KWASIDA A ƐTO SO ADUONU-WƆTWE AFE NO MU, AFE C(TWENTY-EIGHTH SUNDAY IN ORDINARY TIME YEAR C)

KWASIDA A ƐTO SO ADUONU-WƆTWE AFE NO MU, AFE C(TWENTY-EIGHTH SUNDAY IN ORDINARY TIME YEAR C)

AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Ahemfoɔ Nhoma a eto so mmienu no mu 5:14-17

Naaman siane de ne ho kɔbɔɔ Yordan mu mprɛnson, sɛdeɛ Nyankopɔn nipa asɛm no teɛ no; na ne honam sane baa mu sɛ abɔfra ketewa honam, na ne ho firiiɛ. Na ɔsane baa Nyankopɔn nipa no nkyɛn, ɔno ne n’asafo nyinaa, na ɔba bɛgyinaa n’anim kaa sɛ: “Hwɛ, mahunu sɛ Onyankopɔn bi nni asase biara so sɛ Israel nko, na afei gye akyɛdeɛ yi w’akoa nsam.” Na ɔse: “Sɛ Awurade a megyina n’anim te aseɛ yi, merennye hwee.” Na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnnye, nanso wampene. Na Naaman kaa sɛ: “Sɛ ɛnte saa a, ma wɔmfa dɔteɛ a mfunumupɔnkɔ mmienu bɛtumi asoa mma w’akoa, na w’akoa remmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara mma onyame biara bio sɛ Awurade nko.”

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 97(98):1,2-3, 3-4 R/. 2b

G/: Awurade ama wɔahunu ne nkwagyeɛ amanaman anim.

  1. Monto dwom foforɔ mma Awurade,
    na wayɛ anwanwadeɛ,
    ne nifa ne ne basa kronkron adi nim ama no. G/
  2. Awurade ama wɔahunu ne nkwagyeɛ,
    wayi ne tenenee adi, amanaman anim.
    Wakae n’adɔeɛ ne ne nokorɛ ama Israel fie G/
  3. Asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.
    Nsase nyinaa, mommɔ ose mma Awurade,
    monteam nni ahurisie nto ayeyie dwom. G/

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paul nhoma a eto so mmienu a ɔkyerɛw komaa Timothy 2:8-13

Kae Yesu Kristo a ɔsɔre firii awufoɔ mu a ɔfiri Dawid aseɛ, sɛdeɛ m’asɛmpa no teɛ no. Ɛno mu na mehunu amane bɛduru ɔkyerɛ mu sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ, nanso Nyankopɔn asɛm deɛ, wɔnkyeree no. Yei nti meto me bo ase amaneɛ nyinaa mu, wɔn a wɔayi wɔn no nti, na wɔn nso anya nkwagyeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ne daa animuonyam.

Nokwasɛm nie: Sɛ yɛne no awu a, yɛne no bɛtena ase nso. Sɛ yɛgyina pintinn a, yɛne no bɛdi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn. Sɛ yɛnyɛ anokwafoɔ a, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ara,
ɛfiri sɛ ɔntumi mpa ne ho akyi.

Nea Nyame se ni.

AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! John 6:63, 68
Awurade wo nsɛm yɛ honam, wo nsɛm yɛ nkwa: Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.
Alleluia! Alleluia

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Luka Kyerɛw mae 17:11-19

Na ɛbaa sɛ Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea. Na ɔrekɔ akuraa bi aseɛ no, mmarima du bi a wɔyɛ akwatafoɔ hyiaa no a wɔgyinagyina akyirikyiri, na wɔmaa wɔn nne so sɛ: “Owura Yesu, hu yɛn mmɔbɔ!” Na ɔhunuu wɔn no, ɔsee wɔn sɛ: “Monkɔ mfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfoɔ.” Na ɛbaa sɛ wɔrekorɔ no, wɔn ho fiiɛ. Na wɔn mu baako hunuu sɛ ne ho asan no no, ɔsanee n’akyi de nne kɛseɛ bɛyii Onyankopɔn ayɛ, na ɔde n’anim butuu fam wɔ ne nan ase daa no ase. Ɔno deɛ, na ɔyɛ Samariani. Na Yesu buaa sɛ: “Ɛnyɛ du no na wɔn ho fiiɛ? Na baakron no deɛ, wɔwɔ he? Wɔanhunu wɔn mu biara a ɔsane de animuonyam brɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnanani yi nko?” Na ɔsee no sɛ: “Sɔre kɔ, wo gyidie agye wo.”

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *