KWASIDA A ƐTO MMIENU WƆ AKƆMKYENE MMERƐ MU, AFI A(SECOND SUNDAY OF LENT, YEAR A) Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku.

KWASIDA A ƐTO MMIENU WƆ AKƆMKYENE MMERƐ MU, AFI A(SECOND SUNDAY OF LENT, YEAR A) Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku.

AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Genesis Nhoma no mu 12:1-4

Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Wo de, firi w’asase so ne ne w’abusua mu ne w’gya fie, kɔ asase a mɛkyreɛ wo no so. Na mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mahyira wo, na mama wo din aso, ma woayɛ nhyira.

Na mehyira wɔn a wohyira wo; na wɔn a wɔdome wo no, mɛdome wɔn na wo mu na wobehyira asae so mmusua nyinaa

Na Abram kɔe sɛnea Awuradeka kyerɛɛ no no.

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 32(33):4-5, 18-19, 20, 22. G/. 22
G: Awurad, ma w’adɔeɛ ntra yɛn so, sɛnea yɛn ani da wo so no

  1. Mommɔ sankuo yie nka ɛnne ho!
    Na Awurade asɛm tene,
    na ne nnwuma nyinaa wɔ nokorɛ mu.
    Ɔdɔ asɛntenenee ne atemmuo,
    AWwurade adɔeɛ ahyɛ asase so ma. G/
  2. Hwɛ, Awurade ani wɔ wɔn a wɔsuro no so,
    ɛwɔ wɔn a wɔn ani da n’adɔeɛ soɔ no so,
    sɛ ɔbɛgye wɔn kra afiri owuo mu,
    na wama wɔanya nkwa ɛkɔm mu. G/
  3. Yɛn kra twɛn Awurade,
    yɛn boafoɔ ne yɛn kyɛm ne no.
    Awurad, ma w’adɔeɛ ntra yɛn so,
    sɛnea yɛn ani da wo so no. G/

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paulo nhoma a ɛto so mmienu a ɔkyerew komaa Timoteo no mu 1:8b-20

Wo ne me hunu asɛmpa no ho amane bi, sɛdeɛ Nyankopɔn ahoɔden teɛ no. Ɔno na wagye yɛn, na ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ yɛn, ɛnyɛ yɛn nnwuma nti, na mmom ne tirim agyina ne adom a wɔde adom yɛn Kristo Yesu mu firi teteete na afei wɔnam yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahoyie so ayi no adie no ho. Ɔno na wayi owuo hɔ, na ɔnam asɛmpa no so ayi nkwa ne adeɛ a ɛmporɔ adi fann.

Nea Nyame se ni.

Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation) Mateo 17:5
Ayeyi nka wo, O Kristo, daa animuonyam hene!
Agya no ɛnne firi mununkum no mu kaa sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no.”
Ayeyi nka wo, O Kristo, daa animuonyam hene!

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo Kyerɛw mae 17:1-9

Nnansia akyiri no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi so wɔ fa baabi. Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann. Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasaeɛ. Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, ɛyɛ sɛ yɛtena ha; sɛ wopɛ a, mɛbɔ asese mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, na Elia deɛ baako.” Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!” Na asuafoɔ no teeɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, na wɔsuroo yie. Na Yesu ba bɛsosɔɔ wɔn mu sɛ: “Monsɔre, na monnsuro!” Na wɔmemaa wɔn ani soɔ no, wɔanhunu obiara gye Yesu nko ara.

Na wɔfiri bepɔ no so resiane no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: “Monnka deɛ moahunu yi nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ onipa ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu.”

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *