YAWOADA KRONKRON
(HOLY THURSDAY)
AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Exodus Nhoma no mu 12:1-8, 11-14
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Misraim asase so sɛ: “Momfa bosome yi nyɛ abosome ti, na ɛnyɛ mo afe mu bosome a ɛdi kan. Monka nkyerɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: ‘Bosome yi da a ɛtɔ so du no, wɔmfa nnwammaa mmaako mmaako, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teteɛ; efie baako adwammaa baako. Na sɛ efie no mufoɔ nnɔɔso sɛ wɔbɛdi adwammaa a, ma no ne deɛ ɔne no bɔ fipam mfa bi, sɛdeɛ akra no dodoɔ teɛ. Monkan adwammaa so nnipa sɛdeɛ ɛbɛso wɔn die. Adwammaa a ɔnni dɛm na momfa, onini a wadi afe wɔ nnwanten anaa mmirekyie mu. Na momfa no nsie nkɔduru bosome yi da a ɛtɔ so dunan; na Israel asafo mu no nyinaa nkɔku wɔn anwummerɛ. Na wɔmfa mogya no bi nsra adan a wɔbɛdi wɔ mu no aponnwa mmienu ne aponnwatifi no ho. Na wɔnni nam no anadwo no ara; wɔmfa ogya ntoto, na wɔmfa apiti ne fan nwononwono nni.
“Na sɛdeɛ monni no nie: ‘Monkyekyere mo asene, na mo mpaboa nhyehyɛ mo nan, na mo mpoma nkurakura mo nsam, na monni no herɛ so: Ɛyɛ Awurade twam. Na merebɛtwam Misraim asase so anadwo yi, na makum Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na mɛbu Misraim anyame nyinaa atɛn, mene Awurade. Na mogya no nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma mo, afie a mowowɔ mu no mu, na sɛ mehunu mogya no a, masiane mo ho, na merebɔ Misraim asase a, ɔyaredɔm biara amma mo so ammɛsɛe mo.
“Na ɛda yi nyɛ mo nkaeɛ, na monhyɛ ho fa mma Awurade, mo awoɔ ntoatoasoɔ mu; monyɛ no afahyɛ, daa atorɔmudeɛ.”’
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 116:12-13, 15-16BC, 17-18. R. (cf. 1 Cor 10:16)
G: Nhyira kuruwa yehyira so no yε christ mogya ayↄnkofa anaa?
- Dεn na mede mεhyε Awurade anan mu,
ne yiye a ↄyε me nyinaa ho?
Mεma nkwagye kuruwa so,
na mabↄ Awurade din. G/. - Awurade ahotefo wu de,
εbo yε den n’anim,
O Awurade, meyε w’akoa,
woasan me nhama. G/. - Wo na mεbↄ wo aseda afↄre,
na mabↄ Awurade din.
Mede m’aboade mεma Awurade,
ne man nyinaa anim. G/.
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paulo nhoma a edikan a ɔkyerew komaa Koronto no mu 11:23-26
Anuanom, na me deɛ, deɛ menya mefirii Awurade hɔ no ara na mede memaa mo sɛ: Awurade Yesu, anadwo a wɔyii no maeɛ no, ɔfaa paanoo, na ɔdaa ase bubuu mu, na ɔkaa sɛ: Yei ne me nipadua a wɔrebubu ama mo no; monyɛ yei mfa nyɛ me nkaeɛ! Saa ara nso na adidie no akyiri no, ɔfaa kuruwa no kaa sɛ: Kuruwa yi ne Apam foforɔ me ara me mogya mu; da biara a mobɛnom no monyɛ yei mfa nyɛ me nkaeɛ.
Na da biara a mobɛdi paanoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, mopae Awurade wuo no mu ka kɔsi sɛ ɔbɛba.
Nea Nyame se ni.
Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation) Johanes 13:34
Ayeyi nka wo, O Kristo, daa animuonyam hene!
hyɛdeɛ foforɔ na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!
Ayeyi nka wo, O Kristo, daa animuonyam hene!
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Yohane Kyerɛw mae 13:1-15
Na Twam afahyɛ no rebɛduru no, na Yesu nim sɛ ne dɔn aduru sɛ ɔrebɛfiri wiase akɔ Agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ ɔno ara ne deɛ a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kɔsii awieeɛ. Na wɔrebɛdidie no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, akoma mu sɛ ɔnkɔyi no mma. Na Yesu nim sɛ Agya no de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ɔfirii Nyankopɔn nkyɛn, na ɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn nti, ɔsɔre firii adidiiɛ, na ɔyii n’atadeɛ guu hɔ, na ɔfaa mpepaho de kyekyeree ne ho. Na afei ɔhwiee nsuo guu dwaresɛn mu, na ɔfirii aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ho, na ɔde mpepaho a ɔde kyekyeree ne ho no pepaa ho. Ɛnna ɔbɛduruu Simon Petro soɔ; na ɔno deɛ, ɔsee no sɛ: Awurade, wo na worehohoro me nan ho yi? Yesu bua see no sɛ: Deɛ mereyɛ yi, worente aseɛ seesei, na akyire yi na wobɛte aseɛ. Petro see no sɛ: Meremma wo nhohoro me nan ho da! Yesu buaa no sɛ: Sɛ manhohoro wo ho a, wonni m’afa. Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na me nsa ne me tirim nso bi. Yesu see no sɛ: Deɛ wadwareɛ no, ɛnhia no adwareɛ, gye ne nan ho hohorɔ, na ne ho nyinaa afi; na mo ho afi, na ɛnyɛ mo nyinaa. Na ɔnim deɛ ɔbɛyi no ama; yei nti na ɔkaa sɛ: Ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afire no.
Ɛnna ɔwiee wɔn nan ho hohorɔ na ɔfaa n’atadeɛ na ɔtenaa ase bio no, ɔsee wɔn sɛ: Moahunu deɛ mayɛ mo yi? Mo deɛ, mofrɛ me Kyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade, na moka nokorɛ, na meyɛ. Afei sɛ me, Awurade ne Kyerɛkyerɛfoɔ no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro mo ho mo ho nan ho. Na mama mo nhwɛsoɔ sɛ, sɛdeɛ mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara
Nea Awurade se ni.
FIDA KRONKRON
(GOOD FRIDAY)
AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Odiyifo Isaiah Nhoma no mu 52:13-15,53:1-12
Hwɛ, m’akoa bɛdi yie, wɔbɛpagya, na wɔama no so na wakorɔn sɛ. Sɛdeɛ ne ho yɛɛ nnipa pii ahodwirie no, ɛsiane sɛ n’anim asɛe a ɛnte sɛ onipa deɛ, na ne nipaban nte sɛ nnipa mma deɛ bio no nti, saa ara na ɔbɛma amanaman pii abobɔ pirie, na ahemfo amuamua wɔn ano wɔ ne ho, ɛfiri sɛ deɛ wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wɔhunu, na deɛ wɔntee da no, wɔte aseɛ.
Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie, na Awurade basa no, hwan so na ada adie ama no ahunu? Na ɔfifirii sɛ duforɔ n’anim, sɛ asase pɛsɛɛ mu nhini; ɔnni esu anaa animuonyam a ɛbɛma yɛahwɛ no, na ɔnni ahoɔfɛ a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.
Wɔbuu no animtia, na nnipa poo no, ɔyɛ onipa a ɔhunuu ayayadeɛ na ɔnim yadeɛ, na wɔbuu no animtia sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hunta no, na yɛammu no hwee. Ampa, yɛn nyarewa no, ɔno na wafa, na yɛn ayayadeɛ nso, wasoa; na yɛn deɛ, yɛbuu no sɛ deɛ wɔahwe no, deɛ Onyankopɔn aka no de no ahyɛ amaneɛ mu. Na ɔno deɛ, yɛn mmarato nti na wɔpiraa no, yɛn amumuyɛ nti na wɔdwerɛɛ no; yɛn asomdwoeɛ ho asotwe daa ne so, na ne mmaa ntampeɛ na wɔde asa yɛn yadeɛ.
Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nnwan, yɛdanedanee fefaa yɛn akwan so, na Awurade maa yɛn nyinaa amumuyɛ kɔhwee ne so. Wɔhyɛɛ no aniɛyaa na wɔpiraa no, nanso ɔno deɛ wammue n’ano, sɛ adwammaa a wɔde no rekɔ akɔkum no, sɛ odwanten a watɔ ne ho nwitwitwafoɔ anim mum no, saa no wammue n’ano.
Wɔde ahodwan ne atemmuo yii no kɔe; ne berɛsofoɔ nso, hwan na ɔdwenee ho sɛ wɔahwim no afiri ateasefoɔ asase so korɔ, na me man mmarato nti na wɔbobɔɔ no? Na wɔmaa ne damena fraa abɔnefoɔ ne ɔdefoɔ deɛ mu wɔ ne wuo mu, nanso wanni abɔnefosɛm, na nnaadaa nni n’anomu. Na ɛyɛɛ Awuarde pɛ sɛ ɔdwerɛ no; na ɔbɔɔ no yadeɛ. Sɛ ɔnya de ne kra to hɔ yɛ asodie afɔdeɛ a, ɔbɛhunu asefoɔ, ne nna bɛware, na deɛ ɛyɛ Awurade pɛ bɛyɛ yie wɔ ne nsam. Ɔbɛhunu ne kra brɛ no ho adeɛ amee. Ne hunu mu na m’akoa teneneeni no bɛnya tenenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumuyɛ nso asoa.
Saa nti mɛkyɛ adeɛ mu mama no nnipa bebree mu na ɔne ahoɔdenfoɔ akyɛ asadeɛ, ɛfiri sɛ ɔde ne kra too hɔ maa owuo, na wɔabu no afra mmaratofoɔ mu, nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne, na wadi ama mmaratofoɔ.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 30(31):1,5, 11-12.14-16. G/. Luke 23:46
G/. Agya, wo nsam na mede me honhom mehyε
- Wo Awurade, na maguan matoa wo
Mma m’anim nngu ase da biara da.
Fa wo trenee so gye me.
Wo nsam na mede me honhom mehyε;
Awurade, nokware Nyankopↄn, woagya me. G/. - M’ahohiafo nyinaa nti
mayε ↄhohorafo
Na mayε me ho tefo so duru
Na m’amannifo suro me. G/. - Wↄn a mifi adi a wohu me guan me.
Nnipa werε afi me sε owufo,
Mayε se ade a wↄtow kyene G/. - Na me de wo, Awurade, so na mede me ho mato.
Mise: “Wone me Nyankopↄn”
Wo nsam na me mmere wↄ,
Gye me m’atamfo ne m’ataafo nsam. G/. - Tew w’anim kyerε w’akoa,
fa w’adↄe so gye me nkwa
Monhyε mo ho den na mumpirim mo bo,
Mo a motwεn Awurade nyinaa. G/.
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Hebrewfo Nhoma no mu 4:14-16; 5:7-9
Enti, sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panyin kɛseɛ a watwa mu ɔsoro, a ɔno ne Yesu, Nyankopɔn Ba no yi, momma yɛnsɔ yɛn gyidie asɛm a yɛgyina so ka no mu dendeenden. Na yɛnni ɔsɔfo panyin a ɔnnim yɛn mmerɛyɛ na ɔnni tema mma yɛn, na mmom deɛ wɔasɔ no ahwɛ adeɛ nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso wannyɛ bɔne.
Enti momma yɛmfa nnam mmra adom ahennwa no anim, na yɛanya mmɔborɔhunu, na yɛahunu adom, na ɛberɛ a ɛsɛ mu aboa yɛn.
Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no. Ɔyɛ Ɔba deɛ, nanso ɔsuaa amaneɛ a ɔhunuiɛ no mu setie, na ɔnya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wɔyɛ setie ma no no nyinaa daa nkwagyeɛ farebae.
Nea Nyame se ni.
Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation) Philippians 2:8-9
Ayeyi nka wo, O Kristo, daa animuonyam hene!
Kristo brεε ne ho ase yεε osetie de kosii wu mu. Asεndua ho wu mu po. Na Onyankopↄn nso oma no so kεse na wadom ama no din a εdi din nyinaa so.
Ayeyi nka wo, O Kristo, daa animuonyam hene!
ASƐMPA (GOSPEL) John 18:1-19:42
Yɛn Awurade Jesus Christ Amanehunu Asɛmpa no sɛnea ɔhotweni John Kyerɛw mae no
Ɔ: Yesu kaa yeinom no, ɔne n’asuafoɔ no firii adi kɔtwaa Asuo Kidron faako a turo bi wɔ, na ɔne n’asuafoɔ no kɔɔ mu. Na Yuda nso a ɔyii no maeɛ no nim hɔ, ɛfiri sɛ na Yesu ne n’asuafoɔ no taa kɔhyia hɔ. Ɛnna Yuda de asraafokuo ne asomfoɔ a wɔfiri asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no nkyɛn baa hɔ; wɔkurakura ntɛnee, nkanea ne akodeɛ. Ɛnna Yesu a ɔnim deɛ ɛreba ne so nyinaa no firii adie, na ɔsee wɔn sɛ:
J: Morehwehwɛ hwan?
Ɔ: Wɔbuaa no sɛ:
D: Yesu, Nasareni no.
Ɔ: Yesu see wɔn sɛ:
J: Meni!
Ɔ: Nso Yuda a ɔyii no maeɛ no nso ne wɔn na ɛgyina hɔ. Ɛnna ɔsee wɔn sɛ: “Meni!” no, wɔpimpinii akyire, na wɔhwehwee ase. Ɛnna ɔbisaa wɔn bio sɛ:
J: Morehwehwɛ hwan?
Ɔ: Na wɔse:
D: Yesu, Nasareni no.
Ɔ: Yesu buaa sɛ:
J: Maka makyerɛ mo sɛ meni; enti sɛ me na morehwehwɛ me a, momma yeinom nkɔ!
Ɔ: Sɛ asɛm a ɔkaa sɛ: Wɔn a wode wɔn ama me no, mamma wɔn mu biara anyera, no mmra mu. Ɛnna Simon Petro a ɔkura nkrantɛ no tweeɛ, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panin no akoa, na ɔtwaa n’aso nifa; na akoa no din de Malko. Ɛnna Yesu see Petro sɛ:
J: Fa nkrantɛ no hyɛ bɔha mu! Kuruwa a m’Agya de ama me no, mennnom anaa?
Ɔ: Ɛnna asraafokuo no ne wɔn safohene ne Yudafoɔ asomfoɔ no sɔɔ Yesu mu, na wɔkyekyeree no, na wɔde no kɔɔ Hana nkyɛn kane; na Kaiafa a ɔdi afe no mu sɔfo panin ase ne no. Nso Kaiafa no ne deɛ ɔtuu Yudafoɔ no fo sɛ: Ɛyɛ sɛ onipa baako bɛwu ama ɔman no. Na Simon Petro ne osuani baako bi dii Yesu akyi; nso ɔsɔfo panin no nim osuani no, na ɔne Yesu hyɛnee ɔsɔfo panin no aban mu hɔ. Na Petro deɛ, ɔgyinaa mfikyire pono no ano. Ɛnna osuani baako a ɔsɔfo panin no nim no no firii adi bɛka kyerɛɛ ɔbaa a ɔhwɛ pono no ano no, na ɔde Petro baa mu. Ɛnna abaawa a ɔhwɛ pono no ano no see Petro sɛ:
D: Wo nso womfiri onipa yi asuafoɔ mu bi anaa?
Ɔ: Petro buaa sɛ:
D: Dabi.
Ɔ: Nso na nkoa ne asomfoɔ no gyinagyina hɔ asɔ gya, ɛfiri sɛ awɔ aba, na wɔretoɔ; na Petro nso ne wɔn gyina hɔ na ɔreto bie. Ɛnna ɔsɔfo panyin no bisaa Yesu n’asuafoɔ ne ne nkyerɛkyerɛ ho asɛm. Yesu buaa no sɛ:
J: Me deɛ, mekasaa pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛɛ hyia adan mu ne asɔrefie, faako a Yudafoɔ nyinaa hyia, na kokoam deɛ menkaa hwee. Adɛn na wobisa me? Bisa wɔn a wɔteeɛ no, ne deɛ mesee wɔn; hwɛ, wɔn na wɔnim deɛ mekaeɛ.
Ɔ: Na ɔkaa saa no, asomfoɔ no mu baako a ɔgyina hɔ no bɔɔ Yesu sotorɔ kaa sɛ:
D: Sɛdeɛ wobua ɔsɔfo panin nie?
Ɔ: Yesu buaa no sɛ:
J: Sɛ maka no bɔne a, di bɔne no ho adanseɛ; na sɛ ɛyɛ a, adɛn nti na wobɔɔ me?
Ɔ: Annas maa wɔde homa kyekyeree no kɔmaa Ɔsɔfopanin Kaiafa. Na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wɔsee no sɛ:
D: Wo nso, womfiri n’asuafoɔ no mu anaa?
Ɔ: Ɔsanee sɛ:
D: Dabi!
Ɔ: Ɔsɔfo panyin no nkoa no mu baako a ɔyɛ deɛ Petro twaa n’aso no busuani kaa sɛ:
D: Manhu wo ne no turom hɔ?
Ɔ: Ɛnna Petro sanee bio, na ntɛm ara akokɔ bɔnee. Ɛnna wɔde Yesu firi Kaiafa nkyɛn kɔɔ amrado aban mu; na ɛyɛ anɔpatutu. Na wɔn ara deɛ, wɔanhyɛne amrado aban no mu, na efi anka wɔn, na wɔadi Twam (aduane) no. Ɛnna Pilato firii adi baa wɔn nkyɛn, na ɔbisaa sɛ:
D: Kwaadu bɛn na mobɔ tia saa onipa yi?
Ɔ: Wɔbua see no sɛ:
D: Sɛ oyi nyɛ ɔdebɔneyɛni a, anka yɛamfa no ammrɛ wo.
Ɔ: Ɛnna Pilato see wɔn sɛ:
D: Mo ara momfa no, na monkɔbu no atɛn sɛdeɛ mo mmara teɛ.
Ɔ: Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ:
D: Yɛn deɛ, yɛnni ho kwan sɛ yɛkum obiara.
Ɔ: Ɛbaa saa na Yesu asɛm a ɔka de kyerɛɛ owu korɔ a ɔrebɛwuo no aba mu. Ɛnna Pilato hyɛnee amrado aban no mu bio, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ:
D: Wone Yudafoɔ hene no anaa?
Ɔ: Yesu buaa no sɛ:
J: Ɛfiri wo ara wo tirim na woka yei, anaasɛ nnipa bi na ɛkaa me ho asɛm kyerɛɛ woɔ?
Ɔ: Pilato buaa no sɛ:
D: Meyɛ Yudani anaa? Wo ara wo manfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no na wɔde wo brɛɛ me; ɛdeɛn na woyɛeɛ?
Ɔ: Yesu buaa sɛ:
J: M’ahennie mfiri wiase. Sɛ m’ahennie firi wiase a, anka m’asomfoɔ bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafoɔ no nsa; nanso m’ahennie mfiri ha.
Ɔ: Ɛnna Pilato see no sɛ:
D: Na woyɛ ɔhene ne no?
Ɔ: Yesu buaa sɛ:
J: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me deɛ, yei nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebɛdi nokorɛ no ho adanseɛ; obiara a ɔfiri nokorɛ no mu no tie me nne.
Ɔ: Pilato see no sɛ:
D: Ɛdeɛn ne nokorɛ?
Ɔ: Na ɔkaa yei no, ɔfirii adi kɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn bio na ɔsee wɔn sɛ:
D: Me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara. Nso mowɔ amanneɛ sɛ megyaa ɔbaako mema mo Twam da mu; enti mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ hene no mema mo anaa?
Ɔ: Ɛnna wɔn nyinaa teaa mu bio sɛ:
D: Ɛnyɛ oyi, na mmom Baraba!
Ɔ: Nso Baraba yɛ odwotwafoɔ. Ɛnna afei Pilato faa Yesu, na ɔkaa no mpire. Na asraafoɔ no nwonoo nkasɛɛ abotire, na wɔde hyɛɛ ne ti, na wɔde ntoma kɔkɔɔ bi guguu ne so, 3na wɔkɔɔ so ara baa ne nkyɛn kaa sɛ:
D: Yudafoɔ hene, mo oo!
Ɔ: Na wɔbobɔɔ no asotorɔ. Ɛnna Pilato firii adi baa bio, na ɔsee wɔn sɛ:
D: Hwɛ, mede no rebrɛ mo, na moahunu sɛ menhunu ne mu afobusɛm biara.
Ɔ: Ɛnna Yesu firii adi baeɛ, na ɔbɔ nkasɛɛ abotire, hyɛ atadeɛ kɔkɔɔ no. Na ɔsee wɔn sɛ:
D: Hwɛ, mo hene no nie!
Ɔ: Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ no hunuu no no, wɔteateaa mu sɛ: D: Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu!
Ɔ: Pilato see wɔn sɛ:
D: Mo ara momfa no nkɔbɔ no asɛnnua mu! Na me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara.
Ɔ: Yudafoɔ no buaa no sɛ:
D: Yɛn deɛ, yɛwɔ mmara, na yɛn mmara no nti ɛtwa sɛ ɔwuo, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ne ho Nyankopɔn ba.
Ɔ: Ɛnna Pilato tee asɛm yi no, ɔsuroo pii, na ɔhyɛnee amrado aban no mu bio, na ɔbisaa Yesu sɛ:
D: Wofiri he?
Ɔ: Na Yesu ammua no. Ɛnna Pilato see no sɛ:
D: Wo ne me nkasa? Wonnim sɛ mewɔ tumi sɛ megyaa woɔ, na mewɔ tumi sɛ mebɔ wo asɛnnua mu anaa?
Ɔ: Yesu buaa sɛ:
J: Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a, anka wonni me so tumi biara; yei nti deɛ ɔyii me maa woɔ no na ne bɔne so.
Ɔ: Ɛfiri hɔ no, Pilato hwehwɛɛ sɛ ɔgyaa no; na Yudafoɔ no teaa mu sɛ:
D: Sɛ wogyaa oyi a, wonyɛ Kaesare adamfo; obiara a ɔyɛ ne ho hene no tia Kaesare.
Ɔ: Na Pilato tee saa asɛm no, ɔde Yesu firii adi, na ɔbɛtenaa atemmuo adwa so baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Abo-sɛeɛ, na Hebri mu wɔfrɛ no Gabata. Na ɛyɛ Twam ho nsiesie da, na ɛbɛyɛ awia dummienu. Na ɔsee Yudafoɔ no sɛ:
D: Hwɛ, mo hene nie!
Ɔ: Na wɔteaa mu sɛ:
D: Fa no kɔ! Fa no kɔ! Bɔ no asɛnnua mu!
Ɔ: Pilato see wɔn sɛ:
D: Memmɔ mo hene asɛnnua mu anaa?
Ɔ: Asɔfoɔ mpanyinfoɔ no buaa sɛ:
D: Yɛnni ɔhene bi sɛ Kaesare.
Ɔ: Ɛno na afei ɔyii no maa wɔn hyɛɛ sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu. Na wɔfaa Yesu de no kɔeɛ. Na ɔso n’asɛnnua firii adi kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa bea a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota. Ɛhɔ na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, a nnipa baanu ka ne ho n’afanu, na Yesu wɔ wɔn ntam. Na Pilato twerɛɛ ɛho asɛm nso, na ɔde famm asɛnnua no atifi, na ɛka sɛ: Yesu, Nasareni, Yudafoɔ hene. Saa atwerɛ yi na Yudafoɔ no mu pii kenkaneeɛ, ɛfiri sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ bɛn kuro no; na wɔatwerɛ no Hebri ne Roma ne Hela kasa mu. Na Yudafoɔ asɔfoɔ mpanyinfoɔ no see Pilato sɛ:
D: Nkyerɛw sɛ: Yudafoɔ hene, na kyerɛw sɛ: Ɔno na ɔkaa sɛ: Mene Yudafoɔ hene.
Ɔ: Pilato buaa sɛ:
D: Deɛ makyerɛw no, makyerɛw.
Ɔ: Na asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛnnua mu no, wɔfaa ne ntoma, na wɔkyɛɛ mu nnan maa ɔsraani baako nyaa baako, ne n’atadeɛ. Nso atadeɛ nhyɛaseɛ no nni mpameeɛ, wɔnwono firi soro bɛsii fam. Ɛnna wɔsesee wɔn ho sɛ:
D: Mommma yɛnnsusuane mu, na momma yɛntwe so ntonto nhunu deɛ ɛbɛyɛ ne dea.
Ɔ: Na kyerɛwsɛm a ɛse: Wɔkyɛɛ me ntoma mu faeɛ, na m’atadeɛ so na wɔtwee ntonto, no baa mu. Enti asraafoɔ no na ɛyɛɛ yeinom. Nso na Yesu ne na ne ne na nuabaa, Maria, Klopa yere ne Maria Magdalene gyina Yesu asɛnnua no ho. Na Yesu hunuu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ɔgyina hɔ no, ɔsee ne na sɛ:
J: Ɔbaa, hwɛ, wo ba ni!
Ɔ: Afei ɔsee osuani no sɛ:
J: Hwɛ, wo na nie!
Ɔ: Na ɛfiri dɔn no ara mu no, osuani no de no kɔɔ ɔno ara ne fie.
Yei akyiri a Yesu hunuu sɛ wɔanya awie nnoɔma nyinaa no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu nti, ɔkaa sɛ:
J: Osukɔm de me.
Ɔ: Nso na nsa nyinnyanyinya adeɛ bi ma si hɔ, na wɔde nsa no bi hyɛɛ sapɔ ma, na wɔde tuaa sommɛ ano de kaa n’ano. Ɛnna Yesu gyee nsa kekakeka no no, ɔkaa sɛ:
J: Mawie!
Ɔ: Na ɔbɔɔ ne tiri ase na ɔgyae ne honhom mu.
(Wɔbu nkotodwe yɛ komm kakra)
Ɔ: Nso na da no yɛ Ahosiesie da, na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na amu no renka asɛnnua no so homeda, ɛfiri sɛ, na saa homeda no yɛ da kɛseɛ nti, Yudafoɔ no bɛsrɛɛ Pilato sɛ wɔnkɔbubu wɔn nnyawa na wɔnyi wɔn. Ɛnna asraafoɔ no ba bɛbubuu deɛ ɔdi kan no nnyawa ne deɛ ɔka ho a wɔbɔɔ wɔn ne Yesu asɛnnua mu no deɛ. Na wɔduruu Yesu soɔ na wɔhunuu sɛ wawu dada no, wɔammubu ne nnyawa. Na asraafoɔ no mu baako de pea wɔɔ ne mfe mu, na ntɛm ara na mogya ne nsuo firii mu baeɛ. Na deɛ ɔhunuiɛ no adi adanseɛ, — na n’adanseɛ no yɛ nokorɛ, na ɔno deɛ, ɔnim sɛ ɔka nokorɛ, — na mo nso moagye adi. Na wɔyɛɛ yeinom na twerɛsɛm a ɛse: Wɔmmmu ne dompe bi, no aba mu. Na bio kyerɛwsɛm foforɔ se: Wɔbɛhwɛ deɛ wɔwɔɔ no pea no.
Na yeinom akyiri no, Yosef a ɔfiri Arimatea a ɔyɛ Yesu suani, na Yudafoɔ ho hu nti, ɔyɛ no kokoam no, bɛsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no nyi Yesu amu no; na Pilato maa no ɛho kwan. Na ɔba bɛyii n’amu no. Na Nikodemo nso a da bi ɔbaa Yesu nkyɛn anadwoɔ no bae, na ɔde korɔbɔ ne pɛprɛ mfrafraeɛ bɛyɛ nkariboɔ ɔha bae. Ɛnna wɔfaa Yesu amu no, na wɔde nwera ne nnuro kyekyeree ne ho, sɛdeɛ Yudafoɔ amusie teɛ no. Nso faako a wɔbɔɔ no asɛnnua mu hɔ no, turo bi wɔ hɔ, na turo no mu na ɔboda foforɔ bi a wɔmfaa onipa ntoo mu da wɔ; na ɛhɔ na Yudafoɔ Ahosiesie da no nti, wɔde Yesu kɔtoeɛ, ɛfiri sɛ ɔboda no na ɛbɛn.
MEMENEDA KRONKRON
(HOLY SATURDAY)
AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Genesis Nhoma no mu 1:1-2:2
Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase. Na asase da hɔ hunu a ɛnni bɔbea biara, na esum wɔ ebunu ani. Na Nyankopɔn honhom butu nsuo no ani. Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann. Na Onyankopɔn hunuu hann no sɛ ɛyɛ. Na Onyankopɔn paee hann ne esum no mu. Na ɔfrɛɛ hann no sɛ adekyee, ne esum no adesae. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛdi kan ne no.
Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ewiem mmra, na ɛmmɛpae nsuo no mu. Na Onyankopɔn yɛɛ ahunumu ntrɛmu. Na ɔpaee nsuo a ɛwɔ ewiem no aseɛ ne deɛ ɛwɔ ewiem no soɔ no mu. Na ɛyɛɛ saa. Na Onyankopɔn frɛɛ ewiem no ɔsoro. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so mmienu ne no.
Na Onyankopɔn kaa sɛ: “Nsuo a ɛwɔ ɔsoro aseɛ no mmoaboa ano wɔ faako, na wɔnhunu asase pɛsɛɛ.” Na ɛyɛɛ saa. Na Onyankopɔn frɛɛ pɛsɛɛ no asase, na nsuo mmoano no, ɔfrɛɛ no ɛpo. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ. Na Onyankopɔn kaa sɛ: “Asase mfifiri nwira, mfudeɛ, nnuaba sɛdeɛ wɔn su teɛ wɔ asase so”. Na ɛyɛɛ saa. Na asase fifirii nwira ne nnuaba sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne no.
Na Onyankopɔn kaa sɛ: Nkanea mmra ewiem, na ɛmmɛpae awia ne anadwo mu, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma ɛberɛ, nna ne mfeɛ nkyekyɛmu. Bio, na ɛnyɛ nkanea wɔ ewiem, na ɛnhyerɛn wɔ asase so. Na ɛyɛɛ saa. Na Onyankopɔn yɛɛ nkanea akɛseɛ mmienu no, sɛ kɛseɛ no nni adekyeeɛ so, na ketewa no, sɛ ɛnni anadwo so. Ɔyɛɛ nsoromma nso. Na Onyankopɔn de sisii ewiem sɛ ɛnhyerɛn wɔ asase so, na ɛnni adekyeeɛ ne adesaeɛ so, na ɛmpae hann ne esum no mu. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nnan ne no.
Na Onyankopɔn kaa sɛ: “Nsuo no nnɔre abɔdeɛ a ɛte aseɛ pii, na ntakraboa ntu mfa asase so wɔ ewiem.” Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛseɛ ne nketewa ahodoɔ sɛdeɛ wɔn su teɛ; ne ntakraboa nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ. Na Onyankopɔn hyiraa wɔn sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ ɛpo mu ma, na ntakraboa nnɔɔso asase so.” Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nnum ne no.
Na Onyankopɔn kaa sɛ: “Abɔdeɛ a ɛtete aseɛ mfiri asase mu mmra, sɛdeɛ wɔn su teɛ: Ntɔteboa a ɛwɔ fie ne wiram ne mmoa a wɔwea ne asase so mmoadoma, sɛdeɛ wɔn su teɛ.” Na ɛyɛɛ saa. Na Onyankopɔn yɛɛ asase so mmoadoma, ntɔteboa ne mmoa a wɔwea fam nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.
Na Onyankopɔn kaa sɛ: “Momma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn nsɛsoɔ, na wɔnni ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, ntɔteboa, ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa so.” Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so. Aane, Nyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbaa na ɔbɔɔ wɔn. Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monya so tumi; na monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa so.”
Na Onyankopɔn kaa sɛ: “Hwɛ, mede mfudeɛ a ɛwɔ asase ani nyinaa ne nnuaba nyinaa mama mo sɛ ɛnyɛ mo aduane. Na asase so mmoadoma nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa ne mmoa a wɔwea asase soɔ nyinaa, mede nhahan mono mama wɔn sɛ wɔnni.” Na ɛyɛɛ saa. Na Onyankopɔn hunuu deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, na hwɛ, ɛyɛ pa ara. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nsia ne no.
Na wɔwiee ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa bɔ. Na da a ɛtɔ so nson no, na Onyankopɔn awie n’adwuma a ɔyɛeɛ no, na da a ɛtɔ so nson no, ɔhome firii n’adwuma a ɔyɛeɛ nyinaa ho.
_Nea Nyame se ni.*
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 104(105): 1-2, 5-6, 10, 12-14, 24, 35 G/. 30
G/. Wo soma w’ahome ba na woma asase ani yε foforo
- Me kra, hyira Awurade.
Awurade, me Nyankopↄn, woso kεse,
Woahyε ↄharan ne anuonyam.
Wufura hann sε ntama. G/ - Wode asase atim ne nnyinaso so,
Na anhim da biara da.
Wode ebun kata so sε atade
Nsu gyinaa mmepↄw so. G/ - Oyi nsuaniwa, abon mu,
εsen nennam mmepↄw ntam
εso na wim nnomaa tetee
Nnubaa mu na wofi ma wↄn nne so. G/ - Oyi ne soro mpia mu gu mmepↄw so nsu.
Wo nnwuma so aba mee asase.
ↄma wura fifi ma afieboa
Ne afumduan a onipa yε ho adwuma
Sε ↄbεma aduan afi asase mu. G/ - Awurade, wo nnwuma dↄↄso dεn ara,
Nyansa mu na woyεε ne nyinaa,
W’abↄde ahyε asase so ma
Me kra hyira Awurade G/
AKENKAN II
Akenkan a efi Genesis nhoma no mu 22:1-18
Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Abraham!” Na ɔse: “Menie.” Na ɔkaa sɛ: “Fa wo ba, wo ba korɔ a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ hɔ, wɔ mmepɔ no mu baako a mɛkyerɛ woɔ so.” Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔfaa n’asomfoɔ mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na ɔtwaa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina, na ɔsii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no. Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Abraham maa n’ani so, na ɔhunuu beaeɛ hɔ wɔ akyirikyiri.
Na Abraham ka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: “Mo ne afunumu yi ntena ha; na me ne abarimaa yi bɛkɔ nohoa akɔsɔre, na yɛasane aba mo nkyɛn.” Na Abraham faa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina no de soaa ne ba Isak, na ɔfaa ogya ne sekan kurae, na wɔn baanu kɔe. Na Isak ka kyerɛɛ n’agya Abraham sɛ: “M’agya!” Na ɔse: “Menie, me ba.” Na ɔse: Hwɛ, ogya ne nnyina nie, na adwammaa a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ he?” Na Abraham se: “Me ba, Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ adwammaa no.” Na wɔn baanu kɔe.
Na wɔkɔduruu deɛ Onyankopɔn kyerɛɛ no hɔ, na Abraham sii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔsiesiee nnyina no, na ɔkyekyeree ne ba Isak, na ɔde no too afɔrebukyia no so wɔ nnyina no so. Afei Abraham tenee ne nsa faa sekan no sɛ ɔde rebɛkum ne ba no.
Na Awurade bɔfoɔ firi soro frɛɛ no sɛ: “Abraham, Abraham!” Na ɔse: “Menie.” Na ɔse: “Mfa wo nsa nka abarimaa no, nso nyɛ no hwee. Afei na mahunu sɛ wosuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba korɔ no.” Na Abraham maa n’ani so, na ɔhunuu odwennini a dɔtɔ asɔ ne mmɛn mu wɔ n’akyi. Na Abraham kɔfaa odwennini no de no sii ne ba no ananmu bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na Abraham too bea hɔ din sɛ: Yahwe-yir’e. Enti wɔka no nnɛ ara sɛ: Awurade bepɔ so na wɔbɛhwɛ.
Na Awurade bɔfoɔ firi soro frɛɛ Abraham bio sɛ: “Sɛ Awurade seɛ nie: Ɛsiane sɛ woayɛ saa asɛm yi, na woankame me wo ba korɔ no nti, maka me ho ntam sɛ: Hyira na mɛhyira woɔ, na dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na w’asefoɔ bɛfa wɔn atamfoɔ nkuro ano apono adi so. Na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa, ɛfiri sɛ woatie me nne.”
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 15(16):5, 8-11 G/. 1
G/. Onyankopɔn, fa me sie, na wo na medwane bɛtoa wo.
- Awurade ne m’agyapadeɛ mu kyɛfa ne me kuruwa,
wo na me nkrabea kura wo nsam.
Mede Awurade masi m’anim daa,
na ɔwɔ me nifa yi, merenhinhim. G/. - Enti m’akoma tɔ me yam, na me kra di ahurisie,
na me honam tena ase dwoodwoo.
Na worennya me kra Asamando,
woremma wo hoteni nhunu Amena mu porɔeɛ. G/. - Wobɛkyerɛ me nkwa kwan,
anika a ɛmeeɛ wɔ w’anim,
anigyedeɛ wɔ wo nifa hɔ daa. G/.
AKENKAN III
Akenkan a efi Exodus nhoma no mu 14:15-15:1
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Adɛn na wosu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfoɔ ma wɔnkɔ wɔn anim.”
Na wo deɛ, ma wo poma no so, na tene wo nsa ɛpo no so, na bae mu, na Israelfoɔ no nnante asase pɛsɛɛ so mfa po no mfimfini. Na me deɛ, hwɛ, mɛpirim Misraimfoɔ akoma, na wɔabɛdi wɔn akyi, na mɛhyɛ m’anim nyam wɔ Farao ne ne dɔm nyinaa, ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ no so, na Misraimfoɔ no ahunu sɛ mene Awurade, sɛ mahyɛ m’anim nyam wɔ Farao ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ no so.
Ɛnna Nyankopɔn bɔfoɔ a ɔdi Israel dɔm anim no twee ne ho bɛdii wɔn akyire, na mununkum dum no firii wɔn anim bɛgyinaa wɔn akyi, na ɛbɛfirii Misraim dɔm ne Israel dɔm ntam, na ɛyɛ mununkum ne esum, nanso ɛma hann anadwo, na amma yeinom antumi ammɛn yeinom anadwo no nyinaa.
Na Mose tenee ne nsa ɛpo no so. Na Awurade de apueeɛ mframa denden maa ɛpo no kɔe anadwo no nyinaa, na ɔdanee po no maa no yɛɛ asase pɛsɛɛ, na nsuo no mu baee. Na Israelfoɔ no nam asase pɛsɛɛ so faa ɛpo no mfimfini, na nsuo no yɛɛ wɔn ɔfasuo wɔn nifa ne wɔn benkum.
Na Misraimfoɔ tii wɔn, na wɔdii wɔn akyiri kɔɔ ɛpo no mfimfini, Farao apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ nyinaa. Na anɔpa nsraberɛ mu no Awurade faa ogya ne mununkum dum no hwɛɛ Misraim dɔm no, na ɔmaa Misraim dɔm no ho yeraa wɔn, na ɔhwinhwan wɔn nteaseɛnam nan maa ne nanteɛ mu yɛɛ du. Na Misraimfoɔ no se: “Momma yɛnnwane wɔ Israel anim, ɛfiri sɛ Awurade reko tia Misraim ama wɔn.”
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene wo nsa ɛpo no so, na nsuo no nsane mmra Misraimfoɔ ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔfoɔ no so.”Ɛnna Mose tenee ne nsa ɛpo no soɔ, na adeɛ rekye anɔpa no, ɛpo no sanee n’akyi bɛsenee sɛdeɛ na ɛteɛ, na Misraimfoɔ no dwane bɛhyiae. Na Awurade kaa wɔn guu po no mfimfini. Na nsuo no sanee akyire bɛkataa Farao dɔm, nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ a wɔtii wɔn baa ɛpo no mu no nyinaa so, wɔn mu baako mpo anka. Na Israelfoɔ no nam asase pɛsɛɛ so faa ɛpo no mfimfini, na nsuo no yɛɛ wɔn ɔfasuo wɔn nifa ne wɔn benkum.
Na Awurade gyee Israel nkwa da no firii Misraim nsam, na Israel hunuu Misraimfoɔ no sɛ wɔawuwu gu ɛpo no ano. Na Israel hunuu nsa kɛseɛ a Awurade de kyerɛɛ Misraim soɔ no, na ɔman no suroo Awurade, na wɔgyee Awurade ne n’akoa Mose diiɛ.
Ɛnna Mose ne Israelfoɔ too dwom yi maa Awurade kaa sɛ: “Mɛto Awurade dwom, na ma na wama ne ho soɔ, ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu.”
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Exodus 15:1-6, 17-18 G/. 1
G/. Mɛto Awurade dwom, na ma na wama ne ho soɔ
- Mɛto Awurade dwom, na ma na wama ne ho soɔ,
ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu.
M’ahoɔden ne me dwontoɔ ne Awurade, na wayɛ me nkwagyeɛ.
Ɔno ne me Nyankopɔn, na mɛkamfo no.
Ɔyɛ m’agya Nyankopɔn, na mɛma no so. G/. - Awurade yɛ dɔmmarima, Awurade ne ne din.
Farao nteaseɛnam ne ne dɔm no, wato wɔn agu ɛpo mu,
na n’akofoɔ a wɔayi wɔn no, wɔamemmem Mmɛwa Po mu.
Ebunu akata wɔn so, wɔamem kɔ aseɛ tɔnn sɛ ɔboɔ. G/. - Awurade, wode tumi ahyɛ wo nsa nifa animuonyam,
Awurade, wo nsa nifa no dwɛre atamfoɔ no.
Wode wɔn bɛba, na woabɛtɛ wɔn w’agyapadeɛ bepɔ no so G/. - Awurade, faako a wode hɔ ayɛ wo tenabea,
kronkronbea a, Awurade, wo nsa asiesie no.
Awurade bɛdi hene de bɛkɔ akɔsi daa daa. G/.
AKENKAN IV
Akenkan a efi Isaiah nhoma no mu 54:5-14
Na wo Yɛfoɔ ne wo kunu, asafo Awurade ne ne din, na wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no, wɔfrɛ no asase nyinaa Nyankopɔn. Na Awurade afrɛ wo sɛ ɔbaa a wɔagyaa no na ɔredi honhom mu yea, sɛ mmeranteberɛ mu yerɛ a wɔapa no, wo Nyankopɔn na ɔseɛ.
Megyaa wo ɛberɛ tiawa bi, nanso ayamhyehyeɛ kɛseɛ na mede bɛboa w’ano. Abufuo mmorosoɔ mu na mede m’ani mehuntaa wo kakraa bi, nanso mede daa adɔeɛ bɛhu wo mmɔbɔ, wo Gyefoɔ Awuarade na ɔseɛ.
Na yei yɛ me sɛ Noa nna no: Sɛdeɛ mekaa ntam sɛ Noa nsuo no mmfa asase so bio no, saa ara nso na maka ntam sɛ me bo remfu wo na merenteatea wo bio. Na mmepɔ bɛtwe akɔ na nkokoɔ atutu, na m’adɔeɛ deɛ, ɛrentwe mfiri wo so, na m’asomdwoeɛ apam no rentutu, Awurade a ne yam hyehye no ma woɔ no na ɔseɛ.
O mmɔborɔni a ahum bɔɔ woɔ a wɔnkyekyeree wo werɛ, hwɛ, me ara mede w’aboɔ bɛtoto anintɔnka adubire mu, na mede hoa aboɔ mato wo fapem, na mede bogya aboɔ mayeyɛ w’abantifi, na mede nsramma aboɔ mayɛ w’aponkɛseɛ, ne w’afasuo nyinaa aboɔ afɛfɛ.
Na wo mma nyinaa bɛyɛ Awurade asuafoɔ, na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso. Tenenee mu na w’ase bɛtim; wo ne nhyɛsoɔ ntam bɛtwe, na worensuro,
na wo ne ahudeɛ nso ntam bɛtwe, na ɛremmɛn wo.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 29(30) 1, 3-5, 10-12 G/. 2
G/. Mεma wo so, Awurade, efisε woayi me.
- Mεma wo so, Awurade
Efisε woayi me,
Na woamma m’atamfo ani annye, me nti
Awurade, woatwe me kra afi asaman,
Woama me nkwa na mankↄ amoa mu. G/. - Monto Awurade dwom, mo a moyε n’ahotefo,
Na munyi ne nkae kronkon no ayε
Na n’abufuw kyε kakraa bi,
Na n’adↄe de, εtra hↄ kyε sε nkwa bere.
Osu bεsoε anadwofa,
Na ade kyε a, na anigye aba. G/. - Awurade, tie na hu me mmↄbↄ
Awurade, bεboa me,
Woama me nkↄmmↄdi adan me asaw
Awurade, me Nyankopↄn, mεda wo ase daa. G/.
AKENKAN V
Akenkan a efi Isaiah nhoma no mu 55:1-11
Sɛ Awurade se ni: “Mommra oo, mo a sukɔm de mo nyinaa, mommra nsuo ho, na mo a monni sika no, mommra mmɛtɔ, na monni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufosuo; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na ɛnni boɔ nso. Adɛn na mokari sika gye deɛ ɛnyɛ aduane, ne mo brɛ so adeɛ tɔ deɛ ɛmmee mo? Montie me ɛ, monni nnepa, na sradeduane nyɛ mo kra dɛ. Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, montie, na mo kra nnya nkwa.
Na me ne mo bɛpam daa apam, Dawid adɔeɛyɛdeɛ a ɛsi hɔ pintinn no. Hwɛ, mede no mayɛ aman danseni, aman safohene ne mmarahyɛni. Hwɛ, wobɛfrɛ ɔman a wonni wɔn aba, na aman a wɔnni woɔ no de mmirika bɛba wo nkyɛn, Awurade wo Nyankopɔn nti ne Israel Kronkronni no nti, ɛfiri sɛ wahyɛ wo animuonyam.
Monhwehwɛ Awurade, berɛ a ɔma wɔhu no no, momfrɛ no berɛ a ɔbɛn no. Ma ɔbɔnefoɔ nnane ne kwan nnya, na onipa huhuo nnane n’adwene nnya, na ɔnsane mmra Awurade nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne fakyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso. Na ɛnyɛ m’adwene ne mo adwene, na ɛnyɛ mo akwan ne m’akwan, Awurade asɛm nie; na sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no, saa ara na m’akwan korɔn sene mo akwan, na m’adwene nso sene mo adwene. Na sɛdeɛ osuo ne sukyerɛmma firi soro gu fam na ɛnsane nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔ asase ansa ma no ba aduane na ɛso aba, na ɛde aba ma ogufoɔ ne aduane ma odifoɔ no, saa ara na m’asɛm a ɛfiri m’anomu bɛyɛ: Ɛrensane mma me nkyɛn kwa, na mmom gye sɛ ɛyɛ deɛ mepɛ na ɛwie deɛ enti a mesomaa no no.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Isaiah 12:2-3, 4, 5-6 G/. 3
G/. Na mode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura no mu.
- Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ.
Mɛtwere no, na mensuro,
na Awurade Nyankopɔn ne m’ahoɔden ne me dwom,
na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.
Na mode anigyeɛ bɛsa nsuo
afiri nkwagyeɛ nsubura no mu. G/. - Monna Awurade ase; mommɔ ne din.
Momma wɔnhunu ne nneyɛɛ, aman mu.
Monka sɛ wɔama ne din so! G/. - Monto ayeyie dwom mma Awurade,
na wayɛ adeɛ akɛseɛ;
momma wɔnhunu yei asase nyinaa so.
Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a motete Sion,
na Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no yɛ kɛseɛ. G/.
KENKAN VI
Akenkan a efi Baruch nhoma no mu 3:9-15, 32-4:4
O Israel, tie mmara a ɛma nkwa no, yɛ aso na sua nyansa! Ɛyɛɛ dɛn, O Israel, adɛn nti na woakɔpue w’atamfoɔ asase soɔ, ɛnna worenyini bɔ akɔkoraa wɔ ananafoɔ asase soɔ yi, na wode afunu agu wo ho fi yi, wɔkan wo ka wɔn a wɔwɔ Asamando ho yi? Woapo nyansa nsubura no. Sɛ anka wonantee wɔ Onyankopɔn kwan so a, anka wobɛtena asomdwoeɛ mu afebɔɔ. Sua hunu faako a nyansa wɔ, faako a ahoɔden wɔ, faako a nteaseɛ wɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛberɛ korɔ no ara wobɛhunu baabi a nkwa ne nna tentene wɔ, faako a ani kanea ne asomdwoeɛ wɔ. Hwan na wahu ne beaeɛ a ɔwɔ no? Na hwan na wɔahyɛne n’adekorabea?
Mmom deɛ ɔnim nnoɔma nyinaa no nim no, ɔnam ne nteaseɛ so ahu no. Deɛ ɔsiesiee asase maa ɛberɛ nyinaa no, ɔde abɔdeɛ a wɔn nan yɛ nnan hyɛɛ mu ma; deɛ ɔsoma hann, na ɛkɔ; ɔfrɛɛ no, na ɛde ahopopoɔ tiee no; nsoromma hyerɛnn wɔ wɔn gyinaberɛ berɛ mu, na wɔdii ahurisie; ɔfrɛɛ wɔn, na wɔkaa sɛ: Yɛn nie! Wɔde ahurisie hyerɛnn maa deɛ ɔbɔɔ wɔn no. Oyi ne yɛn Nyankopɔn; obiara nni hɔ a wɔde no toto ne ho. Ɔno na ɔhunuu ɔkwan a ɛkɔ nimdeɛ ho nyinaa, na ɔde no maa n’akoa Yakob na ɔde maa Israel, deɛ ɔdɔ no no. Akyire yi no, ɔdaa ne ho adi wɔ asase so na ɔne adasamma tenaeɛ.
Ɔno ne nwoma a Onyankopɔn mmara wɔ mu, ne mmara a ɛwɔ hɔ daa. Wɔn a wɔsɔ ne mu dendeenden no bɛtena ase, na wɔn a wɔpo no no bɛwu. Yakob, san bɛfa no; nante bra ne kanea a ɛrehyerɛn no ho. Mfa w’animuonyam mma ɔfoforɔ, anaasɛ mfa wo mfasoɔ mma ɔnanani. O Israel, nhyira ne yɛn, ɛfiri sɛ yɛnim deɛ ɛsɔ Onyankopɔn ani.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 18(19) 7-10 G/. John 6:68
G/. Awurade, wow daa nkwaa nsɛm.
- Awurade mmara yɛ pɛ,
ɛdwodwo ɔkra.
Awurade adanseɛ atim,
ɛma awiɛmfoɔ hunu nyansa. G/. - Awurade ahyɛdeɛ tene,
ɛma akoma tɔ yam.
Awurade mmarahyɛ ho te,
na ɛte ani. G/. - Awurade suro yɛ kronkron,
ɛgyina hɔ daa.
Awurade atemmudeɛ yɛ nokorɛ,
ne nyinaa tene. G/. - Ɛyɛ akɔnnɔ sene sika ne sika amapa pii,
na ɛyɛ fremfrem sene ɛwoɔ
ne ahwedeɛ mu nsuo. G/.
AKENKAN VII
Akenkan a efi Ezekiel nhoma no mu Ezekiel 36:16-28
Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, Israel fie tenaa wɔn asase soɔ no, wɔde abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ guu ho fi; na wɔn bra no te sɛ ɔbaa a wayɛ bra fi wɔ m’anim.
Ɛnna mehwiee m’abufuhyeɛ guu wɔn soɔ, mogya a wɔhwiee guu asase no soɔ no nti, ne wɔn abosom a wɔde guu ho fi no nti. Na mepansamm wɔn guu amanaman mu, na mehwetee wɔn mu guu nsase so. Wɔn bra ne wɔn nneyɛɛ so na mebuu wɔn atɛn. Na wɔduruu amanaman a wɔkɔɔ hɔ no mu no, wɔguu me din kronkron no ho fi, sɛ wɔkaa no wɔ wɔn ho sɛ: Awurade man ne yeinom, nanso wɔafiri n’asase so kɔ. Ɛnna menyaa tema maa me din kronkron a Israel fie guu no fi, amanaman a wɔkɔɔ hɔ no mu.
Ɛno nti ka kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ Awurade Nyankopɔn seɛ nie: Israel fie, ɛnyɛ mo nti na mereyɛ, na mmom me din kronkron a moguu ho fi, amanaman a mokɔɔ hɔ no mu ntira. Na mɛyɛ me din kɛseɛ a wɔagu ho fi, amanaman a moagu ho fi wɔ wɔn mu no kronkron, na amanaman ahunu sɛ mene Awurade, Awurade Nyankopɔn asɛm nie, sɛ mereyi me kronkronyɛ adi, mo mu, wɔn ani so. Na mɛfa mo afiri amanaman no mu, na maboaboa mo ano afiri nsase no nyinaa so, na mede mo asane aba mo asase so.
Na mede nsu korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate; mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuo nyinaa mu na mɛte mo ho afire, na mɛma mo akoma foforɔ, na mede honhom foforɔ mahyɛ mo mu, na mɛyi ɔboɔ akoma no afiri mo honam mu, na mama mo honam akoma. Na mede me honhom bɛhyɛ mo mu, na mama moanante m’ahyɛdeɛ so, na moahwɛ m’atemmudeɛ ayɛ. Na mobɛtena asase a mede memaa mo agyanom no so, na moayɛ me ɔman, na me nso, mayɛ mo Onyankopɔn.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 41(42) :2, 4; 43:3-4 G/. 1
G/. Sɛdeɛ ɔforoteɛ pere hwehwɛ nsuwa no, sɛ me kra pere hwehwɛ wo, Onyankopɔn, ne no.
- Onyankopɔn, nkwa Nyankopɔn ho sukɔm de me kra.
Da bɛn na mɛba mabɛfiri Nyankopɔn anim? G/. - Mekae yeinom, na mehwie me kra wɔ me mu,
sɛdeɛ me ne asafokuo nante kɔɔ Nyankopɔn fie,
na me ne nkurɔfoɔ a wɔnam yuu hyɛ fa no
de ayeyie ne aseda nnwom kɔeɛ no. G/. - Ma wo hann ne wo nokorɛ mmɛgya me,
na ɛmfa me nkɔ wo bepɔ kronkron so ne wo tenabea.
Na makɔ Nyankopɔn afɔrebukyia ho,
m’ahurisie anigyeɛ Nyankopɔn nkyɛn,
na mede sankuo mada wo ase,
Onyankopɔn, me Nyankopɔn G/.
AKENKAN VIII
Akenkan a efi Ht. Paul nhoma a ɔkyerɛw kɔma Romanfo no mu 6:3-11.
Monnim sɛ, yɛn mu dodoɔ a wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ ne wuo mu anaa? Enti wɔnam owuo mu asubɔ so asie yɛne no sɛ, sɛdeɛ wɔnam Agya no animuonyam so nyanee Kristo firii awufoɔ mu no, saa ara na yɛn nso yɛnnante nkwa foforɔ mu.
Na sɛ wɔatɛ yɛn ne no wɔ ne wuo mu a, ɛnneɛ yɛnam ne wusɔreɛ no so ne no bɛbom afifiri. Na yɛnim yei sɛ wɔabɔ yɛn nipa dada ne no asɛnnua mu, sɛ bɔne no nipadua nwu, na yɛansom bɔne bio; ɛfiri sɛ deɛ wawuo no, wɔabu no bem afiri bɔne ho.
Na sɛ yɛne Kristo awu a, yɛgye di sɛ yɛne no bɛtena ase nso, na yɛnim sɛ Kristo a wɔnyanee no firii awufoɔ mu no renwu bio; na owuo renni ne so bio. Na deɛ ɔwuiɛ no, ɔwu maa bɔne prɛko, na deɛ ɔte aseɛ no, ɔte ase ma Onyankopɔn. Saa ara na mo nso mommu mo ho sɛ moawu ama bɔne, na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 117(118):1-2, 16-17, 22-23.
G: Alleluia, Alleluia, Alleluia
- Monna Awurade ase, na ɔyɛ,
na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.
Ma Israel nka ɛ:
n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. G/. - Wɔama Awurade nifa so,
Awurade nifa di mmaninsɛm.
Merenwu, na mmom mɛnya nkwa,
na maka Awurade nneyɛɛ makyerɛ. - Ɔboɔ a abantofoɔ apa no
abɛyɛ tweaso boɔ titire.
Awurade na ɔmaa yei yɛeɛ,
ɛyɛ nwanwa yɛn ani so. G/.
ASEMPA (GOSPEL)
Asempa no sɛnea Ht. Matthew Kyerɛw mae no. 28:1-10
Na homeda no twaa mu no, da a ɛdi nnawɔtwe kan no ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no baa sɛ wɔrebɛhwɛ ɛda no. Na hwɛ, asase wosoo kɛseɛ pa ara; na Awurade bɔfoɔ firi soro siane bae, bɛmunii ɛboɔ no firii ɛda no ano, na ɔtenaa so. Na ne ho te sɛ anyinam na n’atadeɛ hoa sɛ asukɔtweaa. Na ne ho hu nti, awɛmfoɔ no ho popoe, na wɔyɛɛ sɛ awufoɔ.
Na ɔbɔfoɔ no bua see mmaa no sɛ: “Mo deɛ, monnsuro! Na menim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Ɔnni ha; na wanyane sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Mommra mmɛhwɛ faako a na ɔda! Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ sɛ wanyane afiri awufoɔ mu. Na hwɛ, ɔredi mo anim kan akɔ Galilea; ɛhɔ na mobɛhu no; hwɛ, maka akyerɛ mo.”
Na wɔfirii ɛda no ho ntɛm ara de ehu ne anigyeɛ kɛseɛ tutuu mmirika sɛ wɔrekɔka akyerɛ n’asuafoɔ no. Na hwɛ, Yesu hyiaa wɔn kaa sɛ: Mema mo amo! Na wɔba bɛsosɔɔ ne nan koto sɔree no. Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Monnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wɔbɛhu me.
Nea Awurade se ni.
OWUSƆREƐ KWASIADA
(EASTER SUNDAY)
AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Asomafo Nhoma no mu 10:34a, 37-43
Na Petro buee n’ano kaa sɛ: “Mo ara monim asɛm a asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no akyi, ɛfirii aseɛ Galilea na ɛbaa Yudea nyinaa no, Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho. Na yɛne nnoɔma a ɔyɛɛ no Yudafoɔ soɔ ne Yerusalem nyinaa ho adansefoɔ; ɔno nso na wɔsɛnee no dua so kumm no. Ɔno na Onyankopɔn nyanee no da a ɛtɔ so mmiɛnsa; na ɔmaa no yii ne ho pefee kyerɛe, ɛnyɛ ɔman no nyinaa, na mmom adansefoɔ a Onyankopɔn ayi wɔn ato hɔ dada no, ɛne yɛn a ne sɔreɛ a ɔsɔre firii awufoɔ mu no akyiri no, yɛne no didiiɛ na yɛnomeeɛ; na ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ ɔman no, na yɛnni adanseɛ sɛ ɔno ne ateasefoɔ ne awufoɔ temmufoɔ a Onyankopɔn ayi no asi hɔ no. Ɔno na adiyifoɔ nyinaa di ne ho adanseɛ sɛ: Obiara a ɔgye no die no nam ne din so bɛnya bɔne fakyɛ.”
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 117(118):1-2, 16-17, 22-23. G/. 24
G: Yei ne da a Awurade ayɛ, momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye.
- Monna Awurade ase, na ɔyɛ,
na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.
Ma Israel nka ɛ:
n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. G/. - Wɔama Awurade nifa so,
Awurade nifa di mmaninsɛm.
Merenwu, na mmom mɛnya nkwa,
na maka Awurade nneyɛɛ makyerɛ. - Ɔboɔ a abantofoɔ apa no
abɛyɛ tweaso boɔ titire.
Awurade na ɔmaa yei yɛeɛ,
ɛyɛ nwanwa yɛn ani so. G/.
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paulo nhoma a ɔkyerew komaa Kolosefo no mu 3:1-4
Anuanom, Enti sɛ moanya ne Kristo anyane a, monhwehwɛ deɛ ɛwɔ soro, deɛ Kristo teɛ hɔ, wɔ Nyankopɔn nifa. Monnwene deɛ ɛwɔ soro, na ɛnyɛ deɛ ɛwɔ asase soɔ. Na moawu, na wɔde mo nkwa aka Kristo ho ahunta Nyankopɔn mu; na da a Kristo a ɔne yɛn nkwa bɛyi ne ho adie no, ɛno na wɔbɛyi mo nso ne no adie animuonyam mu.
Nea Nyame se ni.
ANAA
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paulo nhoma a edikan a ɔkyerew komaa Korontofo no mu 5:6b-8
Anuanom, monnim sɛ mmɔreka kakra na ɛka mmɔre no nyinaa? Enti monyi mmɔreka dada no, na moayɛ mmɔre foforɔ sɛdeɛ moyɛ apiti no. Ɛfiri sɛ wɔakum yɛn Twam dwan Kristo no nso. Enti momma yɛnhyɛ fa; ɛnyɛ mmɔreka dada no mu, nanso ɛnyɛ bɔneyɛ ne amumuyɛ mmɔreka mu, na mmom Kronkronyɛ ne nokorɛ apiti mu.
Nea Nyame se ni.
Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation) 1 Korintofo 5:7b-8a
Alleluia, Alleluia!
Wɔakum yɛn Twam dwan Kristo no nso, Enti momma yɛnhyɛ fa
Alleluia, Alleluia!
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Yohane Kyerɛw mae 20:1-9
Na da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpatutuutu a esum da so wɔ mu no, Maria Magdalene baa ɔboda no ho, na ɔbɛhunuu sɛ wɔayi ɔboɔ no afiri ɛda no ano. Ɛnna ɔtuu mmirika baa Simon Petro ne osuani baako a Yesu dɔ no no nkyɛn, na ɔsee wɔn sɛ: “Wɔayi Awurade afiri ɛda no mu, na yɛnnim faako a wɔde no akɔtoɔ.”
Ɛnna Petro ne osuani baako no firii adi baa ɛda no ho. Na wɔn baanu nyinaa tutuu mmirika, na osuani baako no yɛɛ ntɛm siane Petro ho, na ɔkɔduruu ɛda no ho kane. Na ɔbrɛɛ ne mu ase hwɛɛ mu no, n’ani bɔɔ nwera no so sɛ ɛgu hɔ deɛ, nanso wankɔ mu. Ɛnna Simon Petro dii n’akyiri baeɛ, na ɔkɔɔ ɛda no mu, na ɔhwɛɛ nwera a ɛgu hɔ no ne duku a wɔde bɔɔ ne tire nanso sɛ ɛngu nwera no ho, na mmom wɔabobɔ ɛno nkutoo da baabi no. Ɛno na afei osuani baako a ɔduruu ɛda no ho kane no nso hyɛnee mu, na ɔhunui, na ɔgye dii. Na na wɔnnya nhunuu twerɛsɛm no, sɛ ɛtwa sɛ ɔsɔre firi awufoɔ mu no.
Nea Awurade se ni.
