MASS READINGS IN TWI: AWURADE YIKYERƐ AFEDA(EPIPHANY OF THE LORD) 4/1/2026. By Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku

MASS READINGS IN TWI: AWURADE YIKYERƐ AFEDA(EPIPHANY OF THE LORD) 4/1/2026. By Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku

AKENKAN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Odiyifoɔ Yesaia Nhoma no mu 60:1-6

Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na Awurade animuonyam apue wo so. Na hwɛ, esum bɛkata asase so, na esum kabii akata aman so; nanso Awurade bɛpue wo so na n’animuonyam abɛda adi wo so. Na amanaman bɛnante aba wo hann no ho, na ahemfo aba hyerɛn a apue wo soɔ no ho. Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia, na hwɛ; wɔn nyinaa aboa ano reba wo nkyɛn; wo mmabanin firi akyirikyiri reba, na wo mmammaa nso, wɔturu wɔn wɔn nkyɛn mu reba. Ɛno na wobɛhunu, na w’anim ate, w’akoma de ahosɛpɛ bɛdi ahurisie, ɛfiri sɛ ɛpo ahonyadeɛ dodoɔ redane abɛyɛ wo deɛ, amanaman ahodeɛ reba wo nkyɛn. Yoma manyamanya bɛkata wo so, Midian ne Efa yomaforɔ no. Wɔn nyinaa firi Seba reba, sika ne ohwamfufuo na wɔsoso, na wɔbɛka Awurade ayeyie.

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 71(72): 1-2, 7-8, 10-13 G. 11
G/: Awurade, amanaman nyinaa bɛsom wo.

  1. Onyankopɔn, fa w’atemmuo ma ɔhene,
    ne wo tenenee ma ɔhene ba.
    Ma no mfa tenenee nni wo man so,
    na ɔmfa atemmuo nhwɛ w’amanehunufoɔ. G/.
  2. Ɔteneneeni bɛsi frɔmm ne berɛ so,
    na asomdwoeɛ pii bɛba akɔduru sɛ ɔsrane nni hɔ bio.
    Ɔbɛdi hene afiri po so akɔsi po so,
    de afiri asubɔnten no so akɔsi asase ano. G/.
  3. Tarsis ne nsupɔ mu ahemfo bɛba abɛyɛ ayɛ,
    Saba ne Seba ahemfo bɛba abɛkyɛ adeɛ.
    Na ahemfo nyinaa bɛkoto asɔre no,
    amanaman nyinaa bɛsom no. G/.
  4. Na ɔbɛgye ohiani a ɔsu frɛ no,
    ne ɔmanehunufoɔ a ɔnni boafoɔ.
    Ɔbɛkora ɔbrɛfoɔ ne ohiani,
    na wagye ahiafoɔ nkwa. G/.

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paulo Nhoma a ɔkyerɛw kɔmaa Efesofo no mu 3:2-3, 5-6

Ebia moate ofiehwɛ-adwuma a Nyankopɔn adom a mo nti wɔde adom me no, sɛ ɔnam adiyie so maa mehunuu ahuntasɛm no, sɛdeɛ matwerɛ no tiawa mu dada no.

Awoɔ ntoatoasoɔ bi mu, wɔamma nnipa mma anhunu, sɛdeɛ wɔayi no adi nnansa yi akyerɛ n’asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron, wɔ honhom mu, sɛ amanaman mufoɔ nso bɛyɛ adedifoɔ ne nipadua korɔ no ara bi, na wɔnam asɛmpa no so anya kyɛfa wɔ ne bɔhyɛ no ho bi wɔ Kristo Yesu mu.

Nea Nyame se ni.

Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation)
Alleluia! Alleluia! Mateo 2:2
Ɛhe na Yudafoɔ hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahunu ne nsoromma wɔ Apueeɛ, na yɛreba abɛkoto no.
Alleluia! Alleluia!

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo Kyerɛw mae 2:1-12

Wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode berɛ so no, hwɛ anyansafoɔ bi firi Apueeɛ baa Yerusalem Ɛhe na Yudafoɔ hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahunu ne nsoromma wɔ Apueeɛ, na yɛreba abɛkoto no. Na Ɔhene Herode teeɛ no, ɔne Yerusalemfoɔ nyinaa akoma tui; na ɔhyiaa ɔman no mu asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ nyinaa bisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristo no. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Betlehem a ɛwɔ Yudea; na saa ara na odiyifoɔ no atwerɛ sɛ: Na wo Betlehem, Yuda asase, wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa, ɛfiri sɛ wo mu na ɔsafohene a ɔbɛhwɛ me man Israel so no bɛfiri aba.

Ɛnna Herode frɛɛ anyansafoɔ no kokoam, bisaa wɔn berɛ ko a nsoromma no firiiɛ no yie. Afei ɔsomaa wɔn Betlehem sɛ: Monkɔ nkɔhwehwɛ abɔfra no yie; na sɛ monya hu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔ nkɔkoto no bi. Na wɔtiee ɔhene asɛm no wieeɛ no, wɔsii mu kɔe; na hwɛ, nsoromma a wɔhunuu no Apueeɛ no dii wɔn anim ara de kɔsii sɛ ɛkɔgyinaa faako a abɔfra no wɔ no atifi. Na wɔhunuu nsoromma no no, wɔn ani gyee kɛseɛ pa ara. Na wɔkɔɔ dan no mu no, wɔhunuu abɔfra no ne ne na Maria, na wɔkoto sɔree no; na wɔbuee wɔn fotoɔ mu yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne ohwamfufuo ne korɔbɔ. Na wɔyi kyerɛɛ wɔn daeɛ mu sɛ wɔnnsane nnkɔ Herode hɔ bio no, wɔfaa ɔkwan foforɔ bi so sane kɔɔ wɔn kurom.

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *