MASS READINGS IN TWIKWASIDA A ƐTO SO ANAN WƆ AFE NO MU, AFE A(FOURTH SUNDAY IN ORDINARY TIME, YEAR A) by Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku

MASS READINGS IN TWIKWASIDA A ƐTO SO ANAN WƆ AFE NO MU, AFE A(FOURTH SUNDAY IN ORDINARY TIME, YEAR A) by Rev. Fr Stephen Kofi Sakpaku

AKENKEN A ƐDI KAN (FIRST READING)
Akenken a efiri Odiyifo Sefania nhoma no mu 2:3. 3: 12-13

Monhwehwɛ Awurade, asase sofoɔ a mobrɛ mo ho aseɛ nyinaa a moyɛ n’atemmudeɛ! Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ. Ebia wɔbɛkora mo,
Awurade abufuo da no.

Na mɛma amanehunufoɔ ne mmɔborɔfoɔ aka wo mu, na wɔde wɔn ho ato Awurade din no so. Israel nkaeɛ no renyɛ akontonkyideɛ, na wɔrenka atorosɛm, na wɔrenhunu nsisie tɛkyerɛma wɔn anomu, na wɔn deɛ, wɔbɛyɛne wɔn ho na wɔabutubutu hɔ, na obiara renyi wɔn hu.

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 146:7-10 G/. Mateo 5:3
G: Nhyira ne honhom mu ahiafoɔ, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.

  1. Awurade na ɔkora nokorɛ daa.
    Ɔbu atɛn ma wɔn a wɔdi wɔn amim,
    ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane.
    Awurade tu nneduafoɔ. G/.
  2. Awurade bue anifirafoɔ ani,
    Awurade ma wɔn a wɔakotoɔ so gyina,
    Awurade dɔ ateneneefoɔ,
    Awurade kora ahɔhoɔ. G/.
  3. Ɔgyina nwisiaa ne akunafoɔ akyi,
    na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɔdane ani.
    Awurade di hene daa,
    Sion, wo Nyankopɔn di hene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. G/.

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Ht Paulo nhoma a edikan a ɔkyerɛw kɔmma Korintofoɔ no mu 1:26-31

Anuanom, monhwɛ mo frɛ no, sɛ ɛnyɛ honam fam anyansafoɔ bebree, ɛnyɛ atumfoɔ bebree, ɛnyɛ adehyeɛ bebree na wɔafrɛ wɔn, na mmom wiase nkwaseadeɛ na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafoɔ aniwuo. Na wiase adeɛ a ɛyɛ mmerɛ na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ deɛ ɛyɛ den no aniwuo. Na wiase nnoɔma a ɛmfra ne deɛ wɔmmuo na Onyankopɔn ahwɛ mu ayie, ne deɛ ɛnni hɔ, sɛ ɔde bɛtu deɛ ɛwɔ hɔ, na honam biara anhoahoa ne ho n’anim. Na Onyankopɔn mu na ɛfire na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno a wabɛyɛ nyansa a ɛfiri Nyankopɔn hɔ, ne tenenee, ahoteɛ ne ɔgyeɛ ama yɛn. Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɔhoahoa ne ho no, ma no nhoahoa ne ho Awurade mu.

Nea Nyame se ni.

AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia! Mateo 11:25
Agya, ɔsoro ne asase wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa.
Alleluia! Alleluia!

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Mateo kyerɛw mae 5:1-12

Na Yesu hunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, ɔkɔɔ bepɔ no so; na ɔtenaa aseɛ no, n’asuafoɔ baa ne nkyɛn. Na ɔbuee n’ano kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ:
Nhyira ne honhom mu ahiafoɔ, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.
Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ, na wɔn na wɔbɛkyekyere wɔn werɛ.
Nhyira ne wɔn a wɔdwoɔ, na wɔn na wɔbɛnya asase no adi so.
Nhyira ne wɔn a tenenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔameeɛ.
Nhyira ne mmɔborɔhunufoɔ, na wɔn na wɔbɛhu wɔn mmɔbɔ.
Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ, na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn.
Nhyira ne apatafoɔ, na wɔn na wɔbɛfrɛ wɔn Nyankopɔn mma.
Nhyira ne wɔn a tenenee nti wɔtaa wɔn, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.
Nhyira ne mo sɛ wɔya mo, na wɔtaa mo, na me din nti wɔdi atorɔ ka asɛmmɔne nyinaa bi to mo soɔ.
Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛ mo, na mo akatua so wɔ soro; na saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii kan no.

Nea Awurade se ni.

Comments

No comments yet. Why don’t you start the discussion?

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *