KWASIDA A ƐTO SO DUWOTWE WƆ AFE NO MU, AFE A(EIGHTEENTH SUNDAY IN ORDINARY TIME, YEAR A) By: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku.

KWASIDA A ƐTO SO DUWOTWE WƆ AFE NO MU, AFE A(EIGHTEENTH SUNDAY IN ORDINARY TIME, YEAR A) By: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku.

AKENKAN A ƐDI KAN (FIRST READING)
Akenken a efiri Odiyifoɔ Yesaia nhoma a ɛdikan no mu 55:1-3

Mommra oo, mo a sukɔm de mo nyinaa, mommra nsuo ho, na mo a monni sika no, mommra mmɛtɔ, na monni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufosuo; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na ɛnni boɔ nso. Adɛn na mokari sika gye deɛ ɛnyɛ aduane, ne mo brɛ so adeɛ tɔ deɛ ɛmmee mo? Montie me ɛ, monni nnepa, na sradeduane nyɛ mo kra dɛ. Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, montie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam, Dawid adɔeɛyɛdeɛ a ɛsi hɔ pintinn no.

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 144(145):8-9, 15-16, 17-18 G/. 16
G: Wobue wo nsam, na ye nya deɛ ye pɛ ɛdi mee

  1. Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ.
    ne bo kyɛre fu na n’adɔeɛ so
    Awurade yɛ ma nnipa nyinaa,
    na ne mmɔborɔhunu wɔ ne nnwuma nyinaa so. G/.
  2. Ani nyinaa hwɛ wo kwan,
    na woma wɔn wɔn aduane ne berɛ mu.
    Wobue wo nsam,
    na woma ateasefoɔ nyinaa nya deɛ wɔpɛ di mee. G/.
  3. Awurade tene, n’akwan nyinaa mu,
    na ɔyɛ adɔeɛ ne nnwuma nyinaa mu.
    Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,
    wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa. G/.

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht Paulo Nhoma a ɔkyerɛw kɔmaa Romafoɔ no mu 8:35, 37-39

Anuanom, hwan na ɔbɛtete yɛne Kristo dɔ mu? Ahohia anaa ahometeɛ anaa ɔtaa anaa ɛkɔm anaa adagya anaa amanenya anaa nkrantɛ? Nanso yeinom nyinaa mu na yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro soɔ. Na megye medi ampa sɛ, owuo anaa nkwa, anaa abɔfoɔ, anaa atumfoɔ, anaa nnoɔma a ɛwɔ hɔ, anaa nnoɔma a ɛrebɛba, anaa ahoɔden, anaa ɔsoro, anaa ebunu, anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no mu.

Nea Nyame se ni.

AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! Nnwom 78:24
Na ɔtɔɔ mana guu wɔn so sɛ wɔnni, na ɔde ɔsoro aduane maa wɔn.
Alleluia! Alleluia!

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo kyerɛw mae 14:13-21

Yesu tee Yohane Osuboni wu no, ɔtew ne ho kɔtenaa baabi. Nnipa tee ne nka ma wɔnam fam fii wɔn nkurow ne wɔn nkuraase tiw no kɔɔ nea ɔwɔ hɔ. Yesu fii ɔkorow no mu baa nea nnipa no wɔ hɔ no. Ohuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Eyi ma ɔsaa ayarefo a wɔwɔ wɔn mu no yare.

Anim rebiribiri no, Yesu asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ade resa. Aduan biara nso nni ha. Ɛha nso mmɛn kurow biara. Enti, gya nnipa no kwan na wɔnkɔhwehwɛ aduan ntɔ nni wɔ kurow no bi so.” Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛho nhia sɛ wɔkɔ; momma wɔn aduan nni!” Asuafo no ka kyerɛɛ no sɛ, “Nea yɛwɔ nyinaa yɛ abodoo anum ne mpataa abien pɛ.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa mmrɛ me.” Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase wɔ sare no so. Ɔhwɛɛ soro bɔɔ mpae, hyiraa aduan no so. Afei obubuu mu de maa n’asuafo no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no. Obiara dii nea wɔde maa no no mee pintinn. Afei asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumien. Mmarima a wodii aduan no dodow bɛyɛ mpemnum a mmea ne mmofra nka ho.

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *