TWI MASS READINGS (9th NOVEMBER) ƆHOTENI JOHN LATERAN ASƆRE NTUHYƐ, AFEDIDA(THE DEDICATION OF THE LATERAN BASILICA, FEAST). By: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku.

TWI MASS READINGS (9th NOVEMBER) ƆHOTENI JOHN LATERAN ASƆRE NTUHYƐ, AFEDIDA(THE DEDICATION OF THE LATERAN BASILICA, FEAST). By: Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku.

FIRST READING
Akenkan a efiri Odiyifoɔ Hesekiel Nhoma no mu 47:1-2. 8-9. 12

Ɛnna ɔbofoɔ de me baa asɔredan no pono ano, na hwɛ, nsuo firi asɔredan no aponnwa ase resene kɔ apueeƐ fam, na ɛdan no anim hwɛ apueeɛ, na nsuo no resiane wɔ aseɛ, efie no nifa so, aforebukyia no anafoɔ fam. Na ɔde me nam atifi fam ponkɛseɛ no kwan so firii adi, na ɔde me faa mfikyikwan no so konton baa animu ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no kwan so, na hwɛ, ná nsuo firi nifa so resene.

Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Nsuo yi firi sene kɔ apueeɛ fam kanko no mu na ɛsiane kɔ mpaperɛ no so, na ɛkɔ po mu. Ɛpo mu na nsuo a ɛfiri sene yi korɔ, na asa nsuo no yadeɛ. Na ɔkra teasefoɔ biara a ɛka ne ho baabiara a asuo a ɛboro soɔ yi bɛka hɔ no bɛnya nkwa na emu nam bɛdɔɔso bebree pa, ɛfiri sɛ nsuo yi bɛkɔ hɔ, na wɔasa po no nsuo yadeɛ, na ade nyinaa anya nkwa, deɛ asuo no korɔ. Na asuo no nsunoa ha ne ha na nnua a wɔdie ahodoɔ nyinaa bɛfifirɛ; n’ahahan rempo, na n’aba rens, ɛbɛsoso n’abosome mu, ɛfiri sɛ ne nsuo no, kronkronbea na ɛfiri sene. Na n’aba bɛyɛ aduane, na n’ahahan ayɛ aduro.’

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 45(46):1-2. 4-5. 7-8. G/. 4
G: Asu bi wɔ hɔ a ɛde ahokeka ba Onyankopɔn kurow mu.

  1. Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden
    a wasiesie ne ho sɛ ɔbɛboa ɔhaw bere mu.
    Enti sɛ asase rewosow koraa a, yensuro,
    na sɛ mmepɔw tutu kogu ɛpo bon mu nso a, saa ara. G/.
  2. Asu bi wɔ hɔ a ɛde ahokeka ba Onyankopɔn kurow mu,
    Ɔsorosoroni kronkron no fi.
    Onyankopɔn te saa kurow no mu,
    na obiara rensɛe no da; anɔpahema, ɔbɛba abɛboa. G/.
  3. Awurade Tumfoɔ ka yɛn ho.
    Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea.
    Bɛhwɛ nea Awurade ayɛ.
    Hwɛ anwonwade a wayɛ wɔ asase so. G/.

SECOND READING
Akenkan a efiri Ht. Paulo Nhoma a ɛdi kan a ɔtwerɛ kɔmaa Korintofoɔ no mu 3:9-11. 16-17

Anuanom, yɛn de yɛyɛ aboafo a yɛne Onyankopɔn reyɛ adwuma na mo nso moyɛ Onyankopɔn afuw. Bio, moyɛ Onyankopɔn dan. Nokwarem, munim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn Honhom no te mo mu! Enti obiara a ɔbɛsɛe Onyankopɔn asɔredan no, Onyankopɔn bɛsɛe no. Efisɛ, Onyankopɔn asɔredan yɛ kronkron na mo na moyɛ n’asɔredan no.

Nea Nyame se ni.

Gospel Acclamation 2 Kronika 7:16
Alleluia, Alleluia!
Mafa efie yi ayɛ no kronkron, sɛ me din ntena hɔ nkɔsi daa, na m’ani ne m’akoma bɛtena hɔ naa nyinaa.
Alleluia, alleluia!

ASEMPA (GOSPEL READING)
Asempa no senea Ht. Yohane kyerew mae 2:13-22

Esiane sɛ na Yudafo Twam Afahyɛ no rebedu no nti, Yesu kɔɔ Yerusalem. Oduu asɔredan no mu hɔ no, ohui sɛ aguadifo bi nso tete wɔn apon akyi resesa sika. Yesu faa ntampehama, yɛɛ no mpire, de pamoo sikasesafo no ne wɔn nguan ne wɔn anantwi no fii asɔredan mu hɔ, kaa wɔn apon gui maa wɔn sika a wɔresesa no nyinaa bɔ pansamee. Afei ɔkɔɔ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no so ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsesaw wɔn mfi ha nkɔ ntɛm! Mommfa m’agya fi nnyɛ aguadibea!” Asuafo no kaee sɛ, wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu se, “Wo fi yiyedi ho dadwene ahyɛ me so.” Afei Yudafo mpanyin no bisaa Yesu se, “Tumi bɛn na wowɔ a enti wopamoo nnipa no? Yɛ nsɛnkyerɛnne bi fa di adanse sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wo saa tumi no.” Yesu buaa wɔn se, “Mate nea moaka no. Nsɛnkyerɛnne a mede bedi adanse ara ne sɛ, mummubu asɔredan yi ngu na mede nnansa besi bio.” Yudafo mpanyin no tee asɛm a Yesu kae no, wobisaa no se, “Asɔredan a wɔde mfe aduanan asia sii no, na wode nnansa betumi asi?” Na ɔno deɛ, ɔkaeɛ no, na ɔne ne nipadua asɔredan. Yesu wusɔre no akyi ansa na asuafo no kaee asɛm a ɔkae no. Eyi ma wogyee Kyerɛwsɛm ne nsɛm a Yesu kae no dii.

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *