AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Odiyifo Yesaia Nhoma no mu 49:3, 5-6
Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: “M’akoa ne wo, Israel a mɛnya wo mu animuonyam.” Na afei Awurade se, deɛ ɔnwonoo me firii yafunu mu sɛ memmɛyɛ no akoa, na mensane Yakob memmra ne nkyɛn, na memmoa Israel ano memmrɛ no no, ɛfiri sɛ m’anim aba nyam, Awurade anim, na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden, ɔse: “Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuo soɔ, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba; na mede wo bɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano.”
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 39(40):2, 4, 7-8, 8- 9, 10. G/. 8a & 9a
G: Hwɛ, mereba, Awurade, sɛ mɛyɛ deɛ wopɛ.
- Twɛn na metwɛnee Awurade,
na ɔyɛɛ aso maa me, na ɔtee me sufrɛ.
Na ɔde dwom foforɔ ahyɛ m’anomu,
yɛn Nyankopɔn ayeyie. G/. - Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ,
woasiesie aso de ama me,
wommisa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ.
Ɛnna mekaa sɛ: “Hwɛ, mereba”. G/. - Wɔatwerɛ me ho asɛm nwoma mmobɔeɛ no mu.
Deɛ mepɛ ne sɛ mɛyɛ deɛ wo, me Nyankopɔn, wopɛ,
na wo mmara wɔ m’akomam. G/. - Maka tenenee ho asɛmpa
asafo kɛseɛ mu,
hwɛ, meremmua m’ano, Awurade, wonim. G/.
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paulo nhoma a edi kan a ɔkyerew komaa Korintofoɔ no mu 1:1-3
Paulo, Kristo Yesu somafoɔ a wɔnam Nyankopɔn pɛ so afrɛ no, ne yɛn nua Sostene de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, wɔn a wɔate wɔn ho wɔ Kristo Yesu mu afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ, ne wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa Wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa no; adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
Nea Nyame se ni.
AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! Yohanne 1:14, 12
Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu. Na dodoɔ a wɔgyee no no, wɔn a wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Nyankopɔn mma
Alleluia! Alleluia!
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Yohane Kyerɛw mae 1:29-34
Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔse: “Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie. Oyi ne deɛ mekaa wɔ ne ho sɛ: Ɔbarima bi di m’akyiri reba a ɔkyɛne me mpo, ɛfiri sɛ ɔdii m’anim kan. Na me deɛ, anka mennim no; na sɛ wɔbɛyi no akyerɛ Israel nti na meba mebɛbɔɔ asu nsuo mu”. Na Yohane dii adanseɛ sɛ: “Mehunuu Honhom no sɛ ɔfiri soro resiane sɛ aburuburo, na ɔbɛtenaa ne so. Na me deɛ, anka mennim no, na deɛ ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ asu nsuo mu no, ɔno na ɔsee me sɛ: Deɛ wobɛhunu sɛ Honhom no resiane abɛtena ne soɔ no, ɔno ne deɛ ɔbɔ asu Honhom Kronkron mu. Na mahunu na madi adanseɛ sɛ oyi ne Nyankopɔn ba no.”
Nea Awurade se ni.

![ORDINARY TIME WEEK II [Year “A”] (Jan 18, 2026) Is 49:3, 5-6; I Cor 1:1-3; Jn 1:29-34. BY: Rev. Fr. Clifford Atta Anim.](https://frcliffordhomilies.com/wp-content/uploads/2026/01/IMG_2169-150x150.jpeg)
Asade
You are welcome Fr