AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Asomafo Nhoma no mu 2:43-47
Na wɔkura asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ ne ayɔnkofa ne paanoobubuo ne mpaebɔ mu ara. Na ehu baa nnipa nyinaa so, na asomafoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ pii. Na wɔn a wɔgye diiɛ nyinaa hyiaa faako, na wɔn nnoɔma nyinaa yɛ kwasafodeɛ, na wɔtɔn wɔn ahonyadeɛ ne wɔn nnoɔma, na wɔkyɛɛ mu maa wɔn nyinaa, sɛdeɛ ɛhia obiara. Na daa wɔde akoma korɔ hyiaa mu wɔ asɔrefie, na wɔbubuu paanoo afie mu de ahosan ne akoma kronn dii wɔn aduane, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔwɔ animuonyam ɔman no nyinaa anim. Na Awurade de wɔn a na wɔregye wɔn nkwa kaa asafo no ho daa.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 117(118): 2-3, 13-15, 22-24. G/. 1
G: Monna Awurade ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.
- Ma Israel nka ɛ:
n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.
Ma Aaron fiefoɔ nka ɛ:
n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.
Ma wɔn a wɔsuro Awurade nka ɛ:
n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. G/. - Wɔwɔɔ me nkonsia sɛ anka menhwe ase,
nanso Awurade aboa me.
M’ahoɔden ne m’ayeyie dwom ne Awurade,
na wayɛ me nkwagyeɛ.
Osebɔ ne nim gyegye ateneneefoɔ ntomadan mu. G/. - Ɔboɔ a abantofoɔ apa no
abɛyɛ tweaso boɔ titire.
Awurade na ɔmaa yei yɛeɛ,
ɛyɛ nwanwa yɛn ani so. G/.
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Peter nhoma a edikan no mu 1:3-9
Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya a ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔreɛ a ɔfiri awufoɔ mu sɔreeɛ no so awo yɛn foforɔ kɔ anidasoɔ a emu wɔ nkwa mu, ne apɛgyadeɛ a ɛmporɔ, na ɛho nni dɛm, na ɛmpa mu, a wɔde asie ɔsoro ama mo a wɔnam gyidie so wɛn mo wɔ Nyankopɔn tumi mu de kɔ nkwagyeɛ a wɔasiesie sɛ wɔrebɛyi no adie ɛberɛ a ɛdi akyire no mu.
Ɛno mu na mo ho siane mo, mo a nnansa yi, sɛ ɛsɛ a, wɔho mo werɛ kakra, sɔhwɛ ahodoɔ bebree mu, na wɔahunu mo gyidie tɔtorɔtɔɔ sɛ ne boɔ yɛ den pii sene sika, a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛeɛ, ama ayeyie ne anidie ne animuonyam, Yesu Kristo ahoyie mu. Ɔno na monhunuu no, nanso modɔ no. Ɔno na monhunuu no seesei deɛ, nanso mogye no die, na mo ho siane mo anigyeɛ a ɛnni kabea a animuonyam wɔ mu mu, sɛ monya mo gyidie akatua a ɛne mo kra nkwagyeɛ no.
Nea Nyame se ni.
Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation) John 20:29
Alleluia, Alleluia!
Sɛ woahu me nti na woagye adie. Nhyira ne wɔn a wɔnhunuiɛ, na wɔgye die.
Alleluia, Alleluia!
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Yohane Kyerɛw mae 20:19-31
Da a ɛdi nnawɔtwe kan no ara, ɛduruu anwummerɛ na Yudafoɔ ho hu nti wɔatoto apono mu faako a asuafoɔ no ahyia hɔ no, Yesu ba bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔsee wɔn sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo!” Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne mfe mu kyerɛɛ wɔn. Na asuafoɔ no hunuu Awurade no, wɔn ani gyeeɛ. Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo! Sɛdeɛ Agya no asoma me no, me nso mesoma mo.” Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na ɔsee wɔn sɛ: “Monnye Honhom Kronkron! Wɔn a mode wɔn bɔne kyɛ wɔn no, wɔde akyɛ wɔn; na wɔn a momma wɔn bɔne tena hɔ no, wɔama no atena hɔ.”
Na Toma, dummienu no mu baako a wɔfrɛ no Ata no, nni wɔn mu na Yesu baeɛ. Ɛnna asuafoɔ no see no sɛ: “Yɛahunu Awurade.” Na Toma ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ manhunu ne nsam nnadewa no ananmu, na mamfa me nsateaa manka nnadewa no ananmu a, merennye menni.”
Na ɛno akyiri nnawɔtwe, na n’asuafoɔ no wɔ ɛdan mu bio, na Toma ka wɔn ho. Na Yesu bae, nso na apono no mu atoto, na ɔbɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔkaa sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo!” Ɛnna afei ɔsee Toma sɛ: “Fa wo nsateaa bra ha na bɛhwɛ me nsamu, na fa wo nsa bɛka me mfe mu, na nyɛ okyinnyegyefoɔ, na gye di!” Toma bua see no sɛ: “M’Awurade ne me Nyankopɔn!” Yesu see no sɛ: “Toma, sɛ woahu me nti na woagye adie. Nhyira ne wɔn a wɔnhunuiɛ, na wɔgye die.”
Na afei, nsɛnkyerɛnneɛ pii nso wɔ hɔ a Yesu yɛɛ no asuafoɔ no anim a wɔantwerɛ no nwoma yi mu. Na yeinom na wɔatwerɛ sɛ monnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Nyankopɔn Ba, na mogye di a, moanya nkwa ne din mu.
Nea Awurade se ni.
