AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)*
Akenkan a efiri Genesis Nhoma no mu 2:7-9;3:1-7
Awurade Nyankopɔn de fam dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhuu nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefoɔ.
Na Awurade Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden a ɛwɔ apueeɛ fam, na ɔde onipa a ɔnwonoo no no tenaa hɔ. Na Awurade Nyankopɔn maa nnua ahodoɔ nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na ɛyɛ sɛ wɔdie asase no so, ne nkwa dua a ɛsi turo no mfimfini, ne papa ne bɔne ho nimdeɛ dua fifirii asase no so.
Na ɔwɔ yɛ aniteɛ kyɛne wiram mmoadoma a Awurade Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na ɔbisaa ɔbaa no sɛ: “Ampa ara sɛ Onyankopɔn aka akyerɛ mo sɛ: Monnni turom ha nnua nyinaa bi?” Na ɔbaa no buaa ɔwɔ no sɛ: “Turom ha nnua aba no, yɛdi bi; nanso dua a ɛsi turo no mfimfini no aba deɛ, Onyankopɔn aka sɛ: ‘Monnni bi, nso mommfa mo nsa nnka, na moanwu.’” Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Ɛnyɛ wuo na mobɛwuo; na Onyankopɔn nim sɛ da a mobɛdi bie no, mo ani bɛbue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahunu papa ne bɔne.”
Na ɔbaa no hunuu sɛ dua no yɛ sɛ wɔdie, na ɛyɛ aniwa fɛ, ɛyɛ akɔnnɔ, na ɛbɛte ani, enti ɔtee n’aba bi, na ɔdii, na ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na ɔdii. Na wɔn baanu ani buebuee, na wɔhunuu sɛ wɔdeda adagya, enti wɔpempam borɔdɔma ahahan yɛɛ nkatanim fae.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 50(51):1-3, 4-5, 10-12, 15. G/. 1a
G: Hu me mmɔbɔ, O Awurade, efisɛ mayɛ bɔne.
- Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w’adɔeɛ teɛ no,
wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti pepa me mmarato.
Hohoro me ho firi m’amumuyɛ mu koraa,
na prapra me ho firi me bɔne mu. G/ - Na mahunu me mmarato no,
na me bɔne wɔ m’anim daa.
Wo nko ara na mafom woɔ,
na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so bɔne, G/ - Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me,
na yɛ honhom foforɔ a aseɛ tim wɔ me mu.
Nto me mfiri w’anim ntwene,
na nyi wo kronkronyɛ honhom mfiri me so. G/ - Ma mennya wo nkwagyeɛ ho abotɔyam bio,
na ayamyie honhom nsɔ me mu.
Awurade, bue m’ano fafa,
na mede m’ano makyerɛ w’ayeyie. G/
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht. Paulo nhoma a ɔkyerew komaa Romafoɔ no mu 5:12-19
Anuanom, ɛdeɛ ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owuo nam bɔne so baeɛ no, saa ara na ɛyɛeɛ na owuo trɛ kaa nnipa nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Na bɔne wɔ wiase ansa na mmara no reba, nso mmara nni hɔ a, wɔmfa bɔne mmu nkonta. Nanso owuo dii hene firi Adam so bɛsii Mose so; wɔn a wɔanyɛ Adam mmarato no nsɛso so bɔne mpo, ɔdii wɔn so bi; saa Adam yi ara nso ne deɛ ɔbɛba no nsususoɔ.
Na ɛnyɛ sɛdeɛ mfomsoɔ no teɛ na adom akyɛdeɛ no nso teɛ, ɛfiri sɛ ɔbaakofoɔ mfomsoɔ nti nnipa bebree awu a, Nyankopɔn adom, ne onipa baako a ɔne Yesu Kristo no mu adom akyɛdeɛ aboro so ama nnipa bebree akyɛne saa. Na ɛnyɛ sɛ deɛ ɛnam ɔbaakofoɔ a ɔyɛɛ bɔne no so baeɛ no na akyɛdeɛ no teɛ, na atemmuo no firi ɔbaakofoɔ na ɛdane afobuo, na adom akyɛdeɛ no firi mfomsoɔ pii mu na ɛdane bembuo. Na sɛ ɛnam ɔbaakofoɔ no so na owuo de ɔbaakofoɔ no mfomsoɔ dii hene a, wɔn a wɔanya adom ne tenenee akyɛdeɛ a ɛboro soɔ no mmom nam ɔbaakofoɔ no, Yesu Kristo so bɛdi ahene wɔ nkwa mu. Enti afei, sɛdeɛ afobuo nam ɔbaakofoɔ mfomsoɔ so baa nnipa nyinaa soɔ no, sɛ nso nkwa bembuo nam ɔbaakofoɔ tenenee soɔ baa nnipa nyinaa soɔ ne no. Na sɛdeɛ nnipa bebree no nam onipa baako no asoɔden so bɛyɛɛ nnebɔneyɛfoɔ no, sɛ nso bebree no nam ɔbaakofoɔ no setie so bɛyɛ ateneneefoɔ ne no.
Nea Nyame se ni.
Ayeyi Dwom (Gospel Acclamation) Mateo 4:4b
Ayeyi nka wo, O Kristo, daa animuonyam hene!
Ɛnyɛ paanoo nko na onipa nam so bɛtena aseɛ, na mmom asɛm biara a ɛfiri Nyankopɔn anomu ba no so.
Ayeyi nka wo, O Kristo, daa animuonyam hene!
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo Kyerɛw mae 4:1-11
Honhom no de Yesu kɔɔ serɛ so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. Na ɔdii mmuada adaduanan awia ne anadwo no, akyire yi no, ɛkɔm dee no. Na ɔsɔhwɛfoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: “Sɛ wone Nyankopɔn Ba no a, kasa na aboɔ yi nnane paanoo.” Na ɔbuaa sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Ɛnyɛ paanoo nko na onipa nam so bɛtena aseɛ, na mmom asɛm biara a ɛfiri Nyankopɔn anomu ba no so.’”
Ɛnna ɔbonsam de no kɔɔ kuro kronkron no mu, na ɔde no kɔgyinaa asɔrefie no atifi, na ɔsee no sɛ: “Sɛ wone Nyankopɔn ba no a, to wo ho twene fam; na wɔatwerɛ sɛ: nti, ɔbɛhyɛ n’abɔfoɔ, na wɔabɛsoa wo wɔn nsam, na woamfa wo nan ampem boɔ.’” Yesu see no sɛ: “Wɔatwerɛ bio sɛ: ‘Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn, nhwɛ!’”
Na ɔbonsam faa no bio kɔɔ bepɔ tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahennie nyinaa ne emu animuonyam, na ɔsee no sɛ: “Sɛ wobɛkoto asɔre me a, anka mede yeinom nyinaa bɛma wo.” Ɛnna Yesu see no sɛ: “Firi hɔ, Satan! na wɔatwerɛ sɛ: ‘Koto sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.”’
Ɛnna ɔbonsam gyaa no hɔ, na hwɛ, abɔfoɔ ba bɛsomm no.
Nea Awurade se ni.
