AKENKEN A ƐDI KAN (FIRST READING)
Akenken a efiri Sirak nhoma no mu 15:15-20
Sɛ wopɛ a, wotumi di mmara no so, na sɛ woredi nokorɛ wɔ w’adeyɛ mu no yɛ adeɛ a ɛfiri wo pɛ mu. Ɔde ogya ne nsuo asi w’anim; tene wo nsa fa emu deɛ wopɛ biara. Nkwa ne owuo wɔ onipa biara anim, na deɛ obi pɛ no, ne nsa ka. Na Awurade nyansa yɛ kɛseɛ; ɔyɛ kɛseɛ wɔ tumi mu, na ɔhu ade nyinaa; N’ani wɔ wɔn a wɔsuro no no ho, na ɔnim nnipa nneyɛɛ nyinaa. Ɔnhyɛɛ obiara sɛ ɔnyɛ amumuyɛ, na ɔmmaa obiara kwan sɛ ɔnyɛ bɔne.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 117(118):1-2, 4-5, 17-8, 33-34 G/. 1
G: Nhyira ne wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ, na wɔnam Awurade mmara soɔ.
- Nhyira ne wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ,
na wɔnam Awurade mmara soɔ.
Nhyira ne wɔn a wɔhwɛ n’adansesɛm soɔ,
na wɔde wɔn akoma nyinaa di akyire. G/. - Wo na wode wo nsiesieeɛ ahyɛ yɛn
sɛ yɛnni so koraa.
O, sɛ wɔtenetene m’akwan,
na medi w’ahyɛdeɛ so ɛ! G/. - Yɛ w’akoa yie, na mennya nkwa,
na madi wo nsɛm so.
Bue m’ani,
na menhwɛ wo mmara mu anwanwadeɛ. G/. - Awurade, kyerɛ me w’ahyɛdeɛ kwan,
na mafa so makɔsi aseɛ.
Ma menhunu mu, na madi wo mmara so,
na mede m’akoma nyinaa bɛdi so. G/.
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht Paulo nhoma a edikan a ɔkyerɛw kɔmma Korintofoɔ no mu 2:6-10
Yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔdi mu; na ɛyɛ nyansa a ɛnyɛ wiase yi deɛ, na ɛnyɛ wiase atumfoɔ a wɔbɛyi wɔn hɔ no deɛ, na mmom yɛka Nyankopɔn nyansa ahuntasɛm mu, nyansa a wɔde sieeɛ a Onyankopɔn de too hɔ maa yɛn animuonyam ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ. Deɛ wiase yi atumfoɔ mu biara anhunu, na sɛ wɔhunuiɛ a, anka wɔammɔ animuonyam Wura no asɛnnua mu, na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ani nhunuiɛ, na aso nteeɛ na ɛmmaa onipa akoma mu da ne nnoɔma a Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.
Na yɛn na Onyankopɔn nam Honhom so ayi akyerɛ yɛn; ɛfiri sɛ Honhom no pɛɛpɛɛ adeɛ nyinaa mu, Nyankopɔn nnoɔma a emu dɔ no nso mu.
Nea Nyame se ni.
AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! 1 Samuel 3:9, Yohane 6:68
Awurade Kasa na w’akoa retie. Wowɔ daa nkwa nsɛm
Alleluia! Alleluia!
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo kyerɛw mae 5:17-37
Yesu see n’asuafo no sɛ: “Monnsusu sɛ mebaa sɛ merebɛsɛe mmara anaa adiyifoɔ no; mamma ammɛsɛe, na mmom mebɛhyɛɛ mu ma. Na nokorɛ mese mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, atwerɛdeɛ ketewa baako anaa nsensaneeɛ baako mpo remfiri mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa. Enti obiara a ɔbɛto mmara mu nsɛm nketewa yi mu baako, na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa wɔ ɔsoro ahennie mu; na obiara a ɔbɛdi soɔ, na ɔbɛkyerɛkyerɛ no, ɔno na wɔbɛfrɛ no kɛseɛ ɔsoro ahennie mu. Na mese mo sɛ, sɛ mo tenenee ammoro Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no deɛ so a, morennya ɔsoro ahennie mu nhyɛne.
Moate sɛ wɔsee tetefoɔ no sɛ: Nni awu; na obiara a ɔbɛdi awuo no bɛdi atemmuo mu fɔ. Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ne bo fu ne nua no bɛdi atemmuo mu fɔ.
Na obiara a ɔbɛse ne nua sɛ: Raka no bɛdi fɔ mpanimfoɔ atitire no asɛnniiɛ. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea! no bɛdi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom. Enti sɛ wode w’ayɛyɛdeɛ ba afɔrebukyia ho, na ɛhɔ wokae sɛ wo nua wɔ asɛm tia wo a, gya w’ayɛyɛdeɛ no afɔrebukyia no anim hɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kane, ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛdeɛ no. Wo ne wo nkurobɔni wɔ kwan soɔ no, wo ne no mmom ntɛm; na da bi wo nkurobɔni no anyi wo anhyɛ ɔtemmufoɔ nsa, na ɔtemmufoɔ no anyi wo anhyɛ ɔsomfoɔ nsa, na wɔamfa wo ankɔto afiase. Nokorɛ mese wo sɛ, woremfiri hɔ gye sɛ woatua kaprɛ a ɛbɛka akyire no ansa.
Moate sɛ wɔkaa sɛ: Nsɛe awadeɛ! Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no n’akomam dada. Na sɛ w’ani nifa to wo suntidua a, tu, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ, wo ho akwaa mu baako bɛsɛeɛ, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom. Na sɛ wo nsa nifa to wo suntidua a, twa, na to firi wo ho twene; na ɛyɛ ma wo sɛ wo ho akwaa mu baako bɛsɛeɛ, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom.
Wɔkaa nso sɛ: Obiara a ɔbɛgyae ne yere no mma no awaregyaeɛ krataa. Na me deɛ, mese mo sɛ: Sɛ ɛnyɛ adwamammɔ nti na obi gyaa ne yere a, na wama ɔbaa no asɛe awadeɛ; na obiara a ɔbɛware deɛ wɔagyaa no no nso asɛe awadeɛ.
Bio, moate sɛ wɔsee tetefoɔ no sɛ: Nka ntanhunu, na fa wo ntankadeɛ ma Awurade. Na me deɛ, mese mo sɛ: Monnka ntam koraa! Monnka ɔsoro, ɛfiri sɛ ɛyɛ Nyankopɔn ahennwa. Monnka asase, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne nan ntiasoɔ. Monnka Yerusalem, ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhenkɛseɛ kuro. Nanso nka wo tiri ntam, ɛfiri sɛ worentumi nyɛ nwi baako fufuo anaa tuntum.
Na momma mo aane nyɛ aane, na dabi nyɛ dabi! Na deɛ ɛboro yei soɔ no firi bɔne mu.”
Nea Awurade se ni.