ɛ, ma osukum anne me.
Ayeyi nka wo, O Kristo, daa animuonyam hene!

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Yohane Kyerɛw mae 4:5-42

Yesu duruu Samaria kuro bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asasewa a Yakob de maa ne ba Yosef no ho. Nso na Yakob abura wɔ hɔ. Na ɛnam sɛ Yesu abrɛ wɔ n’akwantuo mu nti, ɔtenaa abura no so. Na abɔ bɛyɛ sɛ awia dummienu. Na ɔbaa bi a ɔfiri Samaria baa hɔ bɛtoo nsuo. Yesu see no sɛ: “Ma me bi mennom!” Na n’asuafoɔ no kɔ kuro no mu rekɔtɔ aduane. Ɛnna Samariani baa no see no sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wo a woyɛ Yudani, bisa me a meyɛ Samariani baa hɔ nsuo anom?” (Ɔkaa saa ɛfiri sɛ na Yudafoɔ ne Samariafoɔ nka.) Yesu bua see no sɛ: “Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ, ne deɛ ɔse wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wobɛbisa no, na wama wo nkwa nsuo.” Ɔbaa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Owura, wonni adeɛ a wɔde toɔ, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wonya nkwa nsuo no fire? Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Yakob a ɔmaa yɛn abura yi, na ɔno ara ne ne mma ne ne mmoa nomm bie no anaa?” Yesu see no sɛ: “Obiara a ɔnom nsuo yi bie no, osukɔm bɛde no bio. Na deɛ ɔbɛnom nsuo a mɛma no bie no deɛ, osukɔm renne no da; na nsuo a mɛma no no bɛyɛ nsuo abura a ɛfifiri kɔ daa nkwa mu wɔ ne mu.” Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, ma me saa nsuo yi bi, na osukɔm anne me, na mamma ha mammɛto nsuo.”

Yesu see no sɛ: “Kɔfrɛ wo kunu bra ha!” Ɔbaa no bua kaa sɛ: “Menni kunu.” Yesu see no sɛ: “Woaka no yie sɛ wose: Menni kunu; na wo ne mmarima baanum na atena, na deɛ wo ne no wɔ hɔ seesei ara yi mpo, ɔnyɛ wo kunu. Yei deɛ woaka no nokorɛ mu.” Ɔbaa no see no sɛ: “Owura, mahunu sɛ woyɛ odiyifoɔ. Yɛn agyanom sɔree bepɔ yi so; na mo deɛ, moka sɛ Yerusalem ne faako a ɛsɛ sɛ wɔsɔre.” Yesu see no sɛ: “Ɔbaa, gye me di sɛ, dɔn no reba a ɛnyɛ bepɔ yi so, anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre Agya no. Mosɔre deɛ monnim; yɛn deɛ, yɛsɔre deɛ yɛnim, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ no firi Yudafoɔ mu. Na dɔn no reba, na adu, sɛ wɔn a wɔsɔre nokorɛ mu no bɛsɔre Agya no honhom ne nokorɛ mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no na Agya no rehwehwɛ. Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokorɛ mu.” Ɔbaa no see no sɛ: “Menim sɛ Mesaia (a wɔfrɛ no Kristo) no reba; na sɛ ɔba a, ɔno na ɔbɛkyerɛ yɛn nnoɔma nyinaa.” Yesu see no sɛ: “Me a me ne wo rekasa yi, mene no.”

Saa berɛ no ara na n’asuafoɔ no baeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa sɛ ɔne ɔbaa no rekasa, nanso obi ammisa no sɛ: “Deɛn na wohwehwɛ? Anaasɛ: Adɛn na wo ne ɔbaa no rekasa yi?” Ɛnna ɔbaa no gyaa n’asuhina no hɔ, na ɔkɔɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ: “Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me, sɛ ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa?” Ɛnna nkurɔfoɔ no firii kuro no mu baa Yesu nkyɛn.

Saa berɛ no mu no n’asuafoɔ no see no sɛ: “Rabi, didi!” Na ɔsee wɔn sɛ: “Mewɔ aduane medi a monnim”. Enti n’asuafoɔ no sesee wɔn ho sɛ: “Obi abrɛ no biribi adi anaa?” Yesu see wɔn sɛ: “M’aduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na mewie n’adwuma. Ɛyɛ a, monka sɛ aka abosome nnan na otwa berɛ adu anaa? Hwɛ, mese mo sɛ, momma mo ani so, na monhwɛ mfuo mu, sɛ anya ahoa ama otwa. Na deɛ ɔtwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu; na deɛ ɔguiɛ ne deɛ ɔtwaeɛ nyinaa ani agye prɛko. Na yei mu na asɛm no yɛ nokorɛ sɛ: Obi gu, na obi twa. Me deɛ, mesomaa mo sɛ monkɔtwa deɛ moanyɛ ho adwuma; ebinom abrɛ wɔn ho ayɛ, na mo deɛ, moabɛdi wɔn adwuma no so aba.”

Na Samariafoɔ a wɔwɔ kuro no mu no mu pii gyee no dii, ɛsiane ɔbaa no adanseɛ a ɔdii sɛ: Waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me, no nti. Enti Samariafoɔ no baa ne nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn; na ɔtenaa hɔ nnanu. Na nnipa pii a ɛsene kane deɛ no gyee no dii n’asɛm nti, na nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Afei ɛnyɛ w’asɛm nti na yɛgye die, na yɛn ara yɛate, na yɛahunu sɛ oyi ne wiase Agyenkwa no ampa.”

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *