SUNDAY MASS READINGS IN TWI KWASIDA A ƐTO SO ADUONU-MMIENU AFE NO MU, AFE C)(TWENTY-SECOND SUNDAY IN ORDINARY TIME YEAR C)

SUNDAY MASS READINGS IN TWI KWASIDA A ƐTO SO ADUONU-MMIENU AFE NO MU, AFE C)(TWENTY-SECOND SUNDAY IN ORDINARY TIME YEAR C)

By: REV. FR. STEPHEN KOFI SAKPAKU

AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Sirach Nhoma no mu 3:17-18, 20, 28-29

Me ba, fa ahobrɛaseɛ yɛ w’adwuma; ɛno na wɔn a Onyankopɔn ani sɔ wɔn no bɛdɔ wo. Ɛberɛ a wo gyinabea rekɔ soro no, ɛno na ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho aseɛ kɛseɛ; na ɛno na wobɛnya adom wɔ Awurade anim.

Na nhwehwɛ adeɛ a ɛyɛ den pii mfa, ɛnna nso nhwehwɛ deɛ ɛboro w’ahoɔden so mu.

Ɔbadwemma de mmebuo kɔ adwendwene mu, na aso a ɛtie asɛm no ne deɛ onyansani pɛ. Sɛdeɛ nsuo dum egya a ɛredɛre no, saa ara nso na mmɔborɔhunu mu adeɛ pata bɔne

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 67(68):4-5, 6-7. 10-11 R/. 11b

G/: Onyankopɔn, w’ayamyɛ mu wosiesie maa amanehunufoɔ.

  1. Na teneneefoɔ deɛ, wɔn ani bɛgye, wɔbɛdi Nyankopɔn anim ahurisie
    na wɔn ho asane wɔn, anigyeɛ mu.
    Monto Nyankopɔn dwom, monto dwom mma ne din,
    ne din de Awurade, na monni n’anim ahurisie. G/.
  2. Nwisiaa se ne akunafoɔ sɛnnifoɔ ne Onyankopɔn,
    ne tenabea kronkron mu.
    Onyankopɔn ma ɔhokwafoɔ nya mpɔn-ne-mma,
    ɔtu apokyerɛfoɔ ma wɔbɛdi yie,
    na mansotwefoɔ deɛ, wɔte nkyɛkyerɛ so. G/.
  3. Onyankopɔn, wotɔɔ adɔeɛ suo guu w’agyapadeɛ so,
    na ɛtɔ piti a, wo na woma no yɛ yie.
    W’asafo tenaa so;
    Onyankopɔn, w’ayamyɛ mu wosiesie maa amanehunufoɔ. G/.

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Hebrifo nhoma no mu 12:18-19, 22-24a

Anuanom, moamma bepɔ a wɔde nsa ka no ho, ne ogya a ɛrehyeɛ ne mununkum kusuu ne esum ne mframa a ɛbɔ huu ne totorobɛnto gyegyeɛ ne nsɛm nne a wɔn a wɔteeɛ no srɛɛ sɛ wɔmmfa asɛm bi nnka wɔn ho bio no ho.

Na mmom moaba Sion bepɔ ne Onyankopɔn teasefoɔ kuro, ɔsoro Yerusalem ho, ne abɔfoɔ mpempem nhyiamu, ne mmakan a wɔatwerɛ wɔn din wɔ ɔsoro no badwa, ne Onyankopɔn, nnipa nyinaa temmufoɔ no, ne ateneneefoɔ a wɔayɛ pɛ ahonhom, ne Apam Foforɔ ntamgyinafoɔ Yesu, ne mogya a wɔpete a ɛkasa yie sene Habel deɛ ho.

Nea Nyame se ni.

AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! Matthew 11:29ab
Momfa me kɔnnua nto mo ho so, Awurade na ɔsie, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu.
Alleluia! Alleluia

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Luka Kyerɛw mae 14:1, 7-14

Na ɛbaa sɛ homeda bi, Yesu kɔɔ Farisifoɔ panin bi fie no, na wɔretɛ no. Na ɔde n’ani karii wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn adidie no sɛdeɛ wɔpa mu yi mpanimfoɔ tenaberɛ no, ɔbuu wɔn bɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ obi to nsa frɛ wo ayeforɔ ase a, nkɔtena mpanimfoɔ tenaberɛ! Ebia wɔato nsa afrɛ deɛ n’anim yɛ nyam sene woɔ. Na deɛ ɔtoo nsa frɛɛ wo ne no no ba a, ɔbɛka akyerɛ wo sɛ: Ma oyi kwan! Na ɛno na wode aniwuo bɛfiri aseɛ akɔfa akyire tenaberɛ. Na sɛ wɔto nsa frɛ wo a, kɔ na kɔtena akyire tenaberɛ! Na deɛ ɔtoo nsa frɛɛ woɔ no ba a, waka akyerɛ wo sɛ: Damfo, twi kɔ soro nohoa! Ɛno na wobɛnya anidie wɔn a wɔne wo te adidiiɛ no anim. Na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase; na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so.”

Na ɔsee deɛ ɔtoo nsa frɛɛ no no nso sɛ: “Sɛ woto pono awia anaa anwummerɛ a, mfrɛ wo nnamfo anaa wo nuanom anaa w’abusuafoɔ anaa afipamfoɔ adefoɔ! Na wɔn nso ammɛto nsa amfrɛ wo bi, na woannya so akatua. Na woto pono a, frɛ ahiafoɔ, mmubuafoɔ, mpakye ne anifirafoɔ, na woanya nhyira; ɛfiri sɛ wɔnni deɛ wɔde bɛtua wo so ka. Na ateneneefoɔ sɔreɛ mu na wɔbɛtua wo so ka.”

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *