DAILY MASS READINGS. “NAWOTWE A ƐTƆ SO ADUONU BAAKO WƆ NAHUNU MMERƐ AFE 1”. (TWENTY-FIRST WEEK IN ORDINARY TIME YEAR I)
By: Rev. Fr. Stephen Kofi Sakpaku
ƐDWOADA (MONDAY) FIRST READING
Akenkan a efiri Paulo Nhoma a ɛdi kan a ɔtwerɛ kɔmaa Tesalonikafoɔ no mu 1:1-5. 8-10
Twe a motwee mo ho fii ahoni ho na mode mo ho maa Onyankopɔn, na moatwɛn ne ba a onyanee no fi awufo mu
Saa nhoma yi fi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn. Wɔde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma no: Adom ne asomdwoe nka mo.
Daa yesi mo ananmu da Onyankopɔn ase ma mo na yɛkae mo wɔ yɛn mpaebɔ mu nso. Efisɛ, yɛkae mo gyidi a mode di dwuma, mo dɔ a ɛma mutumi de nsi yɛ adwuma ne mo anidaso dennen a mowɔ wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no wɔ yɛn Nyankopɔn ne Agya no anim. Anuanom, yenim sɛ Onyankopɔn dɔ mo nti na wayi mo sɛ ɔno ankasa ne de no. Sɛ yɛbɛkaa Asɛmpa no kyerɛ mo a, ɛnyɛ nsɛm bi kwa na mmom yegyina tumi ne Honhom Kronkron ne mu nokware mu gyidi so. Munim sɛnea bere a na yɛne mo wɔ ha no mo yiyedi mu nti na ɛmaa yɛne mo tenae.
Nsɛm a moka faa Awurade ho no ankɔ Makedonia ne Hela nko, na mmom, gyidi a mowɔ wɔ Onyankopɔn mu no ho asɛm adu baabiara. Asɛm biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yɛka bio. Saa nnipa no nyinaa ka gye a yɛbɛsraa mo no, mugyee yɛn ne twe a motwee mo ho fii ahoni ho na mode mo ho maa Onyankopɔn, som nokware ne ɔteasefo Nyankopɔn no na moatwɛn ne ba a ofi soro no; ne ba Yesu a onyanee no fi awufo mu a ogye yɛn fi Onyankopɔn abufuw a ɛreba no mu no.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 149:1-6. 9 .G/. 4
G: Awurade ani gye ne nkurɔfo ho.
1. To dwom foforo ma Awurade.
Kamfo no wɔ ne gyidifo bagua mu
Ma w’ani nnye, Israel, wo boafo nti.
Momma mo ani nnye, Sionfo, esiane mo hene nti! G/.
2. Momfa asaw nkamfo ne din.
Mommɔ nkyene ne nsanku nkamfo ne din.
Awurade ani gye ne nkurɔfo ho.
Ɔma ɔhobrɛaseni di nkonim de hyɛ no anuonyam. G/.
3. Momma Onyankopɔn ani nnye wɔ wɔn nkonimdi mu
wɔnteɛm dennen bere a wokita wɔn nkrante nnamnnam no a,
na wɔatwe aman aso sɛnea Onyankopɔn ahyɛ no.
Eyi ne Onyankopɔn nkurɔfo nkonimdi. G/
Gospel Acclamation Yohane 17:17
Alleluia, Alleluia!
Yɛ wɔn kronkron wɔ nokorɛ mu; w’asɛm yɛ nokorɛ.
Alleluia, alleluia!
ASEMPA (GOSPEL READING)
Asempa no senea Ht. Mateo kyerew mae 23:13-22
Munnue! Akwankyerɛfo anifuraefo.
Yesu ka sɛ: “Munnue! Mo Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo, efisɛ, musiw afoforo ɔsoro ahenni ho kwan. Mo a, monkɔ mu. Mo nso a, momma afoforo a wɔpɛ sɛ wɔkɔ mu no kwan.
“Munnue! Mo Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo Nyaatwomfo! Mobɔ mpae atenten wɔ mmɔnten so de kyerɛ sɛ, moyɛ atreneefo, wɔ bere a, mutu akunafo fi wɔn afi mu.
“Munnue! Mo Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Mokɔ wiase afanan nyinaa sɛ mubenya onipa baako abɛfra mo mu. Na sɛ munya obi saa a, mosɛe no ma ɔyɛ ɔbonsam ba sen sɛnea mote no.
“Munnue! Akwankyerɛfo anifuraefo a moka sɛ, sɛ obi de asɔredan ka ntam a, ɛno de, ɛnyɛ hwee. Na sɛ ɔde sikakɔkɔɔ a ɛwɔ asɔredan no mu ka ntam de a, ɛnne ntam no kyekyere onii no. Anifuraefo nkwaseafo! Asɔredan no ne emu sikakɔkɔɔ no mu nea ɛwɔ he na ɛsom bo, sikakɔkɔɔ no anaa asɔredan no a ɛtew sikakɔkɔɔ no ho no? Na moka sɛ, ‘Sɛ obi ka afɔremuka no ntam a, ɛnyɛ hwee. Na mmom, sɛ ɔka ayɛyɛde a egu afɔremuka no so ntam de a, ɛkyekyere onii!’ Anifuraefo! Afɔremuka a ɛtew ayɛyɛde a egu so no ho no, ne ayɛde a egu so no mu nea ɛwɔ he na ɛsom bo? Sɛ woka afɔremuka no ntam a, woka afɔremuka no ne ɛso ayɛyɛde nyinaa ntam, na sɛ woka asɔredan no ntam a, woka asɔredan no ne Onyankopɔn a ɔte mu no nyinaa ntam. Na sɛ woka ɔsoro ntam a, na woreka Onyankopɔn Ahengua ne Onyankopɔn no ankasa ntam.
Nea Awurade se ni.
ƐBENADA (TUESDAY)
FIRST READING
Akenkan a efiri Paulo Nhoma a ɛdi kan a ɔtwerɛ kɔmaa Tesalonikafoɔ no mu 2:1-8
Ɛnyɛ Asɛmpa no nko ara na na mowɔ mu kyɛfa na mmom yɛn ankasa yɛn abrabɔ nso ka ho bi
Anuanom, mo ankasa munim sɛ nsra a yɛbɛsraa mo no anyɛ ɔkwa. Munim ayaayaade a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyaw a wɔyaw yɛn wɔ Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn wɔ Tesalonika. Ɛwom sɛ na nnipa bi tia yɛn de, nanso yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn den ma yɛkaa Asɛmpa a efi ne mu no. Asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no mfi adwemmɔne anaa nnaadaa mu na mmom, nea yɛkae no yɛ nokware turodoo. Daa yɛka nokware sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ yɛn sɛ yɛnka no, efisɛ, ɔpene so na ɔde Asɛmpa no nso ama yɛn sɛ yɛnka. Yɛmpɛ sɛ yɛsɔ nnipa ani na mmom Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn adwene hwɛ no ani na yɛpɛ sɛ yɛsɔ. Munim pefee sɛ yɛamma ha sɛ yɛrebɛka nnaadaasɛm akyeerɛ mo anaasɛ yɛrebɛka nsɛm sikanibere so. Onyankopɔn ne yɛn adanse.
Sɛ moyɛ Kristo asomafo no nti, anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛpɛ anuonyam fi mo nkyɛn nanso yemmisaa anuonyam mfii mo anaasɛ onipa foforo bi nkyɛn. Na yɛwɔ mo nkyɛn no na yɛne mo te odwo so sɛnea ɔbeatan korɔkorɔ ne mma. Esiane sɛ na yɛdɔ mo no nti, na ɛnyɛ Asɛmpa no nko ara na na mowɔ mu kyɛfa na mmom yɛn ankasa yɛn abrabɔ nso ka ho bi. Na yɛdɔ mo pa ara.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 138(139):1-6. G/. 1
G/. Awurade, wohwehwɛ me mu, na wohu me
1. Awurade, wohwehwɛ me mu, na wohu me.
Won a wonim m’asetena ne me sɔreɛ;
wuhu me nsusuwii nyinaa fi akyirikyiri. G/.
2. Wohwehwɛ me nanteɛ ne me nna mu
Na wonim m’akwan nyinaa mu yie
Ansa na mebue m’ano akasa no,
na wunim asɛm a mɛka. G/.
3. Woatwa me ho ahyia.
Wonam wo tumi so bɔ me ho ban.
Me ho adwene a wowɔ no du akyiri.
Ɛboro m’adwene so. G/.
Gospel Acclamation Asomafo 16:14
Alleluia, Alleluia!
O Awurade buee yen adwene mu ma yen tiee wo ba asɛm no.
Alleluia, alleluia!
ASEMPA (GOSPEL READING)
Asempa no senea Ht. Mateo kyerew mae 23:23-26
Ɛwom sɛ, ɛsɛ sɛ muyiyi ntotoso du du no de, nanso ɛnsɛ sɛ mugyaw nneɛma a ɛsom bo no.
Yesu ka sɛ: “Munnue! Mo Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Muyi ntotoso du du wɔ afifide a ɛwɔ mo mfikyifuw mu no ho, nanso mugyaw nneɛma a ɛsom bo te sɛ atɛntrenee, ahummɔbɔ, ne nokwaredi. Ɛwom sɛ, ɛsɛ sɛ muyiyi ntotoso du du no de, nanso ɛnsɛ sɛ mugyaw nneɛma a ɛsom bo no. Anifuraefo akwankyerɛfo! Mosɔn nea morenom so yi mu nwansena, nanso momene nantwi!
“Munnue! Mo Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Mohohoro mo nkuruwa ne mo ayowa ho fɛfɛɛfɛ, nanso emu de, asisi ne pɛsɛmenkominya ahyɛ no ma tɔ. Farisifo anifuraefo! Mohohoro kuruwa no mu kan, na kuruwa no ho nyinaa bɛtew!
Nea Awurade se ni.
WUKUADA (WEDNESDAY)
FIRST READING
Akenkan a efiri Paulo Nhoma a ɛdi kan a ɔtwerɛ kɔmaa Tesalonikafoɔ no mu 2:9-13
Yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo sɛnea Onyankopɔn Asɛmpa no ka a yɛka kyerɛɛ mo no, yɛremfa ɔhaw bi mmɛto mo so
Anuanom, minim sɛ mokae adwuma a yɛyɛe ne brɛ a yɛbrɛe. Yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo sɛnea Onyankopɔn Asɛmpa no ka a yɛka kyerɛɛ mo no, yɛremfa ɔhaw bi mmɛto mo so. Mo ne Onyankopɔn yɛ yɛn adansefo. Yɛn suban a yɛdaa no adi kyerɛɛ mo a mugyee Asɛmpa no dii no yɛ kronn a eye na mfomso biara nni ho. Mo ara munim sɛ yɛne mo tenae sɛnea agya ne n’ankasa mma tena. Yɛhyɛɛ mo nkuran; yɛkyekyee mo werɛ na yɛkɔɔ so tuu mo fo sɛ montena ase wɔ ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn a ɔfrɛ mo wɔ n’ahenni ne n’anuonyam mu no so.
Daa yɛbɛda Onyankopɔn ase wɔ saa asɛm yi ho. Bere a yɛkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no, mutiei, gye dii sɛ ɛnyɛ asɛm a efi onipa nkyɛn na mmom, ampa ara sɛ, efi Onyankopɔn nkyɛn. Mo a moagye adi no, Onyankopɔn yɛ adwuma wɔ mo mu.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 138(139):7-12. G/. 1
G: Awurade, wohwehwɛ me mu, na wohu me.
1. Ɛhe na metumi aguan wo mafa?
Ɛhe na metumi aguan afi w’anim mafa?
Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ.
Na mekɔsɛw me kɛtɛ asaman a, wo ni! G/.
2. Sɛ mefa adekyee ntaban mitu
mekɔtena po akyi nohɔ a,
ɛhɔ nso na wo nsa bɛkɔ akogya me
na wo nifa beso me mu. G/.
3. Na sɛ mise, esum nko mmɛkata me so
na me ho hann nnan sum a,
esum nso nnuru sum mma wo,
na anadwo hran sɛ awia; esum ne hann yɛ wo pɛ. G/.
Gospel Acclamation 1 Yohane 2:5 Alleluia, Alleluia!
Na obiara a otie n’asɛm no yɛ obi a nokwarem, ne dɔ a ɔde dɔ Onyankopɔn no yɛ pɛ. Eyi na ɛma yɛte yɛn ho ase sɛ yɛte Onyankopɔn mu.
Alleluia, alleluia!
ASEMPA (GOSPEL READING)
Asempa no senea Ht. Mateo kyerew mae 23:27-32
Moyɛ atirimmɔdenfo mma
Yesu ka sɛ, “Munnue! Mo Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo! Mote sɛ da a wɔasra ho fɛfɛɛfɛ, nanso awufo nnompe ne nneɛma funu ahyɛ mu ma tɔ. Moyɛ mo anim sɛ atreneefo, nanso bɔne ahorow ahyɛ mo mu ma tɔ.
“Munnue! Mo Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Musisi ada akɛse ma adiyifo a mo ara mo agyanom kunkum wɔn, na mode nhwiren gugu atreneefo a wokunkum wɔn no da so, na mutwa mo ho ka se, ‘Sɛ na yɛte ase saa bere no a, anka yɛrenyɛ bɔne a yɛn agyanom yɛe no.’ “Sɛ moka saa a, mubu mo ho fɔ sɛ moyɛ atirimmɔdenfo mma. Na mudi wɔn anammɔn akyi yɛ saa bɔne koro no ara bi pɛpɛɛpɛ.
Nea Awurade se ni.
YAWOADA (THURSDAY)
FIRST READING
Akenkan a efiri Paulo Nhoma a ɛdi kan a ɔtwerɛ kɔmaa Tesalonikafoɔ no mu 3:7-13
Awurade mma mo dɔ mu nyɛ den mmoro so wɔ mo ho mo ho mu ne afoforo mu, sɛnea yɛn nso yɛdɔ mo no.
Anuanom, mo gyidie ama yɛn werɛ akyekye wɔ mo ho, yɛn amanehunu ne ahohia nyinaa mu, efisɛ, sɛ mugyina pintinn wɔ Awurade mu a, na ɛma yɛn nso yetumi gyina biribiara ano wɔ yɛn asetena mu.
Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Mo nti, yɛda Onyankopɔn ase sɛ moama yɛn ho asɛpɛww yɛn wɔ n’anim. Daa awia ne anadwo, yefi yɛn koma nyinaa mu srɛ no sɛ, ɔmma yɛne mo nhyia na yɛmma mo nea ehia mo wɔ mo gyidi mu.
Ɔno ara yɛn Nyankopɔn ne Agya no ankasa ne yɛn Awurade Yesu Kristo nsiesie kwan na yɛmmra mo nkyɛn. Awurade mma mo dɔ mu nyɛ den mmoro so wɔ mo ho mo ho mu ne afoforo mu, sɛnea yɛn nso yɛdɔ mo no. Ɔnhyɛ mo koma den a mo ho nni asɛm wɔ kronkronyɛ mu yɛn Nyankopɔn ne Agya no anim wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo ne n’ahotefo nyinaa ba mu.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 89(90): 3-4. 12-14. 17.G/. 14
G: Fa wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no hyɛ yɛn mu, na yɛadi ahurisie
1. Woma ɔdasani dane mfuturo
na wose: onipa mma, monsane mmra.
Mfe apem yɛ wo sɛ da koro.
Wofa no sɛ nnera a etwaam no;
anaa anadwo mu dɔnhwerew tiaa bi. G/.
2. Ma yenhu yɛn nna kan sɛnea ɛte,
na yɛanya nyansa koma.
W’abufuw bɛkyɛ akosi bere bɛn?
O Awurade, hu w’asomfo mmɔbɔ! G/.
3. Anɔpa biara, fa wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no hyɛ yɛn mu
na yɛadi ahurisie na yɛn ani agye wɔ yɛn nkwanna nyinaa mu.
Awurade yɛn Nyankopɔn, wo nhyira mmra yɛn so.
Nea yɛyɛ biara, ma ɛnyɛ ye. G/.
Gospel Acclamation Mateo 24:42. 44
Alleluia, Alleluia!
Monwɛn, efisɛ, ɛfiri sɛ dɔn a monnwene ho no mu na onipa ba no reba.
Alleluia, alleluia!
ASEMPA (GOSPEL READING)
Asempa no senea Ht. Mateo kyerew mae 24:42-51
Monwɛn
Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Monwɛn, efisɛ, munnim da ko a, mo wura bɛba. Na monhunu yei sɛ efiewura no nim ɔdasu ko a owifo bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma wɔammɛtu ne dan ase amma mu. Yei nti monsiesie mo ho nsie, ɛfisɛ dɔn a monnwene ho no mu na onipa ba no reba.
“Na hwan koraa ne akoa onyansafo nokwafoɔ a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduane ɛberɛ a ɛsɛ mu? Nhyira ne akoa a ne wura ba a, ɔbɛhu no sɛ ɔreyɛ saa. Nokorɛ mese mo sɛ, ɔbɛma no adi deɛ ɔwɔ nyinaa so. “Na sɛ akoa bɔne no ka no n’akomam sɛ, ‘Me wura rekyɛre ba, na ɔfiti ase boro nwirakwaa, na ɔne asabofoɔ didi nom a, akoa no wura no bɛba da a n’ani nna no kwan ne dɔn a ɔnnim mu, na wabetwa ne mu mmienu na wamma ɔne nyaatwomfoɔ anya kyɛfa korɔ. Ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.”
Nea Awurade se ni.
EFIADA (FRIDAY)
FIRST READING
Akenkan a efiri Paulo Nhoma a ɛdi kan a ɔtwerɛ kɔmaa Tesalonikafoɔ no mu 4:1-8
Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ kronkron
Anuanom, asɛm a etwa to ne sɛ, musuaa ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ mofa so tena ase a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani. Na saa pɛpɛɛpɛ na morebɔ mo bra. Enti yɛde yɛn Awurade Yesu din srɛ, hyɛ mo sɛ, monyɛ mma ɛmmoro nea moreyɛ mprempren no mu. Munim nkyerɛkyerɛ a ɛnam Awurade Yesu tumi nti, yetumi kyerɛkyerɛɛ mo.
Eyi yɛ Onyankopɔn pɛ a ɔwɔ ma mo. Ɔpɛ sɛ moyɛ kronkron na motwe mo ho fi aguamammɔ ho. Ɛsɛ sɛ musua sɛnea mohyɛ mo ho so na obiara atumi ne ne yere atena kronnyɛ ne anuonyam so. Monntena ase akɔnnɔ anibere so te sɛ wɔn a wonnim Onyankopɔn. Onyankopɔn akyide no bi nso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ mo mu biara sisi ne yɔnko gye ne yere, efisɛ, sɛ obi yɛ saa a, Onyankopɔn bɛtwe n’aso denneenen sɛnea yɛadi kan abɔ mo kɔkɔ no. Onyankopɔn amfrɛ yɛn sɛ yɛmmɛbɔ aguaman na mmom ɔfrɛɛ yɛn sɛ yɛntena ase ahotew mu. Ɛno nti, obiara a ɔbɛpo nkyerɛkyerɛ no ntia onipa na mmom, otia Onyankopɔn a ɔma mo Honhom Kronkron no.
Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 96(97):1-2. 5-6. 11-12. G/. 12
G: Atreneneefoɔ, mo ni nnye Awurade ho.
1. Awurade yɛ ɔhene! Asase, ma w’ani nnye!
nsupɔw a ɛwɔ po mu nyinaa, monsɛpɛw mo ho!
mununkum ne esum atwa ne ho ahyia;
odi hene atɛntrenee ne nokware mu. G/.
2. Mmepɔw nan te sɛ nku wɔ Awurade anim,
Awurade a asase nyinaa yɛ ne de anim.
Ɔsorofo da ne trenee adi,
na aman nyinaa hu n’anuonyam. G/.
3. Hann hyerɛn atreneefoɔ so,
na anigye ba wɔn a wɔyɛ papa so.
Mo atreneefo nyinaa mo ani nnye Awurade ho
na monyi ne din krokron ayɛ. G/.
Gospel Acclamation Nnwom 129(130):5
Alleluia, Alleluia!
Meretwɛn ahopere mu, apɛ Awurade mmoa, na mede me ho to n’asɛm so.
Alleluia, alleluia!
ASEMPA (GOSPEL READING)
Asempa no senea Ht. Mateo kyerew mae 25:1-13
Ayeforokunu no reba! Mumfi adi nkohyia no
Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Ɔsoro ahenni te sɛ mmabaa du bi a wɔfaa wɔn akanea sɛ wɔrekohyia ayeforokunu. Na mmabaa no mu baanum yɛ anyansafo ɛnna baanum nso yɛ nkwaseafo. Wɔn mu nkwaseafo no rekɔ no, wɔamfa krasin a sɛ nea ɛwɔ akanea no mu sa a, wɔde begu mu. Nanso, wɔn mu anyansafo no de, wɔrekɔ no, wɔfaa krasin kaa wɔn akanea ho de kɔe. “Ayeforokunu no amma ntɛm, enti wofitii ase totɔɔ nko, dedae. Ɔdasum na wɔtee nteɛteɛm sɛ, ‘Ayeforokunu no reba! Mumfi adi nkohyia no!’ “Mmabaa yi nyinaa sɔre buebuee wɔn akanea no. Nkwaseafo no srɛɛ anyansafo no sɛ, ‘Momma yɛn mo krasin no bi ngu yɛn akanea mu na ɛredum.’ “Anyansafo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘krasin a yɛwɔ no sua. Monkɔ kurom nkɔtɔ bi.’ “Wɔrekɔtɔ krasin no pɛ, na ayeforokunu no bae. Enti, wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne ayeforokunu no kɔɔ n’apontow no ase, na wɔtoo ɔpon no mu. “Akyiri yi a baanum no san bae no, wogyinaa ɔpon no akyi frɛe sɛ, ‘Owura, Owura, hiɛ yɛn!’ “Na ɔbuaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, Minnim mo!’ “Enti, monwɛn, na munnim da anaa dɔn ko no”
Nea Awurade se ni.
MEMENEDA (SATURDAY)
FIRST READING
Akenkan a efiri Paulo Nhoma a ɛdi kan a ɔtwerɛ kɔmaa Tesalonikafoɔ no mu 4:9-11
Onyankopɔn akyerɛ mo ankasa ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so dodɔ mo ho mo ho.
Ɛho nhia sɛ mɛkyerɛw mo ɛfa ɔdɔ a ɛsɛ sɛ modɔ mo nuanom asuafo no ho. Onyankopɔn akyerɛ mo ankasa ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so dodɔ mo ho mo ho. Na moada saa ɔdɔ no adi pɛpɛɛpɛ akyerɛ anuanom a wɔwɔ Makedonia no nyinaa. Nanso anuanom, yɛsrɛ mo sɛ monkɔ so nnodɔ mo ho mo ho mma ɛmmoro saa. Momma ɛnyɛ mo botae sɛ mobɛtena ase dinn na moahwɛ so adi mo dwuma de abɔ mo ho akɔhoma sɛnea yɛaka akyerɛ mo dedaw no. Nea Nyame se ni.
Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 97(98):1. 7-9 G/. 3
G: Awurade bɛbu ne aman wɔ atɛntenenee mu.
1. Monto dwom foforo mma Awurade.
wayɛ anwonwade bebree!
Ɔnam ne tumi ne
n’ahoɔden kronkron so adi nkonim. G/.
2. Ɛpo ne abɔde a ɛwɔ mu nyinaa monworo so;
asase ne biribiara a ɛwɔ so, monto nnwom.
nsu, mommɔ mo nsam; mmepɔw,
mommom nto dwom ahosɛpɛw so wɔ Awurade anim. G/.
3. Awurade anim
na, ɔreba abɛbu asase atɛn,
ɔbɛbu wiase atɛn tenenee mu,
ne aman wɔ atɛntenenee mu. G/
Gospel Acclamation Yohane 13:34
Alleluia, Alleluia!
Ahyɛde foforo na mede regyaw mo sɛ, ‘Monnodɔ mo ho sɛnea medɔ mo no.’
Alleluia, alleluia!
ASEMPA (GOSPEL READING)
Asempa no senea Ht. Mateo kyerew mae 25:14-30
Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, na me ne wo nni dɛ!
Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, “ɔsoro ahenni te sɛ ɔbarima bi a ɔretu kwan akɔ ɔman foforo bi so. Ɔrekɔ no, ɔfrɛɛ n’apaafo baasa maa wɔn mu biara sika a ɛfata sɛ wɔmfa nyɛ adwuma. “Ɔmaa ɔbaako talente anum. Ɔmaa deɛ odi hɔ no talente abien, ɛnna ɔmaa deɛ otwa to no talente baako, sɛdeɛ wɔn mu biara ahoɔden teɛ; na ɔtuu kwan. Na ntɛm ara deɛ ɔnyaa talente anum no kɔe, de kɔyɔɔ adwuma na ɔnyaa mfaso talente anum kaa ho. Deɛ ɔnyaa talente abien no nso, de talente no kɔyɛɛ adwuma, nyaa mfaso talente abien kaa ho. “Na deɛ ɔnyaa biako no deɛ, ɔkotuu fam de sika no siee hɔ.
“Mmere bi akyi, wɔn wura no fi akwantum bae. Ɔfrɛɛ apaafo baasa yi sɛ wommebu nkontaa nkyerɛ no. Deɛ ɔmaa no talente anum no bae, de talente anum kaa ho baa sɛ: Owura, talente anum na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ manya talente foforɔ anum maka ho. “Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, na me ne wo nni dɛ!’ “Na deɛ ɔnyaa talente mmienu no baa sɛ: “Owura talente mmienu na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforoɔ mmienu maka ho. “Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, na me ne wo nni dɛ!’ “Na deɛ onyaa talente baako no nso baa sɛ: ‘Owura, minim sɛ woyɛ onipa a woyɛ den. Wutumi twa wɔ deɛ wunnuae, ɛnna wutumi boaboa ano wɔ deɛ wompetee; enti misuroe na mede wo talente no kɔkyɛɛ fam, enti w’ade ni!’ “Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Akoa bɔne ne onihafo! Wunim sɛ mitumi twa wɔ nea minnuae, na mitumi boaboa ano wɔ deɛ mempetee a, anka ɛsɛ sɛ wode sika no kɔhyɛ sikasesafoɔ nsa, na meba a, mabɛgye m’adeɛ ne ɛho nsiho. Munnye ne nsam talente no, na momfa nkɔma deɛ onyaa talente du no. Na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no na wanya aboro so, na deɛ ɔnni bie no deɛ, deɛ ɔwɔ no mpo, wɔbegye afi ne nsam. Montow akoa a ne ho nni mfaso yi nkyene sum kabii mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.”
Nea Awurade se ni.