WEEKDAY MASS READINGS (by: Rev. Fr. Stephen Kofi Sakpaku) NAWOTWE A ƐTƆ SO ADUONU MMIENU WƆ NAHUNU MMERƐ AFE 1. TWENTY-SECOND WEEK IN ORDINARY TIME YEAR I)

WEEKDAY MASS READINGS (by: Rev. Fr. Stephen Kofi Sakpaku) NAWOTWE A ƐTƆ SO ADUONU MMIENU WƆ NAHUNU MMERƐ AFE 1. TWENTY-SECOND WEEK IN ORDINARY TIME YEAR I)

ƐDWOADA (MONDAY)

FIRST READING 

Akenkan a efiri Paulo Nhoma a ɛdi kan a ɔtwerɛ kɔmaa Tesalonikafoɔ no mu​           4:13-18

Yegye di sɛ Yesu wui, na ɔsɔree bio enti yɛwɔ gyidi sɛ wɔn a wogyee Yesu dii na wowuwui no, Onyankopɔn de saa nnipa no bɛka Yesu ho.

Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛka nokware a ɛfa wɔn a wɔawuwu no ho kyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a morenni ho awerɛhow te sɛ wɔn a wonni anidaso no. Yegye di sɛ Yesu wui, na ɔsɔree bio enti yɛwɔ gyidi sɛ wɔn a wogyee Yesu dii na wowuwui no, Onyankopɔn de saa nnipa no bɛka Yesu ho. Awurade nkyerɛkyerɛ a yɛreka akyerɛ mo no ne sɛ, ɛda a Awurade bɛba no, yɛn a yɛte ase yi renni awufo no anim kan. Awurade no ankasa de nteɛm a ɔbɔfo panyin no nso nne a Onyankopɔn torobɛnto nne ka ho fi soro bɛba fam. Wɔn a wɔawuwu wɔ Kristo mu no bɛsɔre kan, na wɔaboaboa yɛn a yɛte ase bere no ne wɔn a wɔasɔre no ano wɔ omununkum mu ahyia Awurade wɔ wim. Na saa na yɛne Awurade bɛtena daa. Enti, momfa saa asɛm yi nkyekye obiara werɛ.

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm)             ​     ​Nnwom 95(96):1. 3-5. 11-13. G/. 13

G: Awurade rebedi asase so tumi.

1. To dwom foforo ma Awurade! 

Monto mma Awurade, wiasefo nyinaa! 

Monka n’anuonyam ho asɛm 

ne nneɛma akɛse a wayɛ ama nnipa nyinaa nkyerɛ aman. G/.

2. Awurade yɛ ɔkɛseɛ enti ɔsɛ nkamfo.

Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no anuonyam sen anyame a aka no nyinaa.

Anyame a wɔwɔ aman a aka so no nyinaa yɛ ahoni. 

Nanso Awurade bɔɔ ɔsoro. G/.

3. Asase ne wim, momma mo ani nnye. 

Ɛpo ne mu abɔde nyinaa nworo so;

mfuw ne biribiara a ɛwɔ mu, mo ani nnye! 

Nnua a ɛwɔ kwaem de ahosɛpɛw bɛteɛm G/.

4. Bere a Awurade rebedi asase so no. 

Obedi wiasefo so nokwarem. G/.

Gospel Acclamation ​​​​​​​​                   Luka 4:18

Alleluia, Alleluia!

Awurade ayi me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnomum mu se, wobenya ahofadi 

Alleluia, alleluia!

ASEMPA (GOSPEL READING)

Asempa no senea Ht. Luka kyerew mae​​​​​​           4:16-30

Wɔayi me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo. Odiyifo biara nni anuonyam wɔ ne kurom.

Yesu baa Nasaret, kurow a ne mmofraase wɔtetew no wɔ mu no mu. Na sɛnea ɔtaa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu homeda. Ɔsɔre kɔɔ anim sɛ ɔrekɔkenkan kyerɛwsɛm. Wɔde odiyifo Yesaia nhoma hyɛɛ ne nsa na obuee baabi a wɔakyerɛw se: “Awurade Honhom wɔ me so, na wɔayi me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo. Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnomum mu se, wobenya ahofadi, anifuraefo behu ade; wɔn a wobu wɔn animtiaa benya anuonyam, na Onyankopɔn asiesie ne ho sɛ obehyira wɔn a wɔba ne nkyɛn nyinaa.”

Ɔtoo nhoma no mu de maa ɔhwɛfo no na ɔtenaa ase; na obiara a ɔwɔ hyiadan no mu hɔ no hwɛɛ no dinn. Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se; “Ɛnnɛ na kyerɛwsɛm no aba mu.” Na kasa pa ne nsɛm ahorow a ɔkae no, yɛɛ wɔn a wɔtee nyinaa nwonwa ma wobisae se, “Ɛnyɛ Yosef ba no ni?” Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Akyinnye biara nni ho sɛ mode bɛ yi bebu me se, ‘Ɔyaresafo, sa wo ho yare. Nea yɛate afa wo ho sɛ woyɛe wɔ Kapernaum no, yɛ bi wɔ wo kurom ha.” Nanso mereka ama moate ase sɛ, Odiyifo biara nni anuonyam wɔ ne kurom. 

Nokware mu, Elia bere so no, na mmea akunafo bebree wɔ Israelman mu. Saa bere no osu antɔ mfe abiɛsa ne asram asia enti ɛmaa ɔkɔm kɛse baa ɔman no nyinaa mu. Nanso Onyankopɔn ansoma odiyifo Elia ankɔ obiara nkyɛn sɛ ɔbea kunafo a na ɔwɔ Sarepta a ɛwɔ Sidon no nkyɛn. Bio, saa bere no na akwatafo bebree wɔ Israelman mu nanso odiyifo Elisa ansa obiara yare sɛ ɔsahene Naaman a ofi Siriaman mu no nko ara.” 

Nnipa a wɔwɔ hyiadan no mu tee ne nsɛm a ɔkae no, wɔn bo fuwii papaapa. Wɔde abufuw piapiaa no fii kurow no mu de no kɔɔ bepɔw a wɔn kurow da so no ano sɛ wɔrekɔwɔ n’atiko ama wakɔhwe bepɔw no ase. Nanso ɔfaa wɔn mu kɔɔ ne baabi.

Nea Awurade se ni.

ƐBENADA (TUESDAY)

FIRST READING

Akenkan a efiri Paulo Nhoma a ɛdi kan a ɔtwerɛ kɔmaa Tesalonikafoɔ no mu       5:1-6. 9-11

Yesu Kristo a owu maa yɛn no sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ ɔba na sɛ yɛawu o sɛ yɛte ase o, yɛne no bɛtena ase wɔ nkwa mu.

Anuanom, ɛho nhia sɛ mɛkyerɛw akyerɛ mo nna ne bere a saa nsɛm yi besisi. Efisɛ, mo ankasa munim yiye sɛ da a Awurade bɛba no bɛyɛ sɛ ɔkorɔmfo a ɔreba anadwo. Bere a nnipa bɛka se, “Biribiara yɛ asomdwoe” no, saa bere no na adesɛe bɛba wɔn so. Na wɔrenguan. Ɛbɛyɛ te sɛ yaw a ɛba ɔpemfo a ɔrewo so no. Nanso mo anuanom yi de, monte sum mu nti ɛnsɛ sɛ saa da no fi mo mu sɛ ɔkorɔmfo. Mo nyinaa moyɛ hann ne adekyee mma. Yɛnyɛ anadwo ne sum mma. Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ yɛdeda sɛ afoforo no. Ɛsɛ sɛ yɛwɛn na yɛbrɛ yɛn ho ase. 

Onyankopɔn anyi yɛn sɛ yemmehu amane wɔ n’abufuw ano na mmom, oyii yɛn sɛ yɛmfa Awurade Yesu Kristo a owu maa yɛn no sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ ɔba na sɛ yɛawu o sɛ yɛte ase o, yɛne no bɛtena ase wɔ nkwa mu. Esiane saa nti, monhyɛ mo ho nkuran na mommoaboa mo ho mo ho sɛnea mugu so reyɛ yi.​Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm)                                 Nnwom 26(27):1. 4. 13-14. G/. 13

G/. Megye medi sɛ mɛhu Awurade papayɛ wɔ ateasefo asase so.

1. Awurade ne me hann ne me nkwagye; 

hwan na mensuro no?

Awurade ne me nkwa ahoɔden

hwan anim na me ho mpopoɔ? G/.

2. Ade baako na mabisa Awurade; 

ade baako na mehwehwɛ; 

sɛ mɛtena Awurade fi me nkwa nna nyinaa,

na mahu n’anwonwade nyinaa,

na mabisa n’akwankyerɛ. G/.

3 Megye medi sɛ mɛhu Awurade papayɛ 

wɔ ateasefo asase so

wɔ asetena yi mu.

Fa wo ho to Awurade so, nya gyidi, mpa abaw. 

Fa wo ho to Awurade so. G/.

Gospel Acclamation ​​​​​​​​               Luka 7:16

Alleluia, Alleluia!

Odiyifo kɛse bi asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn asian aba ne manfo mu.

Alleluia, alleluia!

ASEMPA (GOSPEL READING)

Asempa no senea Ht. Luka kyerew mae​​​​​                      4:31-37

Minim onipa ko a woyɛ. Wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no 

Yesu kɔɔ Kapernaum a ɛwɔ Galilea. Ɔkyerɛkyerɛɛ nnipa no homeda biara. Ɛha nso ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ nkurɔfo no nwonwa efisɛ, ɔkasae wɔ tumi so.

Na ɔbarima bi wɔ hyiadan no mu hɔ a hohommɔne ahyɛ no ma. Ohuu Yesu no, ɔteɛɛm se, “Yesu Nasaretni, mmɛhaw yɛn. Yɛne wo nni hwee yɛ. Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Minim onipa ko a woyɛ. Wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no.” Yesu hyɛɛ hohommɔne no sɛ, “Tu fi ne mu kɔ!” Hohommɔne no de ɔbarima no hwee fam na etu fii ne mu kɔe a hwee anyɛ no. Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn, na wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Asɛm bɛn ni. Onipa bɛn ni a ɔde tumi ne ahoɔden teɛ ahohommɔne ma wotie yi?” Nea ɔyɛɛ yi ho asɛm trɛwee ɔman no mu nyinaa.

Nea Awurade se ni. 

WUKUADA (WEDNESDAY)

FIRST READING

Akenkan a efiri Paulo Nhoma a ɔtwerɛ kɔmaa Kolosefoɔ no mu​​   ​​   1:1-8

Asɛmpa no de nhyira abrɛ wiase mmaa nyinaa, na trɛw ara na ɛretrɛw sɛnea muhu no wɔ mo mu no.

Saa krataa yi fi Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, ɔyɛ Kristo somafo no ne yɛn nua Timoteo nkyɛn. De kɔma ahotefo a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu gyidifo no: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn nka mo. 

Bere biara a yɛbɔ mpae ma mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔyɛ Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Efisɛ, yɛate mo gyidi a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu ne dɔ a modɔ ahotefo no. Da a edi kan a motee Asɛmpa no, munyaa mu anidaso a ɛwɔ hɔ ma mo. Enti mo gyidi ne mo dɔ a mowɔ no gyina mo anidaso a mowɔ a wɔakora no wɔ ɔsoro ama mo no so. Efi da a edi kan a motee Onyankopɔn adom na muhuu sɛnea ɛte no, Asɛmpa no de nhyira abrɛ wiase mmaa nyinaa, na trɛw ara na ɛretrɛw sɛnea muhu no wɔ mo mu no. Ɛnam Epafra a ɔyɛ yɛn nua somfo a ɔde gyidi yɛ Kristo adwuma ma yɛn no so na muhuu eyi. Ɔkaa ɔdɔ a Honhom no de ama mo no kyerɛɛ yɛn.

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm)                             ​          Nnwom 51(52): 8-9. G/. 8

G: Mede me ho to ne dɔ a ɔdɔ me daadaa no so. 

1. Nanso mete sɛ ngodua a

ɛrenyin wɔ Onyankopɔn fi. 

Mede me ho to ne dɔ a 

ɔdɔ me daadaa no so. G/.

2. Daa mɛda wo ase, Onyankopɔn, 

wɔ nea woayɛ no so wɔ nnipa nyinaa anim. 

Mɛpae mu maka se, 

woyɛ trenee. G/.

Gospel Acclamation ​​​​​​​              ​ 1 Yohane 2:5 Alleluia, Alleluia

Na obiara a otie n’asɛm no yɛ obi a nokwarem, ne dɔ a ɔde dɔ Onyankopɔn no yɛ pɛ. Eyi na ɛma yɛte yɛn ho ase sɛ yɛte Onyankopɔn mu.

Alleluia, alleluia

ASEMPA (GOSPEL READING) 

Asempa no senea Ht. Luka kyerew mae​​​​​​           4:38-44

Ɛsɛ sɛ meka Asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho no mekyerɛ afoforo nso, efisɛ, ɛno nti na wɔsomaa me.

Yesu fi hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon fi kɔtoo sɛ atiridii abɔ Simon n’asebea. Nnipa a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnsa no yare. Ɔkɔɔ nea ɔda hɔ kogyinaa ne nkyɛn, teɛɛ ɔyare no ma egyaee amonom hɔ ara ma ɔsɔre maa wɔn aduan dii.

Onwini dwoe no, wɔde ayarefo pii bae sɛ Yesu nsa wɔn yare. Ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yare. Ahohommɔne fii nnipa no pii mu fii a na wɔreteɛteɛm se, “Wone Onyankopɔn Ba no.” Nanso Yesu kaa wɔn anim hyɛɛ wɔn se wommua wɔn ano, efisɛ, na ahohommɔne no nim sɛ ɔno ne Kristo no. 

Ade kyee no, Yesu tew ne ho kɔɔ sare so baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Nkurɔfo no kyin hwehwɛɛ no na wohuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn wɔ Kapernaum hɔ. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛsɛ sɛ meka Asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho no mekyerɛ afoforo nso, efisɛ, ɛno nti na wɔsomaa me.” Yesu kyinkyinii Yudeaman no mu kɔɔ hyiadan ahorow mu kɔkyerɛkyerɛe.

Nea Awurade se ni.

YAWOADA (THURSDAY)

FIRST READING

Akenkan a efiri Paulo Nhoma a ɔtwerɛ kɔmaa Kolosefoɔ no mu​             ​​ 1:9-14

Awurade agyee yɛn fii sum tumi ase de yɛn baa ne dɔ Ba no ahenni mu dwoodwoo

Efi bere a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpae ma mo daa. Yebisa Onyankopɔn sɛ omfi ne pɛ mu mma mo nyansa ne ntease a ne Honhom de ma no. Ɛba saa a na mubetumi atena ase sɛnea Awurade hwehwɛ na bere biara nso, mobɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. Dwuma biara a mubedi no, ɛbɛsow aba pa na mubenyin wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu. Yɛrebɔ mpae nso sɛ ne tumi ne n’ahoɔden bɛhyɛ mo ma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔkwan biara so, mode Awurade mu ahosɛpɛw ne boasetɔ begyina biribiara ano. Momfa ahosɛpɛw nna Agya no a ɛnam ne so nti, moanya nea Onyankopɔn akora so ama n’ahotefo a wɔwɔ ne hann no mu no bi no ase. Ogyee yɛn fii sum tumi ase de yɛn baa ne dɔ Ba no ahenni mu dwoodwoo, na ne nti na wɔama yɛade yɛn ho na wɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn.

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm)                                              Nnwom 97(98):2-6. G/. 2

G: Awurade bɔɔ ne nkonimdi ho nkae 

1. Awurade bɔɔ ne nkonimdi ho nkae; 

ɔdaa tumi a ɔnam so gye nkwa no adi kyerɛɛ aman. 

Odii bɔ a ɔhyɛɛ Israelfo no so wɔ ne nokware 

ne ɔdɔ a ɔdɔɔ wɔn daa no mu. G/.

2. Nnipa a wɔwɔ baabiara ahu 

yɛn Nyankopɔn nkonimdi. 

To dwom a ɛma ahosɛpɛw ma Awurade, mo asase nyinaa, 

momfa nnwom ne ahosɛpɛw nteɛteɛm nkamfo no. G/.

3. Monto ayeyi nnwom mma Awurade! 

Mommɔ nnwom wɔ nsanku so! 

Mommɔ ntorobɛnto ne mmɛn na monteɛm 

ahosɛpɛw so mma Awurade, yɛn hene. G/.

Gospel Acclamation ​​​​​​​                             Mateo 4:19

Alleluia, Alleluia!

Mommɛdi m’akyi na mɛma moayɛ nnipa yifo.

Alleluia, alleluia!

ASEMPA (GOSPEL READING)

Asempa no senea Ht. Luka kyerew mae​​​​​​         ​ 5:1-11

Wogyaw wɔn nneɛma nyinaa hɔ bedii n’akyi.

Da bi a Yesu reka asɛmpa wɔ Genesaret tare ho no, nnipakuw bɛkyeree ne so sɛ wɔrebetie Onyankopɔn asɛm. Ohuu akorow abien a apofofo bi a wɔrehohoro wɔn asau wɔ mu no agyaw wɔ ɔtare no ho. Yesu kɔtenaa ɔkorow no baako a na ɛyɛ Simon de no mu. Ɔka kyerɛɛ Simon sɛ ompia nkɔ nsu no mu kakra sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi afi hɔ akasa akyerɛ nnipa no.

Yesu wiee n’asɛnka no, ɔka kyerɛɛ Simon sɛ: “Hare kɔ baabi a emu dɔ kakra na munkogu mo asau no na mubeyi nam bebree.” Simon kae sɛ: “Owura, yɛyɛɛ adwuma anadwo mu no nyinaa yɛannya hwee, nanso w’asɛm nti, yebegu yɛn asau no.” Woguu asau no na woyii nam bebree maa anka mpo asau no retetew. Wɔfrɛɛ wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow baako no mu no ma wɔbɛboaa wɔn twee asau no. Nam no yɛɛ akorow abien no nyinaa ma ma a anka ɛreyɛ amemem mpo.

Simon Petro huu nea aba no, obuu Yesu nkotodwe kae sɛ “Me wura, mesrɛ wo, fi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛfo a mensɛ sɛ wobɛn me.” Nam dodow a woyii no yɛɛ Petro ne n’ahokafo no nwonwa. Saa ara nso na ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma no nso nwonwa. Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Nsuro, efi nnɛ, wobɛyɛ nnipa yifo.” Wɔde akorow no beduu nsu no ano hɔ no, wogyaw wɔn nneɛma nyinaa hɔ bedii n’akyi.  

Nea Awurade se ni.​

EFIADA (FRIDAY)

FIRST READING

Akenkan a efiri Paulo Nhoma a ɔtwerɛ kɔmaa Kolosefoɔ no mu​     ​   ​           1:15-20

Ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ soro ne asase so

Kristo yɛ Onyankopɔn a wonhu no no sɛso. Ɔno ne Abakan a odi abɔde nyinaa so. Efisɛ, ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ soro ne asase so, nea wohu ne nea wonhu, honhom mu atumfo, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso. Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara na ne mu na biribiara nya n’afa pɛpɛɛpɛ. Asafo no yɛ ne nipadua; na ɔno na ɔyɛ asafo no ti. Ɔno na nipadua no nkwa fi no. Ɔno ne Abakan a wonyanee no fii awufo mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno nko ara bedi ade nyinaa mu kan. Efi Onyankopɔn no ankasa pɛ mu na Ɔba no anya Onyankopɔn su nyinaa wɔ ne mu. Ɛnam ne Ba no so na Onyankopɔn fi ne pɛ mu de wiase nyinaa san bɛhyɛɛ ɔno ankasa ase. Onyankopɔn nam ne Ba no wu a owui asɛnnua so no de asomdwoe bae, enti ɔde nneɛma a ɛwɔ asase so ne ɔsoro nyinaa ahyɛ n’ase.

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm)                                 ​​      Nnwom 99(100):2-5 G/. 2

G/: Momfa ahurisie nnwom mmra n’anim.

1. Monto dwom mma Awurade, wiase nyinaa 

Momfa ahosɛpɛw nsom Awurade; 

momfa ahurisie nnwom mmra n’anim. G/.

2. Mommma mo werɛ mmfi da sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn. 

Ɔno na ɔbɔɔ yɛn na yɛyɛ ne de; 

yɛyɛ ne nkurɔfo; yɛyɛ ne nguan. G/.

3. Momfa aseda nkɔ asɔrefi no pon mu.

Momfa nkamfo nkɔ n’adiwo hɔ.

Da no ase, na kamfo no. G/.

4. Awurade ye; 

ne dɔ tim hɔ daa 

na ne nokware nso wɔ hɔ daa nyinaa. G/.

Gospel Acclamation ​​​​​​​​​   Yohane 8:12

Alleluia, Alleluia!

Mene wiase hann no. Obiara a odi m’akyi no rennantew sum mu da na obenya nkwa hann.

Alleluia, alleluia!

ASEMPA (GOSPEL READING)

Asempa no senea Ht. Luka kyerew mae​​​​​​           5:33-39

Sɛ wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn a, saa bere no na wobedi mmuada.

Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo no bisaa Yesu sɛ: “Adɛn nti na Yohane Osuboni asuafo ne Farisifo asuafo no de wɔtaa di mmuada, na w’asuafo de daa wodidi na wɔnom?” Yesu nso bisaa wɔn sɛ: “Ɛho hia sɛ wɔn a wɔn ani agye, anaasɛ wɔn a wɔahyia wɔn ayeforo ase no di mmuada, wɔ bere a ayeforo kunu no wɔ wɔn nkyɛn anaa? Nanso da bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, saa bere no na wobedi mmuada.”

Yesu buu wɔn bɛ yi sɛ: “Obi mfa ntama foforo ntare ntama dedaw mu. Ɔyɛ saa a foforo no bɛma dedaw no asuane. Afei ɛbɛma nsonoe ada foforo no ne dedaw no ntam. Obiara nso mfa nsa foforo ngu mmoa nhoma nsa nkotoku dedaw mu. Ɔyɛ saa a nsa no bɛpaapae nkotoku no na ahwie agu na nkotoku no nso asɛe.

Eyi nti, nsa nkotoku afoforo mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gugu. Obi nnom mmarimasa nwie mmisa ntinkum ase. Nea ɔnom no ka se, nea apae no na eye.” 

Nea Awurade se ni.

MEMENEDA (SATURDAY)

FIRST READING

Akenkan a efiri Paulo Nhoma a ɔtwerɛ kɔmaa Kolosefoɔ no mu ​​           ​           1:21-23

Onyankopɔn afa mo nnamfo sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ kronn a bɔne biara nni mo ho

Bere bi a atwam no, esiane sɛ na moyɛ bɔne na modwene bɔne ho nti, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware a na moyɛ n’atamfo nso. Nanso ɛnam ne Ba no wu so nti, Onyankopɔn afa mo nnamfo sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ kronn a bɔne biara nni mo ho wɔ n’anim. Ɛsɛ sɛ mokɔ so ma mo gyidi mu yɛ den a momma ho kwan mma mo anidaso a munyaa no da a edi kan a motee Asɛmpa no nhinhim. Saa Asɛmpa a wɔka kyerɛ nnipa nyinaa yi nti, na me, Paulo, mebɛyɛɛ ɔsomfo no

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm)             ​      ​           Nnwom 53(54):1-2. 4. 6. G/. 3

G: Onyankopɔn ne me boafo.

1. Gye me wo tumi mu, 

O Onyankopɔn; ma menne me ho, wo tumi mu! 

Tie me mpaebɔ, 

O Onyankopɔn; tie me nsɛm! G/.

2. Nanso Onyankopɔn ne me boafo. 

Awurade ne me hwɛfo. 

Mede anigye bɛbɔ wo afɔre, 

O Awurade; mɛda wo ase efisɛ, wuye. G/.

Gospel Acclamation ​​​​​​​​      Nnwom 26(27):11

Alleluia, Alleluia!

Kyerɛ me, Awurade, nea wopɛ sɛ meyɛ, na di m’anim kyerɛ me kwan pa no. 

Alleluia, alleluia!

ASEMPA (GOSPEL READING)

Asempa no senea Ht. Luka kyerew mae​​​​​​               6:1-5

Adɛn na moyɛ ade a etia Homeda ho mmara a wɔahyɛ no. 

Homeda bi a Yesu ne n’asuafo no nam aburowfuw bi mu no asuafo no pempan aburow no bi huan, wee. Farisifo bi bisaa no se, “Adɛn na moyɛ ade a etia Homeda ho mmara a wɔahyɛ no?” Yesu buaa wɔn se, “Monkenkan nea ɔhene Dawid yɛe bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a wɔka ne ho no wɔ Kyerɛwsɛm no mu anaa? Ɔkɔɔ asɔredan mu kɔfaa abodoo a wɔde abɔ afɔre ama Onyankopɔn a mmara mma ho kwan sɛ obi di gye asɔfo nko ara no de bi maa wɔn a wɔka ne ho no nso dii.” Yesu kae se, “Onipa Ba no ne Homeda no wura.” 

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *