READINGS IN TWI. KWASIDA A ƐTO SO ADUONU-BAAKO AFE NO MU, AFE C(TWENTY-FIRST SUNDAY IN ORDINARY TIME YEAR C)

By: Rev Fr. Stephen Kofi Sakpaku

AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)
Akenkan a efiri Yesia Nhoma no mu 66:18-21

Awurade kaa se: “menim wɔn nneyɛɛ ne wɔn adwene, na ɛbɛba sɛ mɛboa amanaman ne kasa ahodoɔ nyinaa ano, na wɔaba abɛhunu m’animuonyam. Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔn mu, na masoma wɔn mu nnipa a wɔafiri mu afire no akɔ amanaman nkyɛn, Tarsis, Put ne Lud, taduakuntunfoɔ no, Tubal ne Yawan, nsuano aman a wɔwɔ akyirikyiri a wɔntee me nka, na wɔnhunuu m’animuonyam no, na wɔakɔka m’animuonyam amanaman no mu. Na wɔde mo nuanom nyinaa bɛfiri amanaman no nyinaa mu abɛyɛ ayɛyɛdeɛ ama Awurade, apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfunumupɔnkɔ ne yoma so, aba me bepɔ kronkron Yerusalem so, Awurade na ɔseɛ, sɛdeɛ Israel mma de aduane afɔdeɛ a ɛwɔ adeɛ a emu teɛ mu ba Awurade fie no. Na mɛyi wɔn mu binom nso ayɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ, Awurade na ɔseɛ.

Nea Nyame se ni.

Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 116(117):1,2

G/: Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no

  1. Amanaman nyinaa, monyi Awurade ayɛ,
    aman nyinaa, monkamfo no. G/.
  2. Na n’adɔeɛ so yɛn so,
    na Awurade nokorɛ wɔ hɔ daa.
    Monyi Awurade ayɛ. G/.

AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)
Akenkan a efiri Hebrifo nhoma no mu 12:5-7, 11-13

Anuanom, na mo werɛ afi afotuo a ɛkasa kyerɛ mo sɛ mma no, sɛ: “Me ba, mmu Awurade asotwe ade ketewa, nanso ɔyi wo atɛn a, mma w’aba mu mmu. Na deɛ Awurade dɔ no no na ɔtwe n’aso, na ɔhwe ɔba biara a ɔgye no. Sɛ mohunu asotwe mu amane tena mu a, Onyankopɔn yɛ mo sɛ mma. Na ɔba bɛn na ɔwɔ hɔ a n’agya ntwe n’aso?

Na asotwe biara, seesei deɛ, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyedeɛ, na mmom awerɛhodeɛ, nanso akyire yi no, ɛso asomdwoeɛ aba a ɛyɛ tenenee ma wɔn a wɔnam so asɔ wɔn ahwɛ no. Enti momma nsa a emu agoɔ ne nkotodwe a ahodwo no mu nyɛ den bio. Na monsiesie ɔkwan tenenee mma mo anan, na deɛ atɔ apakye no antere ho, na mmom wɔasa no yadeɛ.

Nea Nyame se ni.

AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)
Alleluia! Alleluia John 14:6
Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.
Alleluia! Alleluia

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Luka Kyerɛw mae 13:22-30

Yesu nenam nkuro mu ne nkuraa ase rekyerɛkyerɛ, na na ɔnam so rekɔ Yerusalem. Na obi bisaa no sɛ: “Awurade, wɔn a wɔbɛgye wɔn yɛ kakraa bi anaa?” Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mompere nhyɛne ɛpono teateaa no mu! Na mese mo sɛ: Nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛne, na wɔrentumi. Ɛfiri berɛ a efiewura no bɛsɔre ato pono mu no ara na mobɛfiri aseɛ agyina akyire, na moabɔ ɛpono no mu sɛ: Owura, hini yɛn! Na ɔbɛbua mo sɛ: Mo deɛ, mennim deɛ mofire. Ɛnna mobɛfiri aseɛ aka sɛ: Yɛadidi na yɛanom w’anim, na woakyerɛkyerɛ wɔ yɛn mmɔntene so pɛn. Na ɔbɛka sɛ: Mo deɛ, mennim deɛ mofire. Momfiri me so, mo a moyɛ deɛ ɛntene nyinaa! Ɛhɔ na mobɛsu atwɛre mo se sɛ mohunu Abraham, Isak ne Yakob ne adiyifoɔ no nyinaa Nyankopɔn ahennie mu, na mo deɛ, wɔapam mo afiri mu. Na wɔbɛfiri apueeɛ, atɔeɛ, atifi ne anafoɔ aba abɛtena adidiiɛ Nyankopɔn ahennie mu. Na hwɛ, akyikafoɔ bi wɔ hɔ a wɔbɛdi kan, na adikanfoɔ bi wɔ hɔ a wɔbɛka akyire.

Nea Awurade se ni.

Similar Posts

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *