FIRST READING
Akenkan a ɛfiri Nyansa nhoma no mu 3:1-9
Ateneneefoɔ kra wɔ Onyankopɔn nsa mu, na ahohiahia biara renka wɔn da biara da. Nkwaseafoɔ ani so deɛ, asɛ deɛ wɔawuwuo, na wɔsusuu sɛ wɔn ha firi no yɛ adebɔne, ne firi a wɔfiri yɛn mu akɔ no yɛ ɔsɛeɛ, nanso wɔwɔ asomdwoeɛ mu. Na ɛwom sɛ nnipa ani so wɔtea wɔn deɛ, nanso
wɔn anidasoɔ yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ. Wɔatea wɔn kakra yi, wɔbɛnya yiedie kɛseɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn sɔɔ wɔn hwɛeɛ na ɔhunuu sɛ wɔfata no; ɔsɔɔ wɔn hwɛɛ sɛ sika a ɛgu ogya fononoo mu, na ɔgyee wɔn sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Wɔn nsra berɛ mu wɔbɛhyerɛn, na wɔbɛtu mmirika sɛ ogyasramma a ɛfa ayuo twakaeɛ mu. Wɔbɛdi aman so na wɔadi tumi wɔ nkurɔfoɔ so, na Awurade bɛdi wɔn so afebɔɔ. Wɔn a wɔn werɛ hyɛ ne mu no bɛte nokorɛ ase, na ɔnokwfoɔ ne no bɛtena ɔdɔ mu, ɛfiri sɛ adom ne mmɔborɔhunu wɔ hɔ ma n’ahotefoɔ, na ɔwɛn wɔn a wayi wɔn no.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 22(23) G/. 1
G: Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me.
- Awurade ne me hwɛfo,
hwee renhia me.
Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea.
Ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho.
odwudwo me kra. G/. - Ɔde me fa akwantrenee so,
ne din nti.
Sɛ menam owu sum kabii mu mpo a,
minsuro,
efisɛ, wo ne me na ɛwɔ hɔ. G/. - W’abaa ne wo poma na ɛkyerɛ me kwan.
wotow me pon m’atamfo anim.
wode ngo fɔw me tirim,
Me kuruwa yɛ ma bu so. G/. - Yiye ne adɔe nko na ebedi m’akyi,
me nkwa nna nyinaa;
na mɛtena Awurade fi daa. G/.
SECOND READING
Akenkan a efiri Paulo Nhoma a ɔtwerɛ kɔmaa Romafo no mu 5:5-11
Saa anidaso yi renni yɛn hwammɔ, efisɛ, Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ n’akyɛde a ɔde ama yɛn no so ahwie ne dɔ agu yɛn koma mu. Efisɛ, bere a yenni mmoa biara no, Kristo wu maa amumɔyɛfo Onyankopɔn pɛ mu. Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bewu ama nea ɔyɛ onipa trenee po; na nea ɔyɛ onipa pa no de, ebia obi besi ne bo awu ama no. Nanso Onyankopɔn akyerɛ yɛn ɔdɔ a ɔde dɔ yɛn; bere a yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no na Kristo wu maa yɛn. Ɛnam ne wu no so ama yɛasɔ Onyankopɔn ani; ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi agye yɛn nkwa afi Onyankopɔn abufuw mu. Na yɛyɛ Onyankopɔn atamfo nanso ɔnam ne Ba no wu so ama yɛayɛ ne nnamfo. Afei a yɛyɛ Onyankopɔn nnamfo yi, akyinnye biara nni ho sɛ ɔnam ne Ba no ase a ɔte no so begye yɛn nkwa! Ɛnyɛ ne nyinaa ni; yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a afei wayɛ yɛn Onyankopɔn nnamfo no so gye yɛn ani wɔ Onyankopɔn mu.
Nea Nyame se ni.
ANAA
Akenkan a efiri Paulo Nhoma a ɔtwerɛ kɔmaa Romafo no mu 6:3-9
Anuanom, monnim sɛ, yɛn mu dodoɔ a wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ ne wuo mu anaa? Enti wɔnam owuo mu asubɔ so asie yɛne no sɛ, sɛdeɛ wɔnam Agya no animuonyam so nyanee Kristo firii awufoɔ mu no, saa ara na yɛn nso yɛnnante nkwa foforɔ mu. Na sɛ wɔatɛ yɛn ne no wɔ ne wuo mu a, ɛnneɛ yɛnam ne wusɔreɛ no so ne no bɛbom afifiri. Na yɛnim yei sɛ wɔabɔ yɛn nipa dada ne no asɛnnua mu, sɛ bɔne no nipadua nwu, na yɛansom bɔne bio; ɛfiri sɛ deɛ wawuo no, wɔabu no bem afiri bɔne ho. Na sɛ yɛne Kristo awu a, yɛgye di sɛ yɛne no bɛtena ase nso, na yɛnim sɛ Kristo a wɔnyanee no firii awufoɔ mu no renwu bio; na owuo renni ne so bio.
Nea Nyame se ni.
Gospel Acclamation Yohane 6:39
Alleluia, Alleluia!
Na nea ɔsomaa me no apɛde ne sɛ, mɛhwɛ wɔn a ɔde wɔn ama me no nyinaa so yiye na da a edi akyiri no, manyan wɔn ama wɔn nkwa foforo.
Alleluia, alleluia!
ASEMPA (GOSPEL READING)
Asempa no senea Ht. Yahanne kyerew mae 6:37-40
Yesu kakyereɛ ɛdɔm no sɛ, “Wɔn a Agya no de wɔn ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na deɛ ɔba me nkyɛn no, merento no ntwene da, ɛfiri sɛ mesiane mefiri soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ deɛ me ara mepɛ, na mmom deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ. Na yei ne deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, sɛ deɛ ɔde ama me nyinaa, memmma emu bi nnyera, na manyane no ɛda a ɛdi akyire no. Na yei ne m’Agya no apɛdeɛ, sɛ obiara a ɔhunu Ɔba no na ɔgye no die no nnya daa nkwa; na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.”
Nea Awurade se ni.

