AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Nyansa Nhoma no mu 9:13-18b
Na hwan na ɔbɛtumi asua Onyankopɔn agyinatuo? Anaasɛ hwan na ɔbɛtumi ahu Awurade apɛdeɛ mu? Ɛfiri sɛ adasamma nsusuiɛ yɛ hunu, na yɛn nhyehyɛɛ bɛyɛ kwa, ɛfiri sɛ nipadua a ɛporɔ no ka ɔkra no hyɛ, na asase ntomadan yɛ adesoa ma adwene a ɛkɔ nkan mu. Ɛyɛ den sɛ yɛbɛdwene ahunu deɛ ɛwɔ asase so, ne deɛ yɛnam adwuma so ma yɛn nsa ka; na hwan na ɔbɛtumi ahunu adeɛ a ɛwɔ soro? Hwan na asua w’agyinatuo,na woamma no nyansa ansa na woansoma wo honhom kronkron afiri soro ansa? Na saa na wɔde wɔn a wɔwɔ asase so akwan asisi hɔ yie.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 89(90):3-4, 5-6. 12-13, 14-17 R/. 1
G/: Awurade, wo na woayɛ yɛn dwanekɔbea, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu
- Woma ɔdasani dane mfuturo, na wose:
Onipa mma, monsane mmra mo mfuturo mu.
Na mfirinhyia apem yɛ w’ani so
sɛ nnora da a ɛtwaa mu
ne anadwo mu dasuo. G/ - Woma wɔsene kɔ sɛ susuansuo,
wɔte sɛ daeɛ, anɔpa wɔfefɛ sɛ wira,
anɔpa ɛyɛ frɔmfrɔm, na ɛfefɛ,
anwummerɛ wɔtwa, na atwintwam G/. - Ma yɛnhunu yɛn nna kan sɛdeɛ ɛteɛ,
na yɛanya nyansa akoma.
Awurade, sane w’akyi, da bɛn ara?
Na ma wo nkoa nyɛ wo mmɔbɔ. G/ - Fa w’adɔeɛ ma yɛmmee nhema,
na yɛadi ahurisie, na yɛn ani agye yɛn nna nyinaa mu.
Na Awurade yɛn Nyankopɔn animteɛ mmra yɛn so,
na yɛn nsa ano adwuma no, ma no nyɛ yie mma yɛn,
yɛn nsa ano adwuma ma no nyɛ yie. G/
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paul nhoma a ɔkyerɛw komaa Ht. Philemon 9-10, 12-17
Ɛyɛ me akora Paulo a seesei mesane meyɛ Kristo Yesu deduani nso: Mesrɛ wo mema me ba a mewoo no wɔ nkyehoma mu, Onesimo. Ɔno ara na masoma no wo nkyɛn bio; onipa a ɔte sɛ me ara m’akoma. Anka mepɛɛ sɛ mesianka no ma no tena me nkyɛn, na wasi w’anan mu asom me wɔ asɛmpa nkyehoma no mu, nanso mampɛ sɛ mefiri w’akyiri meyɛ biribiara, na wo yieyɛ anyɛ sɛ ɛfiri ɔhyɛ mu, na mmom afiri ɔpɛ mu. Na ebia yei nti na ɔne wo tetee mu kakra, sɛ wobɛnya no daa, ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom deɛ ɔsene akoa, sɛ onua dɔfo a ɔyɛ ma me titire, na kampɛsɛ wo, honam ne Awurade fam. Enti sɛ wobu me sɛ ɔyɔnkoɔ deɛ a, gye no sɛ me ara.
Nea Nyame se ni.
AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! John 15:15
Sɛ Awurade se ni: Mafrɛ mo nnamfo, efisɛ nneɛma a mate m’Agya nkyɛn no nyinaa maka makyerɛ mo.
Alleluia! Alleluia
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Luka Kyerɛw mae 14:25-33
Nkurɔfoɔ akuakuo pii ne Yesu nam. Na Yesu danee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ obi ba me nkyɛn, na ɔntane n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarimanom ne ne nuammaanom ne ɔno ara ne ho nso a, ɔntumi nyɛ me suani. Na obiara a ɔnsoa n’asɛnnua na ɔnni m’akyire no, ɔntumi nyɛ me suani.
Na mo mu hwan na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentena ase mmu ho nkonta ansa, sɛ ɔwɔ deɛ ɔde bɛtumi awie? Ebia wafiri aseɛ no, wantumi anwie a, wɔn a wɔhunu nyinaa bɛfiri aseɛ agoro ne ho sɛ: Onipa yi firii aseɛ toe, na wantumi anwie. Anaasɛ ɔhene bɛn na ɔne ɔhene bi rekɔko, na ɔntena ase nnwene ho kane, sɛ ɔbɛtumi de ɔpedu akɔhyia deɛ ɔde ɔpeduonu reba ne soɔ no? Anyɛ saa a, ɔbaako no wɔ akyirikyiri no, ɔtu abɔfoɔ kɔsrɛ sɛ wɔmpata. Saa ara nso na mo mu biara a ɔnnya deɛ ɔwɔ nyinaa hɔ ntumi nyɛ me suani.
Nea Awurade se ni.

