AKENKEN A ƐDI KAN (FIRST READING)
Akenken a efiri Odiyifo Yesia nhoma no mu 58:7-10
Sɛ Awurade se nie: “Ɛnyɛ yei nso: Sɛ wobubu wo paanoo ma deɛ ɛkɔm de no di bi, na wode mmɔborɔfoɔ, adamfikyi, ba wo fie, sɛ wohunu dagyani a, wokata ne ho, na womfa wo ho nhunta wo honam mu nnipa? Ɛno na wo hann bɛpue sɛ adekyeeɛ, na w’akwahosan afefɛ ntɛm. Wo tenenee bɛdi w’anim, na Awurade animuonyam abɔ wo kyidɔm. Ɛno na wobɛfrɛ, na Awurade bɛbua, wobɛteam, na ɔbɛka sɛ: Menie. Sɛ woyi kɔnnua firi wo mu, nsateaa tene ne ahuhukasa, na wode deɛ wo kra pɛ ma deɛ ɛkɔm de no, na woma ɔkra a ɔyɛ mmɔborɔ no mee a, ɛno deɛ wo hann bɛpue sum mu, na wo kusuu bɛyɛ sɛ awia ketee.”
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 111(112):4-9 G/. 4
G: Onipa ba ne Hann a pue sum mu ma nnipa tenenee no.
- Hann pue sum mu ma nnipa tenenee,
ɔne ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔteneneeni.
Onipa a ɔyɛ adom na ɔde fɛm, ɛsi no yie,
ɔbɛwie ne nsɛm di, atemmuo mu. G/. - Na ɔrenhinhim da biara da,
ɔteneneeni bɛyɛ daa nkaeɛ.
Akwanmusɛmmɔne renyi no hu,
n’akoma si hɔ pintinn da Awurade so. G/. - N’akoma atim, ɔrensuro
kɔsi sɛ ɔbɛhunu deɛ ɔpɛ, n’ahohiahiafoɔ soɔ.
Ɔto pete, ɔyɛ ahiafoɔ yie;
ne tenenee wɔ hɔ daa,
wɔbɛma n’abɛn so, animuonyam mu. G/.
AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht Paulo nhoma a edikan a ɔkyerɛw kɔmma Korintofoɔ no mu 2:1-5
Na me nso, anuanom, mebaa mo nkyɛn no, mamfa asɛm anaa nyansa a ɛtra soɔ mammɛka Nyankopɔn adansesɛm no. Na mebɔɔ me tirim sɛ merenhwehwɛ biribiara wɔ mo hɔ, gye Yesu Kristo a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Na me deɛ, mmerɛyɛ ne ehu ne ahopopoɔ bebree mu na me ne mo tenaeɛ. Na me kasa ne m’asɛnka amfa nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛ kwan so, na mmom ɛnam honhom ne tumi yikyerɛ mu, na mo gyidie annyina nnipa nyansa so, na mmom agyina Nyankopɔn tumi so.
Nea Nyame se ni.
AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! Yohane 8:12
Mene wiase hann; deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu da, na ɔbɛnya nkwa hann.
Alleluia! Alleluia!
ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo kyerɛw mae 5:13-16
Yesu see n’asuafo no sɛ: “Mone asase so nkyene. Na sɛ nkyene dɛ yera a, ɛdeɛn na wɔde bɛhyɛ no nkyene? Ɛnyɛ mma hwee bio, gye sɛ wɔhwie gu, na nnipa tiatia so. Mone wiase hann. Kuro a ɛda bepɔ soɔ ntumi nhunta. Na wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ kodoɔ ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ɛdan no mu nyinaa. Ne saa nti, momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahunu mo nneyɛɛ pa, na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam.”
Nea Awurade se ni.
